< Psalmorum 113 >

1 Alleluia. Laudate pueri Dominum: laudate nomen Domini.
Monkamfo Awurade. Monkamfo Awurade, mo a moyɛ nʼasomfo no, monkamfo Awurade din.
2 Sit nomen Domini benedictum, ex hoc nunc, et usque in sæculum.
Momma wɔnkamfo Awurade din, mprempren ne daa nyinaa.
3 A solis ortu usque ad occasum, laudabile nomen Domini.
Efi faako a owia pue kosi faako a ɛkɔtɔ, ma wɔnkamfo Awurade din.
4 Excelsus super omnes gentes Dominus, et super cælos gloria eius.
Wɔama Awurade so aman nyinaa so, nʼanuonyam tra ɔsorosoro.
5 Quis sicut Dominus Deus noster, qui in altis habitat,
Hena na ɔte sɛ Awurade yɛn Nyankopɔn, Ɔbaako no a odi hene wɔ ɔsorosoro,
6 et humilia respicit in cælo et in terra?
ɔno na ɔbɔ ne mu ase hwɛ ɔsorosoro ne asase?
7 Suscitans a terra inopem, et de stercore erigens pauperem:
Ɔma ahiafo so fi mfutuma mu na ɔma onnibi so fi nso siw so;
8 Ut collocet eum cum principibus, cum principibus populi sui.
ɔde wɔn tena mmapɔmma mu, wɔn nkurɔfo mmapɔmma mu.
9 Qui habitare facit sterilem in domo, matrem filiorum lætantem.
Ɔbɔ obonin atenase wɔ ne fi sɛ ɔbeatan a nʼani gye. Monkamfo Awurade.

< Psalmorum 113 >