< Corinthios Ii 11 >

1 Utinam sustineretis modicum quid insipientiae meae, sed et supportare me:
Mewɔ anidaso sɛ, sɛ meyɛ nkwaseade koraa a mubegye me. Mepa mo kyɛw, monyɛ saa.
2 Aemulor enim vos Dei aemulatione. Despondi enim vos uni viro virginem castam exhibere Christo.
Metwe mo ho ninkunu sɛnea Onyankopɔn twe mo ho ninkunu no. Mote sɛ ɔbabun a mahyɛ ɔbarima baako pɛ bi a ɔno ne Kristo no bɔ sɛ mede mo bɛma no aware.
3 Timeo autem ne sicut serpens Hevam seduxit astutia sua, ita corrumpantur sensus vestri, et excidant a simplicitate, quae est in Christo.
Misuro sɛ wɔbɛsɛe mo adwene na mo a mode mo ho nyinaa ama Kristo no, mubegyae sɛnea ɔwɔ no nam anifere so daadaa Hawa no.
4 Nam si is, qui venit, alium Christum praedicat, quem non praedicavimus, aut alium spiritum accipitis, quem non accepistis: aut aliud Evangelium, quod non recepistis: recte pateremini.
Mode anigye gye obiara a ɔba mo nkyɛn bɛka Yesu foforo a ɔnyɛ nea yɛka ne ho asɛm kyerɛ mo no di; mugye honhom bi ne asɛmpa bi a nsonoe da ɛno ne Honhom ne Asɛmpa a yɛka kyerɛ mo no ntam no di.
5 Existimo enim nihil me minus fecisse a magnis Apostolis.
Minnye nni sɛ meyɛ “Asomafo” no mu abomfiaa.
6 Nam etsi imperitus sermone, sed non scientia, in omnibus autem manifestus sum vobis.
Ebia mʼano ntew de, nanso mʼadwene mu abue. Yɛnam akwannuasa so akyerɛ mo eyi ase fann.
7 Aut numquid peccatum feci, me ipsum humilians, ut vos exaltemini? quoniam gratis Evangelium Dei evangelizavi vobis?
Mebɛkaa Onyankopɔn Asɛmpa no kyerɛɛ mo no, mannye mo hwee. Mebrɛɛ me ho ase sɛnea ɛbɛma mo akrɔn. So bɔne a meyɛɛ ne sɛ meyɛɛ saa ana?
8 Alias Ecclesias expoliavi, accipiens stipendium ad ministerium vestrum.
Bere a na mereyɛ mo mu adwuma no, asafo afoforo bi na na wotua me ka.
9 Et cum essem apud vos, et egerem; nulli onerosus fui: nam quod mihi deerat, suppleverunt fratres, qui venerunt a Macedonia: et in omnibus sine onere me vobis servavi, et servabo.
Bere a na mewɔ mo nkyɛn no, sɛ sika ho hia me a, na menhaw mo. Na anuanom a wɔte Makedonia no de biribiara a ɛho hia me brɛ me. Sɛnea na ɛte mmere a atwa mu no, saa ara nso na daakye ɛbɛyɛ. Merenyɛ adesoa mma mo da.
10 Est veritas Christi in me, quoniam haec gloriatio non infringetur in me in regionibus Achaiae.
Kristo nokwaredi a ahyɛ me ma nti, mehyɛ mo bɔ sɛ obiara rentumi nka mʼahohoahoa yi nhyɛ wɔ Helaman mu da.
11 Quare? quia non diligo vos? Deus scit.
Adɛn nti na meka saa? Efisɛ mennɔ mo ana? Onyankopɔn nim sɛ medɔ mo.
12 Quod autem facio, et faciam: ut amputem occasionem eorum, qui volunt occasionem, ut in quo gloriantur, inveniantur sicut et nos.
Mɛkɔ so adi dwuma a meredi no mprempren yi sɛnea ɛbɛyɛ a saa “asomafo” no rennya kwan nhoahoa wɔn ho sɛ dwuma a wodi no te sɛ yɛn dwuma a yedi no ara pɛ.
13 Nam eiusmodi pseudoapostoli, sunt operarii subdoli, transfigurantes se in apostolos Christi.
Saa nnipa no nyɛ nokware asomafo. Wɔyɛ atoro asomafo a wɔnam twa atoro wɔ wɔn adwuma ho ma nnipa hu wɔn sɛ wɔyɛ Kristo asomafo.
14 Et non mirum: ipse enim satanas transfigurat se in angelum lucis.
Ɛnyɛ me nwonwa, efisɛ ɔbonsam koraa tumi sesa ne ho ma ɔdan yɛ sɛ hann.
15 non est ergo magnum, si ministri eius transfigurentur velut ministri iustitiae: quorum finis erit secundum opera ipsorum.
Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ nʼasomfo tumi sesa wɔn ho de daadaa nnipa sɛ wɔyɛ papa. Awiei no, wobenya wɔn nneyɛe so akatua pɛpɛɛpɛ.
16 Iterum dico, (ne quis me putet insipientem esse, alioquin velut insipientem accipite me, ut et ego modicum quid glorier)
Miti mu ka bio se: Ɛnsɛ sɛ obiara susuw sɛ meyɛ ɔkwasea. Sɛ mususuw saa a, ɛno de munnye me sɛnea mubegye ɔkwasea na menam so atumi ahoahoa me ho.
17 quod loquor, non loquor secundum Deum, sed quasi in insipientia, in hac substantia gloriae.
Asɛm a mereka yi nyɛ nea Awurade pɛ sɛ meka. Meka ahohoahoa ho asɛm a, na mekasa sɛ ɔkwasea.
18 Quoniam multi gloriantur secundum carnem: et ego gloriabor.
Nanso esiane sɛ nnipa bebree hoahoa wɔn ho wɔ nipasu mu nti, me nso mɛyɛ saa.
19 Libenter enim suffertis insipientes: cum sitis ipsi sapientes.
Mo ankasa mo ani atew nti mode anigye gye nkwaseafo.
20 Sustinetis enim si quis vos in servitutem redigit, si quis devorat, si quis accipit, si quis extollitur, si quis in faciem vos caedit.
Mugye obi a ɔhyɛ mo so anaa nea onya mo ho biribi anaa nea osum mo afiri anaa nea ommu mo anaa nea ɔbɔ mo ani so.
21 Secundum ignobilitatem dico, quasi nos infirmi fuerimus in hac parte. In quo quis audet (in insipientia dico) audeo et ego:
Mede fɛre gye eyi to mu sɛ yɛyɛ mmerɛw dodo wɔ eyi mu. Sɛ obi gye kyim de biribi hoahoa ne ho a, merekasa sɛ ɔkwasea, me nso megye kyim ahoahoa me ho wɔ dekode no ho bi.
22 Hebraei sunt, et ego: Israelitae sunt, et ego: Semen Abrahae sunt, et ego:
Wɔyɛ Hebrifo ana? Me nso meyɛ bi. Wɔyɛ Israelfo ana? Me nso meyɛ bi. Wɔyɛ Abraham asefo ana? Me nso meyɛ bi.
23 Ministri Christi sunt, et ego (ut minus sapiens dico) plus ego: in laboribus plurimis, in carceribus abundantius, in plagis supra modum, in mortibus frequenter.
Wɔyɛ Kristo asomfo ana? Merekasa sɛ ɔbɔdamfo. Nanso meyɛ ɔsomfo pa sen wɔn. Mayɛ adwuma a ɛyɛ den sen wɔn; mada afiase mpɛn bebree; wɔabɔ me mmaa bebree na metaa mebɛn owu nso.
24 A Iudaeis quinquies, quadragenas, una minus, accepi.
Yudafo bɔɔ me mmaa aduasa akron ahorow anum.
25 Ter virgis caesus sum, semel lapidatus sum, ter naufragium feci, nocte et die in profundo maris fui,
Romafo bɔɔ me mmaa mprɛnsa na wosiw me abo pɛnkoro. Metenaa ahyɛn mu ma ɛbɔɔ mprɛnsa. Madi asu ase nnɔnhwerew aduonu anan pɛn.
26 in itineribus saepe, periculis fluminum, periculis latronum, periculis ex genere, periculis ex Gentibus, periculis in civitate, periculis in solitudine, periculis in mari, periculis in falsis fratribus:
Mʼakwantu ahorow mu no, mihyiaa nsuyiri ne akwamukafo. Mihuu amane wɔ Yudafo ne amanamanmufo nsam. Mihuu nkurow so amane. Mihuu wuram amane. Mihuu po so amane ne nnamfo a wɔnka nokware nsam amane.
27 in labore et aerumna, in vigiliis multis, in fame, et siti, in ieiuniis multis, in frigore, et nuditate,
Mayɛ adwuma a ɛyɛ den na ɔbrɛ wɔ mu. Mpɛn pii menna. Ɔkɔm ne osukɔm dee me. Mpɛn pii minnya aduan a ɛbɛso me nni. Minnya baabi nna anaa atade nhyɛ.
28 praeter illa, quae extrinsecus sunt, instantia mea quotidiana, solicitudo omnium Ecclesiarum.
Bere biara na mema asafo ahorow no ho nsɛm yɛ me nsɛnhia.
29 Quis infirmatur, et ego non infirmor? quis scandalizatur, et ego non uror?
Sɛ obi yɛ mmerɛw a ɛma me nso meyɛ mmerɛw. Sɛ obi ka ɔfoforo kɔ bɔne mu a ɛma me werɛ how.
30 Si gloriari oportet: quae infirmitatis meae sunt, gloriabor.
Sɛ mehoahoa me ho a, na ɛsɛ sɛ mehoahoa me ho wɔ nneɛma a ɛkyerɛ me mmerɛwyɛ no mu.
31 Deus et Pater Domini nostri Iesu Christi, qui est benedictus in saecula, scit quod non mentior. (aiōn g165)
Awurade Yesu no, Onyankopɔn ne Agya no a ɛsɛ sɛ yɛkamfo no no nim sɛ merentwa nkontompo. (aiōn g165)
32 Damasci praepositus Gentis Aretae regis, custodiebat civitatem Damascenorum ut me comprehenderet:
Bere a mewɔ Damasko no, Amrado a na ɔhyɛ Ɔhene Areta ase no maa awɛmfo wɛn kurow no pon pɛɛ sɛ wɔkyere me.
33 et per fenestram in sporta dimissus sum per murum, et sic effugi manus eius.
Nanso wɔde me sii kɛntɛn mu twetwee me faa ɔfasu bi a apae tokuru mu de me sii fam ma miguan fii ne nsam.

< Corinthios Ii 11 >