< Petri Ii 2 >

1 Fuerunt vero et pseudoprophetæ in populo, sicut et in vobis erunt magistri mendaces, qui introducent sectas perditionis: et eum qui emit eos, Dominum negant, superducentes sibi celerem perditionem.
Atorɔ adiyifoɔ kɔɔ tetefoɔ no mu, na saa ara nso na atorɔ adiyifoɔ bɛba mo mu ara ne no. Wɔbɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ bɔne a nokorɛ nni mu na wɔapa Owura a ɔgyee wɔn no, na ɛnam so ama ɔsɛeɛ aba wɔn so prɛko pɛ.
2 Et multi sequentur eorum luxurias, per quos via veritatis blasphemabitur:
Nnipa bebree bɛfa akwammɔne so na ɛsiane deɛ wɔyɛ no enti, nnipa bɛkasa atia nokorɛ ɛkwan no.
3 et in avaritia fictis verbis de vobis negotiabuntur: quibus judicium jam olim non cessat: et perditio eorum non dormitat.
Saa atorɔ adiyifoɔ yi nam wɔn sikanibereɛ so bɛto anansesɛm akyerɛ mo de apɛ mo ho mfasoɔ. Wɔn ɔtemmufoɔ siesiee ne ho akyɛre, na saa ara nso na wɔn ɔsɛefoɔ no nso asɔre agyina.
4 Si enim Deus angelis peccantibus non pepercit, sed rudentibus inferni detractos in tartarum tradidit cruciandos, in judicium reservari. (Tartaroō g5020)
Onyankopɔn amfa abɔfoɔ a wɔyɛɛ bɔne no ho ankyɛre wɔn. Ɔtoo wɔn guu asaman sum mu baabi guu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn, na ɛhɔ na wɔretwɛn Atemmuo da no. (Tartaroō g5020)
5 Et originali mundo non pepercit, sed octavum Noë justitiæ præconem custodivit, diluvium mundo impiorum inducens.
Onyankopɔn amma tete ewiase no amfa ne ho anni. Ɔmaa nsuyire baa wɔn a wɔannye asɛm no anni no so. Wɔn a ɔgyee wɔn nkwa no ne Noa a ɔkaa tenenee ho asɛm no ne nnipa baason bi.
6 Et civitates Sodomorum et Gomorrhæorum in cinerem redigens, eversione damnavit: exemplum eorum, qui impie acturi sunt, ponens:
Onyankopɔn buu Sodom ne Gomora fɔ de ogya sɛee wɔn, de bɔɔ wɔn a wɔnnye Onyankopɔn nni no kɔkɔ.
7 et justum Lot oppressum a nefandorum injuria, ac luxuriosa conversatione eripuit:
Ɔgyee Lot a ɔyɛ ɔteneneeni no firii nnipa nnebɔneyɛfoɔ nsam.
8 aspectu enim, et auditu justus erat: habitans apud eos, qui de die in diem animam justam iniquis operibus cruciabant.
Na saa ɔteneneeni no te saa nnipa nnebɔneyɛfoɔ no mu na afideɛ a na saa nnipa no yɛ no adekyeeɛ ne adesaeɛ no ha no yie.
9 Novit Dominus pios de tentatione eripere: iniquos vero in diem judicii reservare cruciandos.
Yei kyerɛ sɛ Onyankopɔn nim ɛkwan a ɔfa so gye nʼakyidifoɔ firi ɔhaw mu, ɛnna ɔnim ɛkwan a ɔfa so kora nnipa nnebɔneyɛfoɔ, twe wɔn aso de twɛn Atemmuo da no,
10 Magis autem eos, qui post carnem in concupiscentia immunditiæ ambulant, dominationemque contemnunt, audaces, sibi placentes, sectas non metuunt introducere blasphemantes:
ne titire no, wɔn a wɔdi wɔn honam akɔnnɔ akyi na wɔpa Onyankopɔn tumi no. Saa atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ yi wɔ akokoɔduru na wɔmmu animuonyamfoɔ a wɔwɔ ɔsoro no, ɛfiri sɛ, wɔte wɔn atua.
11 ubi angeli fortitudine, et virtute cum sint majores, non portant adversum se execrabile judicium.
Na abɔfoɔ a wɔwɔ ahoɔden ne tumi sene saa atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ yi mpo nka nsɛmmɔne mmu wɔn atɛn wɔ Awurade anim.
12 Hi vero velut irrationabilia pecora, naturaliter in captionem, et in perniciem in his quæ ignorant blasphemantes in corruptione sua peribunt,
Nanso, saa nnipa yi yɛ wɔn nneɛma te sɛ mmoa a wonni adwene, wɔwo wɔn sɛ wɔnkye wɔn nku wɔn. Wɔgu nneɛma biara a wɔnte aseɛ no ho fi. Wɔbɛsɛe wɔn sɛ mmoa.
13 percipientes mercedem injustitiæ, voluptatem existimantes diei delicias: coinquinationes, et maculæ deliciis affluentes, in conviviis suis luxuriantes vobiscum,
Ɔhaw a wɔma ɛbaeɛ no, wɔbɛtua wɔn so ka. Deɛ wɔn ani gye ho ne sɛ wɔbɛyɛ biribiara awia ketee a ɛbɛyɛ ama wɔn honam akɔnnɔ. Sɛ wɔne mo to nsa didi a, ɛgu wɔn anim ase. Ɛfiri sɛ, saa ɛberɛ no na wɔka nnaadaasɛm.
14 oculos habentes plenos adulterii, et incessabilis delicti. Pellicientes animas instabiles, cor exercitatum avaritia habentes, maledictionis filii:
Wɔnhwehwɛ hwee sɛ mmaa adwamanfoɔ ɛfiri sɛ, wɔpɛ sɛ daa wɔyɛ bɔne. Wɔdaadaa nnipa a wɔyɛ mmerɛ kɔ bɔne mu. Wɔayɛn wɔn akoma ama anibereɛ. Wɔwɔ Onyankopɔn nnome ase.
15 derelinquentes rectam viam erraverunt, secuti viam Balaam ex Bosor, qui mercedem iniquitatis amavit:
Wɔamane afiri ɛkwan tee no so enti wɔayera. Wɔafa ɛkwan a Beor ba Bileam a ne sika a ɔnya de yɛ bɔne no kɔfaa so no so.
16 correptionem vero habuit suæ vesaniæ: subjugale mutum animal, hominis voce loquens, prohibuit prophetæ insipientiam.
Yei maa wɔkaa nʼanim wɔ ne bɔne no ho. Nʼafunumu de onipa nne kasaeɛ de sii odiyifoɔ no abɔdamsɛm no ho ɛkwan.
17 Hi sunt fontes sine aqua, et nebulæ turbinibus exagitatæ, quibus caligo tenebrarum reservatur.
Saa nnipa yi te sɛ asutire a awe anaasɛ omununkum a mframa bɔ no. Onyankopɔn de wɔn asie esum kabii mu wɔ baabi. (questioned)
18 Superba enim vanitatis loquentes, pelliciunt in desideriis carnis luxuriæ eos, qui paululum effugiunt, qui in errore conversantur:
Wɔka ahantansɛm ne nkwaseasɛm na wɔnam wɔn honam akɔnnɔ ho nnaadaa so twetwe wɔn a wɔatwe wɔn ho afiri nnebɔneyɛfoɔ ho.
19 libertatem illis promittentes, cum ipsi servi sint corruptionem: a quo enim quis superatus est, hujus et servus est.
Wɔhyɛ wɔn ahofadie ho bɔ wɔ ɛberɛ a wɔn ankasa wɔyɛ bɔne nkoa ɛfiri sɛ, onipa yɛ akoa ma biribiara a ɛdi no so.
20 Si enim refugientes coinquinationes mundi in cognitione Domini nostri, et Salvatoris Jesu Christi, his rursus implicati superantur: facta sunt eis posteriora deteriora prioribus.
Na sɛ onipa sua yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo ho asɛm, na ɔnam so dwane firi ewiase yi mu akwammɔne so, na akyire no ɔkɔ bɔne mu bio ma ɔdane bɔne akoa a, ɛnneɛ ɛyɛ hu sene ne kane no.
21 Melius enim erat illis non cognoscere viam justitiæ, quam post agnitionem, retrorsum converti ab eo, quod illis traditum est, sancto mandato.
Sɛ wɔnnim Kristo koraa a, anka ɛyɛ ma wɔn sene sɛ wɔbɛsua ne ho nsɛm na afei wɔbɛdane wɔn akyi akyerɛ mmara Kronkron a wɔde maa wɔn no.
22 Contigit enim eis illud veri proverbii: Canis reversus ad suum vomitum: et, Sus lota in volutabro luti.
Deɛ ɛbaa wɔn so no kyerɛ sɛ, saa ɛbɛ yi yɛ nokorɛ. “Ɔkraman sane kɔtafere ne fe ɛnna ɔprako a wɔadware no no nso kɔyantam wɔ atɛkyɛ mu.”

< Petri Ii 2 >