< Titum 3 >

1 Admone illos principibus, et potestatibus subditos esse, dicto obedire, ad omne opus bonum paratos esse:
Kae wo nkurɔfo na wɔmmrɛ wɔn ho ase nhyɛ ahemfo ne wɔn a tumi hyɛ wɔn nsa no ase, wɔnyɛ osetie, wonsiesie wɔn ho mma adwuma pa biara,
2 neminem blasphemare, non litigiosos esse, sed modestos, omnem ostendentes mansuetudinem ad omnes homines.
na wɔnnka asɛmmɔne mmfa obi ho na mmom, wonnwo brɛoo, na daa wonni obiara ni.
3 Eramus enim aliquando et nos insipientes, increduli, errantes, servientes desideriis, et voluptatibus variis, in malitia et invidia agentes, odibiles, odientes invicem.
Kan no, na yɛn ankasa yɛyɛ nkwaseafo, asoɔdenfo, ne abɔnefo. Na yɛyɛ akɔnnɔ ne anigye ahorow nkoa. Yɛsɛee yɛn abrabɔ wɔ bɔne ne anibere ho. Afoforo tan yɛn maa yɛn nso yɛtan wɔn.
4 Cum autem benignitas, et humanitas apparuit Salvatoris nostri Dei:
Nanso bere a yɛn Agyenkwa Onyankopɔn ayamye ne ne dɔ daa adi no,
5 non ex operibus iustitiæ, quæ fecimus nos, sed secundum suam misericordiam salvos nos fecit per lavacrum regenerationis, et renovationis Spiritus Sancti,
ogyee yɛn nkwa. Ɛnyɛ nnwuma pa bi a yɛayɛ nti, na mmom ɔnam nʼahummɔbɔ so ahohoro yɛn ho, agye yɛn nkwa ama Honhom Kronkron no awo yɛn foforo ama yɛn nkwa foforo.
6 quem effudit in nos abunde per Iesum Christum Salvatorem nostrum:
Onyankopɔn nam Yesu Kristo a ɔyɛ yɛn Agyenkwa no so ahwie Honhom Kronkron no agu yɛn so,
7 ut iustificati gratia ipsius, heredes simus secundum spem vitæ æternæ. (aiōnios g166)
sɛnea ɛbɛyɛ a nʼadom nti, yɛbɛyɛ daa nkwa no anidaso ho adedifo. (aiōnios g166)
8 Fidelis sermo est: et de his volo te confirmare: ut curent bonis operibus præesse qui credunt Deo. Hæc sunt bona, et utilia hominibus.
Eyi yɛ nokwasɛm. Mepɛ sɛ wuti saa asɛm yi mu yiye na ama wɔn a wogye Onyankopɔn di no ahu sɛ, ɛsɛ sɛ wɔde wɔn bere di dwuma pa. Eyinom nyinaa ye na so wɔ mfaso ma nnipa.
9 Stultas autem quæstiones, et genealogias, et contentiones, et pugnas legis devita. Sunt enim inutiles, et vanæ.
Nanso munnnye nkwasea akyinnye. Saa ara nso na monnto ana, nkasakasa, nham wɔ mmara ho; so nni mfaso biara.
10 Hæreticum hominem post unam, et secundam correptionem devita:
Bɔ obi a ɔde mpaapaemu ba no kɔkɔ nea edi kan ne ne nea ɛto so abien, na ɛno akyi no twe wo ho fi ne ho.
11 sciens quia subversus est, qui eiusmodi est, et delinquit, cum sit proprio iudicio condemnatus.
Ɛsɛ sɛ wuhu sɛ obi a ɔte saa no asɛe, na bɔne a ɔyɛ no da adi wɔ ne ho.
12 Cum misero ad te Artemam, aut Tychicum, festina ad me venire Nicopolim: ibi enim statui hiemare.
Sɛ mesoma Artema anaa Tihiko wo nkyɛn a, bɔ mmɔden bra me nkyɛn wɔ Nikopoli, na hɔ na mabɔ me tirim sɛ mɛtena awɔwbere no.
13 Zenam legisperitum, et Apollo solicite præmitte, ut nihil illis desit.
Bɔ mmɔden gya mmaranimfo Sena ne Apolo kwan yiye na anhia wɔn hwee.
14 Discant autem et nostri bonis operibus præesse ad usus necessarios: ut non sint infructuosi.
Ma yɛn nkurɔfo no nsua sɛnea wɔde wɔn adagyew yɛ nnwuma pa de boa. Ɛnsɛ sɛ wɔtena ase kwa.
15 Salutant te qui mecum sunt omnes: saluta eos, qui nos amant in fide. Gratia Dei cum omnibus vobis. Amen.
Wɔn a wɔne me wɔ ha nyinaa kyiakyia wo. Kyia wɔn a wɔdɔ yɛn wɔ gyidi mu ma yɛn. Adom nka mo nyinaa.

< Titum 3 >