< Psalmorum 4 >

1 In finem in carminibus, Psalmus David. Cum invocarem exaudivit me Deus iustitiæ meæ: in tribulatione dilatasti mihi. Miserere mei, et exaudi orationem meam. Filii hominum usquequo gravi corde? ut quid diligitis vanitatem, et quæritis mendacium?
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto wɔ sankuhama so. Dawid dwom. Sɛ misu frɛ wo a, gye me so, me trenee Nyankopɔn. Ma me ɔhome wɔ mʼahohia mu; hu me mmɔbɔ na tie me mpaebɔ.
2 Et scitote quoniam mirificavit Dominus sanctum suum: Dominus exaudiet me cum clamavero ad eum.
Enkosi da bɛn na mobɛdan mʼanuonyam ahohora? Enkosi da bɛn na mobɛdɔ nneɛma hunu na moadi ahoni ahuhuw akyi?
3 Irascimini, et nolite peccare: quæ dicitis in cordibus vestris, in cubilibus vestris compungimini.
Hu sɛ Awurade ayi nea ɔwɔ nyamesu ama ne ho; Awurade betie, sɛ misu mefrɛ no a.
4 Sacrificate sacrificium iustitiæ, et sperate in Domino. Multi dicunt: Quis ostendit nobis bona?
Sɛ mo bo fuw a, monnyɛ bɔne; sɛ modeda mo mpa so a, monyɛ komm na monhwehwɛ mo koma mu.
5 Signatum est super nos lumen vultus tui Domine: dedisti lætitiam in corde meo.
Mommɔ afɔre a ɛfata na momfa mo werɛ nhyɛ Awurade mu.
6 A fructu frumenti, vini, et olei sui multiplicati sunt.
Nnipa bebree bisa se: “Hena na ɔde yiyeyɛ bɛbrɛ yɛn?” Awurade, ma wʼanim hann no nhyerɛn yɛn so.
7 In pace in idipsum dormiam, et requiescam;
Fa anigye mmoroso hyɛ me koma ma bere a wɔn aburow ne nsa foforo abu so no.
8 Quoniam tu Domine singulariter in spe constituisti me.
Mɛtɔ hɔ, na mada asomdwoe mu, efisɛ wo nko ara, Awurade, na woma metena dwoodwoo.

< Psalmorum 4 >