< 역대상 14 >

1 두로 왕 히람이 다윗에게 사자들과 백향목과 석수와 목수를 보내어 그 궁궐을 건축하게 하였더라
Afei, Tirohene Huram somaa abɔfo ne abo adansifo ne nnua dwumfo kɔɔ Dawid nkyɛn sɛ, wonkosi ahemfi mma no. Afei, Huram san de sida nnua a wɔbɛpae kɔe.
2 다윗이 여호와께서 자기로 이스라엘 왕을 삼으신 줄을 깨달았으니 이는 그 백성 이스라엘을 위하여 나라를 진흥하게 하셨음이더라
Na Dawid huu sɛ Awurade de no asi Israel so hene, na esiane Israel nti, wayɛ nʼahenni kɛse.
3 다윗이 예루살렘에서 또 아내들을 취하여 또 자녀를 낳았으니
Afei, Dawid waree mmea bebree wɔ Yerusalem, na ɔwowoo mmabarima ne mmabea bebree.
4 예루살렘에서 낳은 아들들의 이름은 삼무아와 소밥과 나단과 솔로몬과
Dawid mmabarima a wɔwoo wɔn wɔ Yerusalem no ne Samua, Sobab, Natan ne Salomo,
5 입할과 엘리수아와 엘벨렛과
Yibhar, Elisua, ne Elpelet,
6 노가와 네벡과 야비아와
Noga, Nefeg ne Yafia,
7 엘리사마와 브엘랴다와 엘리벨렛이었더라
Elisama, Beeliada ne Elifelet.
8 다윗이 기름 부음을 받아 온 이스라엘의 왕이 되었다 함을 블레셋 사람이 듣고 다윗을 찾으러 다 올라오매 다윗이 듣고 방비하러 나갔으나
Bere a Filistifo tee sɛ wɔasra Dawid ngo ama wadi Israel nyinaa so hene no, wɔboaboaa wɔn asraafo nyinaa ano sɛ, wɔrebɛkyere no. Na wɔka kyerɛɛ Dawid se wɔreba ne so, enti ɔno nso ne ne mmarima fii kurow no mu kohyiaa wɔn.
9 블레셋 사람이 이미 이르러 르바임 골짜기를 침범하였는지라
Na Filistifo no abedu Refaim bon asɛe hɔ pasaa.
10 다윗이 하나님께 물어 가로되 내가 블레셋 사람을 치러 올라가리이까 주께서 저희를 내 손에 붙이시겠나이까 여호와께서 이르시되 올라가라 내가 저희를 네 손에 붙이리라 하신지라
Enti Dawid bisaa Onyankopɔn se, “Mimpue na me ne Filistifo no nkɔko? Wode wɔn bɛhyɛ me nsa ana?” Awurade buae se, “Yiw, wo ne wɔn nkɔko, na mɛma woadi wɔn so nkonim.”
11 이에 무리가 바알부라심으로 올라갔더니 다윗이 거기서 저희를 치고 가로되 하나님이 물을 흩음 같이 내 손으로 내 대적을 흩으셨다 함으로 그 곳 이름을 바알브라심이라 칭하니라
Enti Dawid ne nʼakofo kɔɔ Baal-Perasim kodii Filistifo no so wɔ hɔ. Dawid teɛɛ mu se, “Onyankopɔn ayɛ! Ɔnam me so ama mabɔ awura mʼatamfo mu te sɛ, nsuyiri a ano yɛ den.” Enti, wɔtoo beae hɔ din Baal-Perasim (a nkyerɛase ne sɛ “Awurade a ɔbɔ wura mu”).
12 블레셋 사람이 그 우상을 그곳에 버렸으므로 다윗이 명하여 불에 사르니라
Filistifo no gyaw wɔn ahoni nyinaa hɔ nti, Dawid hyɛ ma wɔhyew ne nyinaa.
13 블레셋 사람이 다시 골짜기를 침범한지라
Nanso ankyɛ biara, Filistifo no san baa obon no mu bio bɛsɛee hɔ.
14 다윗이 또 하나님께 묻자온대 하나님이 이르시되 마주 올라가지 말고 저희 뒤로 돌아 뽕나무 수풀 맞은편에서 저희를 엄습하되
Dawid bisaa Onyankopɔn nea ɔnyɛ bio. Onyankopɔn buae se, “Nkɔ tee nkɔtow nhyɛ wɔn so. Mmom, fa wɔn ho kosi wɔn akyi na montow nhyɛ wɔn so wɔ baabi a ɛbɛn baka nnua no.
15 뽕나무 꼭대기에서 걸음 걷는 소리가 들리거든 곧 나가서 싸우라 하나님이 네 앞서 나아가서 블레셋 사람의 군대를 치리라 하신지라
Na sɛ mote nnyigye bi te sɛ nnipa bi a wɔrebɔ nsra anan ase wɔ baka nnua no atifi a, montow nhyɛ wɔn so. Ɛno na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ, Onyankopɔn adi mo anim rekɔka Filistifo no agu.”
16 이에 다윗이 하나님의 명대로 행하여 블레셋 사람의 군대를 쳐서 기브온에서부터 게셀까지 이르렀더니
Enti Dawid yɛɛ nea Onyankopɔn hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no, na ɔkaa Filistifo asraafo no guu fi Gibeon de kosii Geser.
17 다윗의 명성이 열국에 퍼졌고 여호와께서 열국으로 저를 두려워하게 하셨더라
Na Dawid din hyetaa baabiara, na Awurade maa aman no nyinaa suroo Dawid.

< 역대상 14 >