< Colossenes 3 >

1 Igitur, si consurrexistis cum Christo: quæ sursum sunt quærite, ubi Christus est in dextera Dei sedens:
Wɔanyane mo ne Kristo aba nkwa mu. Afei monnwene ɔsoro nneɛma ho, baabi a Kristo te Onyankopɔn nifa so di ɔhene no.
2 quæ sursum sunt sapite, non quæ super terram.
Saa nneɛma no na momma mo adwene nkɔ so, na ɛnnyɛ asase yi so nneɛma.
3 Mortui enim estis, et vita vestra est abscondita cum Christo in Deo.
Ɛfiri sɛ, moawu na wɔde mo nkwa ne Kristo ahinta wɔ Onyankopɔn mu.
4 Cum Christus apparuerit, vita vestra: tunc et vos apparebitis cum ipso in gloria.
Na sɛ Kristo a ɔyɛ mo nkwa no ba a, mo ne no bɛba wɔ nʼanimuonyam mu.
5 Mortificate ergo membra vestra, quæ sunt super terram: fornicationem, immunditiam, libidinem, concupiscentiam malam, et avaritiam, quæ est simulacrorum servitus:
Ewiase akɔnnɔdeɛ te sɛ adwamammɔ, afideyɛ, bɔne, ne anibereɛ a ɛyɛ abosonsom no, monyi mfiri mo abrabɔ mu.
6 propter quæ venit ira Dei super filios incredulitatis:
Wɔn a wɔbɛyɛ asoɔden wɔ saa nneɛma no ho no, Onyankopɔn abufuo bɛba wɔn so.
7 in quibus et vos ambulastis aliquando, cum viveretis in illis.
Ɛberɛ bi a atwam no, ɛsiane sɛ na akɔnnɔsɛm di mo abrabɔ so enti, na mo ankasa modi mo akɔnnɔ akyi.
8 Nunc autem deponite et vos omnia: iram, indignationem, malitiam, blasphemiam, turpem sermonem de ore vestro.
Afei, monnyae saa nneɛma yi nyinaa: abufuo, bɔnepɛ, ne ɔtan. Monnyeya obi anaa mommma kasa a ɛho nte mfiri mo anom.
9 Nolite mentiri invicem, expoliantes vos veterem hominem cum actibus suis,
Monnnidi atorɔ nkyerɛ mo ho, ɛfiri sɛ, moato onipadua dada ne ne su no atwene
10 et induentes novum eum, qui renovatur in agnitionem secundum imaginem ejus qui creavit illum:
de onipadua foforɔ asi ananmu. Moayɛ nnipa foforɔ a daa Onyankopɔn a ɔbɔɔ mo no resesa mo wɔ ne suban so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn ho nimdeɛ bɛhyɛ mo ma.
11 ubi non est gentilis et Judæus, circumcisio et præputium, Barbarus et Scytha, servus et liber: sed omnia, et in omnibus Christus.
Esiane saa enti, amanamanmufoɔ ne Yudafoɔ, twetiatwafoɔ ne momonotoyɛ, awudifoɔ, nkoa ne wɔn a wɔde wɔn ho no nni hɔ bio. Kristo wɔ biribiara mu. Kristo te yɛn nyinaa mu.
12 Induite vos ergo, sicut electi Dei, sancti, et dilecti, viscera misericordiæ, benignitatem, humilitatem, modestiam, patientiam:
Moyɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ. Ɔpɛ mo asɛm enti na ɔyii mo sɛ ne deɛ, enti monyɛ timmɔborɔ, ayamyɛ, mommrɛ mo ho ase, monnwo na monyɛ abodwokyerɛ.
13 supportantes invicem, et donantes vobismetipsis si quis adversus aliquem habet querelam: sicut et Dominus donavit vobis, ita et vos.
Mommoaboa mo ho mo ho, na obi fom ne yɔnko a, momfa nkyekyɛ mo ho. Sɛdeɛ Awurade de akyɛ mo no, saa ara na mo nso momfa nkyekyɛ mo ho mo ho.
14 Super omnia autem hæc, caritatem habete, quod est vinculum perfectionis:
Yei nyinaa akyi no, momfa ɔdɔ a ɛde baakoyɛ ba no nka mo abrabɔ ho.
15 et pax Christi exsultet in cordibus vestris, in qua et vocati estis in uno corpore: et grati estote.
Momma Kristo asomdwoeɛ no ntena mo akoma mu. Saa asomdwoeɛ yi ho na wɔafrɛ mo nyinaa aba Kristo onipadua baako mu. Monyɛ nnipa a wɔwɔ ayɛyie.
16 Verbum Christi habitet in vobis abundanter, in omni sapientia, docentes, et commonentes vosmetipsos, psalmis, hymnis, et canticis spiritualibus, in gratia cantantes in cordibus vestris Deo.
Kristo asɛm no ne mu nnepa nyinaa ntena mo akoma mu. Momfa nyansa nkyerɛkyerɛ. Monto asankuo so nnwom ne ayɛyie nnwom ne honhom mu nnwom. Momfiri mo akoma mu nto aseda nnwom mma Onyankopɔn.
17 Omne, quodcumque facitis in verbo aut in opere, omnia in nomine Domini Jesu Christi, gratias agentes Deo et Patri per ipsum.
Biribiara a moyɛ anaa moka no, monyɛ wɔ Awurade Yesu din mu na momfa ne so nna Agya Onyankopɔn ase.
18 Mulieres, subditæ estote viris, sicut oportet, in Domino.
Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom sɛdeɛ ɛsɛ Awurade mu.
19 Viri, diligite uxores vestras, et nolite amari esse ad illas.
Okununom, monnɔ mo yerenom na monnhyɛ wɔn ahometeɛ.
20 Filii, obedite parentibus per omnia: hoc enim placitum est in Domino.
Mma, adeɛ nyinaa mu, montie mo awofoɔ asɛm na yei na ɛsɔ Onyankopɔn ani.
21 Patres, nolite ad indignationem provocare filios vestros, ut non pusillo animo fiant.
Agyanom, monnyi mo mma abufuo na ammu wɔn aba mu.
22 Servi, obedite per omnia dominis carnalibus, non ad oculum servientes, quasi hominibus placentes, sed in simplicitate cordis, timentes Deum.
Asomfoɔ, adeɛ nyinaa mu, montie mo wuranom asɛm. Ɛnyɛ sɛ wɔn ani tua mo enti na ɛsɛ sɛ moyɛ na wɔpene mo, na mmom, ɛsiane sɛ modi Awurade ni no enti, momfa akoma pa nyɛ.
23 Quodcumque facitis, ex animo operamini sicut Domino, et non hominibus:
Biribiara a moyɛ no, momfa mo akoma nyinaa nyɛ na momfa no sɛ moreyɛ ama Awurade na monnyɛ mma nnipa.
24 scientes quod a Domino accipietis retributionem hæreditatis. Domino Christo servite.
Monkae sɛ Awurade bɛkyɛ mo so adeɛ. Mo nsa bɛka adeɛ a ɔde asie ama ne nkurɔfoɔ no bi. Kristo ne owura a mosom no.
25 Qui enim injuriam facit, recipiet id quod inique gessit: et non est personarum acceptio apud Deum.
Na obiara a ɔyɛ deɛ ɛntene no, bɔne a ɔyɛ no so akatua na ɔbɛnya a animhwɛ biara nni mu.

< Colossenes 3 >