< 시편 64 >

1 (다윗의 시. 영장으로 한 노래) 하나님이여, 나의 근심하는 소리를 들으시고 원수의 두려움에서 나의 생명을 보존하소서
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom. Me Nyankopɔn, tie me, bere a mereka me haw; bɔ me kra ho ban fi ɔtamfo ahunahuna ho.
2 주는 나를 숨기사 행악자의 비밀한 꾀에서와 죄악을 짓는 자의 요란에서 벗어나게 하소서
Fa me sie fi amumɔyɛfo agyinatu ho, ne nnebɔneyɛfo pɔwbɔ ho.
3 저희가 칼 같이 자기 혀를 연마하며 화살같이 독한 말로 겨누고
Wɔsew wɔn tɛkrɛma sɛ afoa na wɔde atirimɔden nsɛm sɔn sɛ mmɛmma werɛmfo.
4 숨은 곳에서 완전한 자를 쏘려 하다가 갑자기 쏘고 두려워하지 않도다
Wofi ahintawee mu, tow bɔ onipa a ne ho nni asɛm; wɔtow bɔ no mpofirim a wonsuro.
5 저희는 악한 목적으로 서로 장려하며 비밀히 올무 놓기를 함께 의논하고 하는 말이 누가 보리요 하며
Wɔhyehyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran wɔ wɔn amumɔyɛ nhyehyɛe ho, wɔka sɛnea wobesum wɔn mfiri asie; wɔka se, “Hena na obehu yɛn?”
6 저희는 죄악을 도모하며 이르기를 우리가 묘책을 찾았다 하나니 각 사람의 속 뜻과 마음이 깊도다
Wɔbɔ ntɛnkyew ho pɔw na wɔka se, “Yɛayɛ nhyehyɛe a ɛso nni koraa!” Ampa ara onipa koma ne nʼadwene yɛ anifere.
7 그러나 하나님이 저희를 쏘시리니 저희가 홀연히 살에 상하리로다
Nanso Onyankopɔn bɛto bɛmma abɔ wɔn; na wɔbɛhwe fam prɛko pɛ.
8 이러므로 저희가 엎드러지리니 저희의 혀가 저희를 해함이라 저희를 보는 자가 다 머리를 흔들리로다
Ɔbɛdan wɔn ankasa tɛkrɛma atia wɔn na ɔde wɔn aba ɔsɛe mu; na wɔn a wobehu wɔn nyinaa de animka bɛbɔ wɔn ti nko.
9 모든 사람이 두려워하여 하나님의 일을 선포하며 그 행하심을 깊이 생각하리로다
Adesamma nyinaa besuro; wɔbɛpae mu aka Onyankopɔn nnwuma na wɔasusuw nea wayɛ ho.
10 의인은 여호와를 인하여 즐거워하며 그에게 피하리니 마음이 정직한 자는 다 자랑하리로다
Ma atreneefo nni ahurusi wɔ Awurade mu na wɔmpɛ guankɔbea wɔ no mu; ma wɔn a wɔn koma mu tew nyinaa nyi no ayɛ!

< 시편 64 >