< 민수기 18 >

1 여호와께서 아론에게 이르시되 너와 네 아들들과 네 종족은 성소에 대한 죄를 함께 담당할 것이요 너와 네 아들들은 너희가 그 제사장 직분에 대한 죄를 함께 담당할 것이니라
Awurade kasa kyerɛɛ Aaron sɛ, “Wo, wo mmammarima ne wʼabusuafoɔ a wɔfiri Lewi abusuakuo mu no, mfomsoɔ biara a ɛfa kronkronbea hɔ no ho asodie bɛda mo so. Na sɛ biribi ankɔ so yie wɔ asɔfodwuma no mu a, wɔbɛbisa wo ne wo mmammarima ho asɛm.
2 너는 네 형제 레위 지파 곧 네 조상의 지파를 데려다가 너와 합동시켜 너를 섬기게 하고 너와 네 아들들은 증거의 장막앞에 있을 것이니라
Fa wo nkurɔfoɔ a wɔwɔ Lewi abusuakuo no mu ma wɔmmoa wo mmammarima wɔ dwumadie kronkron no a wɔyɛ no Ahyiaeɛ Ntomadan no anim.
3 레위인은 네 직무와 장막의 모든 직무를 지키려니와 성소의 기구와 단에는 가까이 못하리니 두렵건대 그들과 너희가 죽을까 하노라
Ɛsɛ sɛ Lewifoɔ no hwɛ yie na wɔansɔ biribiara a ɛyɛ kronkron wɔ afɔrebukyia no so mu. Sɛ wɔyɛ saa a, mɛsɛe wo ne wɔn.
4 레위인은 너와 합동하여 장막의 모든 일과 회막의 직무를 지킬 것이요 외인은 너희에게 가까이 못할 것이니라
Obiara a ɔmfiri Lewi abusua mu nni ho kwan sɛ ɔboa wo ɛkwan biara so.
5 이와 같이 너희는 성소의 직무와 단의 직무를 지키라! 그리하면 여호와의 진노가 다시는 이스라엘 자손에게 미치지 아니하리라
“Kae sɛ asɔfoɔ no nko ara na ɛsɛ sɛ wɔdi dwuma a ɛho te wɔ kronkronbea hɔ ne afɔrebukyia no so. Sɛ wodi saa mmara yi so a, Onyankopɔn abufuo no remma Israelfoɔ no so bio sɛ wɔabu mmara yi so.
6 보라, 내가 이스라엘 자손 중에서 너희 형제 레위인을 취하여 내게 돌리고 너희에게 선물로 주어 회막의 일을 하게 하였나니
Meka bio sɛ, Lewifoɔ a wɔyɛ wo nkurɔfoɔ no na wɔmmoa wo wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu dwumadie no. Wɔyɛ akyɛdeɛ firi Awurade hɔ ma wo.
7 너와 네 아들들은 단과 장 안의 모든 일에 대하여 제사장의 직분을 지켜 섬기라! 내가 제사장의 직분을 너희에게 선물로 주었은즉 거기 가까이 하는 외인은 죽이울지니라
Nanso, wo ne wo mmammarima asɔfoɔ no ankasa na mobɛdi dwuma a ɛho te wɔ afɔrebukyia no so ne deɛ ɛwɔ ntwamutam no mu, na asɔfodwuma no deɛ, ɛyɛ mo ara mo dom akyɛdeɛ dwumadie. Onipa foforɔ biara a ɔbɛyɛ nʼadwene sɛ ɔbɛdi dwuma no bi no bɛwu.”
8 여호와께서 또 아론에게 이르시되 보라, 내가 내 거제물 곧 이스라엘 자손의 거룩하게 한 모든 예물을 너로 주관하게 하고 네가 기름부음을 받았음을 인하여 그것을 너와 네 아들들에게 영영한 응식으로 주노라
Awurade sane ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Mede akyɛdeɛ a nkurɔfoɔ de abrɛ Awurade no nyinaa ama asɔfoɔ no; saa akyɛdeɛ yi a wɔhim no Awurade anim nam so de kyɛɛ no wɔ afɔrebukyia no anim no no, daa daa mmara enti, ɛyɛ mo ne mo mmammarima dea.
9 지성물 중에 불사르지 않은 것은 네 것이라 그들이 내게 드리는 모든 예물의 모든 소제와 속죄제와 속건 제물은 다 지극히 거룩한즉 너와 네 아들들에게 돌리리니
Aduane afɔrebɔ, bɔne afɔrebɔ ne afɔbuo afɔrebɔ nyinaa yɛ mo dea, agye emu bi a wɔhye no wɔ afɔrebukyia so de kyɛ Awurade no nko ara. Yeinom nyinaa yɛ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ kronkron pa ara.
10 지극히 거룩하게 여김으로 먹으라 이는 네게 성물인즉 남자들이 다 먹을지니라
Ɛsɛ sɛ wɔdi no baabi a ɛyɛ kronkron pa ara. Na mmarima nko ara na ɛsɛ sɛ wɔdie.
11 내게 돌릴 것이 이것이니 곧 이스라엘 자손의 드리는 거제물과 모든 요제물이라 내가 그것을 너와 네 자손에게 영영한 응식으로 주었은즉 네 집의 정결한 자마다 먹을 것이니라
“Akyɛdeɛ afoforɔ a wɔnam him a wɔbɛhim wɔ afɔrebukyia no so de bɛkyɛ me no yɛ wo ne wʼabusuafoɔ, wo mmammarima ne wo mmammaa nyinaa dea. Na wʼabusuafoɔ nyinaa tumi di bi, agye obi a saa ɛberɛ no na ne ho nte.
12 그들이 여호와께 드리는 첫 소산 곧 제일 좋은 기름과, 제일 좋은 포도주와, 곡식을 네게 주었은즉
“Otwa berɛ a ɛdi ɛkan mu akyɛdeɛ a nnipa no de bɛba sɛ afɔrebɔdeɛ a wɔde rebrɛ Awurade no a ɛyɛ ngo pa, bobesa pa, aburoo ne afudeɛ biara no, ne nyinaa yɛ mo dea.
13 그들이 여호와께 드리는 그 땅 처음 익은 모든 열매는 네 것이니 네 집에 정결한 자마다 먹을 것이라
Sɛ mo abusuafoɔ hwɛ na wɔn ho te a, wɔtumi di yeinom nyinaa bi.
14 이스라엘 중에서 특별히 드린 모든 것은 네 것이 되리라!
“Deɛ wɔde bɛma Awurade biara yɛ mo dea.
15 여호와께 드리는 모든 생물의 처음 나는 것은 사람이나 짐승이나 다 네 것이로되 사람의 처음 난 것은 반드시 대속할 것이요 부정한 짐승의 처음 난 것도 대속할 것이며
Israelfoɔ abakan ne wɔn mmoa nyinaa abakan a wɔde brɛ Awurade yɛ mo dea. Nanso mmoa a memmaa mo ɛkwan sɛ wɔnwe wɔn nam no deɛ, monnnye wɔn abakan. Na mmom, ɛsɛ sɛ wɔtua sika kakra de si abakan biara anan.
16 그 사람을 속할 때에는 난지 일개월 이후에 네가 정한 대로 성소의 세겔을 따라 은 다섯 세겔로 속하라 한 세겔은 이십 게라니라
Sɛ abakan no di bosome a, na ɛsɛ sɛ wɔde ɔgye boɔ a ɛyɛ dwetɛ gram aduonum nsia sɛdeɛ kronkronbea hɔ nkariboɔ a ɛyɛ gram dubaako ne nkyemu anum mu baako no teɛ no ba.
17 오직 소의 처음 난 것이나 양의 처음 난 것이나 염소의 처음 난것은 속하지 말지니 그것들은 거룩한즉 그 피는 단에 뿌리고 그 기름은 불살라 여호와께 향기로운 화제로 드릴 것이며
“Nanso anantwie, nnwan ne mpɔnkye mmakan deɛ, ɛnsɛ sɛ wɔgye wɔn. Ɛsɛ sɛ wɔde wɔn bɔ afɔdeɛ ma Awurade. Wɔn mogya na ɛsɛ sɛ wɔde pete afɔrebukyia no so na wɔhye wɔn sradeɛ no sɛ ogya afɔdeɛ. Ɛyɛ adeɛ a Awurade ani sɔ.
18 그 고기는 네게 돌릴지니 흔든 가슴과 우편 넓적다리 같이 네게 돌릴 것이니라
Saa mmoa yi nyinaa ɛnam bɛyɛ mo dea. Ne yan ne ne srɛ nifa a wɔbɛhim no afɔrebukyia no anim de akyerɛ sɛ wɔde ama Awurade no nso, mobɛfa.
19 이스라엘 자손이 여호와께 거제로 드리는 모든 성물은 내가 영영한 응식으로 너와 네 자녀에게 주노니 이는 여호와 앞에 너와 네 후손에게 변하지 않는 소금 언약이니라
Mede afɔrebɔdeɛ a Israelfoɔ de bɛbrɛ Awurade a wɔbɛhim no no nyinaa ma mo ne mo abusuafoɔ. Mo ne mo abusuafoɔ mfa na monni. Yei yɛ bɔhyɛ a ɛda mo ne Awurade ne mo asefoɔ ntam daa nyinaa.”
20 여호와께서 또 아론에게 이르시되 너는 이스라엘 자손의 땅의 기업도 없겠고 그들 중에 아무 분깃도 없을 것이나 나는 이스라엘 자손 중에 네 분깃이요 네 기업이니라
Awurade ka kyerɛɛ Aaron sɛ, “Mo asɔfoɔ no nso, ɛnsɛ sɛ mopɛ agyapadeɛ ne akatua foforɔ biara. Na me ara na me ho hia mo.
21 내가 이스라엘의 십일조를 레위 자손에게 기업으로 다 주어서 그들의 하는 일 곧 회막에서 하는 일을 갚나니
“Na Lewi abusuakuo deɛ, wɔfiri Israel asase so ho adwumadeɛ ntotosoɔ dudu no mu na ɛbɛtua wɔn ka.
22 이후로는 이스라엘 자손이 회막에 가까이 말 것이라 죄를 당하여 죽을까 하노라
Ɛfiri ɛnnɛ rekorɔ, Israelfoɔ a wɔnyɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ no nni ho kwan sɛ wɔkɔ kronkron mu kronkron hɔ. Wɔyɛ saa a, wɔbɛbu wɔn fɔ na wɔawuwu.
23 오직 레위인은 회막에서 봉사하며 자기들의 죄를 담당할 것이요 이스라엘 자손 중에는 기업이 없을 것이니 이는 너희의 대대에 영원한 율례라
Lewifoɔ no nko ara na wɔbɛyɛ adwuma wɔ hɔ. Sɛ wɔanyɛ a, wɔbɛbu wɔn fɔ. Ɛyɛ mmara a ɛda hɔ afebɔɔ sɛ ɛnsɛ sɛ Lewini biara nya agyapadeɛ wɔ Israelman mu.
24 이스라엘 자손이 여호와께 거제로 드리는 십일조를 레위인에게 기업으로 준 고로 내가 그들에 대하여 말하기를 이스라엘 자손 중에 기업이 없을 것이라 하였노라
Mmom, ntotosoɔ dudu a ɔmanfoɔ de ba ma wɔhim no afɔrebukyia no anim de ma Awurade no na ɛsɛ sɛ Lewifoɔ no fa. Yei yɛ agyapadeɛ, enti ɛho nhia sɛ wɔpɛ agyapadeɛ foforɔ bi bio.”
25 여호와께서 모세에게 일러 가라사대
Awurade sane ka kyerɛɛ Mose sɛ,
26 너는 레위인에게 고하여 그에게 이르라 내가 이스라엘 자손에게 취하여 너희에게 기업으로 준 십일조를 너희가 그들에게서 취할 때에 그 십일조의 십일조를 거제로 여호와께 드릴 것이라
“Ka kyerɛ Lewifoɔ no sɛ, ntotosoɔ dudu a wɔnya no, wɔmfa nkyɛmu edu mu baako mma Awurade. Ɛbɛyɛ ntotosoɔ dudu mu ntotosoɔ dudu a wɔnam him a wɔbɛhim no afɔrebukyia no anim de ama Awurade no so.
27 내가 너희의 거제물을 타작 마당에서 받드는 곡물과 포도즙 틀에서 받드는 즙같이 여기리니
Na Awurade bɛgye no sɛ mo afɔrebɔdeɛ a ɛdi ɛkan a ɛyɛ aduane ne nsã a mode rema no sɛdeɛ ɛfiri mo ara mo agyapadeɛ mu.
28 너희는 이스라엘 자손에게서 받는 모든 것의 십일조 중에서 여호와께 거제로 드리고 여호와께 드린 그 거제물은 제사장 아론에게 돌리되
Saa ntotosoɔ dudu mu ntotosoɔ dudu yi a mobɛnya yi mu na mode bɛma ɔsɔfoɔ Aaron sɛ Awurade kyɛfa.
29 너희의 받은 모든 예물 중에서 너희는 그 아름다운 것 곧 거룩하게 한 부분을 취하여 여호와께 거제로 드릴지니라
Biribiara a wɔde bɛma mo no, momfa emu deɛ ɛyɛ pa ara na ɛyɛ kronkron no mma Awurade.
30 이러므로 너는 그들에게 이르라 너희가 그 중에서 아름다운 것을 취하여 드리고 남은 것은 너희 레위인에게는 타작 마당의 소출과 포도즙 틀의 소출같이 되리니
“Na wɔbɛfa no sɛ deɛ ɛfiri mo ankasa mo ayuporobea ne mo nsakyibea hɔ.
31 너희와 너희 권속이 어디서든지 이것을 먹을 수 있음은 이는 회막에서 일한 너희의 보수임이니라
Aaron ne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ bɛtumi adi no wɔ wɔn fie anaa baabiara a wɔpɛ, ɛfiri sɛ, ɛyɛ wɔn adwuma a wɔyɛ no wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu no ho akatua.
32 너희가 그 중 아름다운 것을 받들어 드린즉 이로 인하여 죄를 지지 아니할 것이라 너희는 이스라엘 자손의 성물을 더럽히지 말라! 그리하면 죽지 아니하리라
Mo Lewifoɔ no, sɛ mogye Awurade ntotosoɔ dudu no na mode emu nkyɛmu edu a ɛsɔ ani mu baako ma asɔfoɔ no a, monni afɔbuo biara. Nanso, monhwɛ yie na akyɛdeɛ kronkron a Israelfoɔ de aba no, moammu no ade teta bi. Sɛ moyɛ saa a, mobɛwuwu.”

< 민수기 18 >