< マタイの福音書 9 >

1 イエスは舟に乗って湖を渡り、自分の町に帰られた。
Yei akyi no, Yesu kɔtenaa kodoɔ bi mu kɔɔ Kapernaum, kuro a ɔte mu.
2 すると、人々が中風の人を床に寝かせたままで、みもとに運んで来た。イエスは彼らの信仰を見て、中風の人に、「子よ。しっかりしなさい。あなたの罪は赦された。」と言われた。
Ɔduruu hɔ no, ankyɛre biara na nnipa bi de obubuafoɔ bi brɛɛ no sɛ ɔnsa no yadeɛ. Na Yesu hunuu gyidie a wɔwɔ wɔ ne mu no, ɔka kyerɛɛ obubuafoɔ no sɛ, “Ɔba, ma wʼani nnye, wɔde wo bɔne nyinaa akyɛ wo.”
3 すると、律法学者たちは、心の中で、「この人は神をけがしている。」と言った。
Ɛhɔ ara na Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ a na wɔwɔ hɔ no bi teaam sɛ, “Ɔbarima yi ka abususɛm. Ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn!”
4 イエスは彼らの心の思いを知って言われた。「なぜ、心の中で悪いことを考えているのか。
Yesu hunuu deɛ ɛwɔ wɔn adwenem no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na modwene bɔne ho saa?
5 『あなたの罪は赦された。』と言うのと、『起きて歩け。』と言うのと、どちらがやさしいか。
Me Onipa Ba no, mewɔ tumi wɔ asase yi so sɛ metumi de bɔne kyɛ. Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ den, sɛ obi bɛka sɛ, ‘Mede wo bɔne akyɛ wo’ anaasɛ ɔbɛka sɛ, ‘Sɔre na nante?’”
6 人の子が地上で罪を赦す権威を持っていることを、あなたがたに知らせるために。」こう言って、それから中風の人に、「起きなさい。寝床をたたんで、家に帰りなさい。」と言われた。
Nanso, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mobɛhunu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi sɛ ɔde bɔne kyɛ enti, ɔka kyerɛɛ obubuafoɔ no sɛ, “Sɔre na bobɔ wo kɛtɛ, na kɔ efie ɛfiri sɛ, masa wo yadeɛ.”
7 すると、彼は起きて家に帰った。
Amonom hɔ ara, obubuafoɔ no sɔre bobɔɔ ne kɛtɛ, siim kɔɔ ne fie!
8 群衆はそれを見て恐ろしくなり、こんな権威を人にお与えになった神をあがめた。
Nnipadɔm no hunuu anwanwadeɛ yi no, wɔn ho dwirii wɔn yie. Wɔkamfoo Onyankopɔn sɛ ɔde tumi a ɛte saa ama onipa!
9 イエスは、そこを去って道を通りながら、収税所にすわっているマタイという人をご覧になって、「わたしについて来なさい。」と言われた。すると彼は立ち上がって、イエスに従った。
Yesu firi deɛ ɔsaa obubuafoɔ no yadeɛ hɔ rekɔ no, ɔhunuu ɔbarima ɔtogyeni bi a ɔte atogyeeɛ. Wɔfrɛ saa ɔbarima no Mateo. Yesu hunuu no no, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Bɛdi mʼakyi.” Ɛhɔ ara, Mateo sɔre dii Yesu akyi.
10 イエスが家で食事の席に着いておられるとき、見よ、取税人や罪人が大ぜい来て、イエスやその弟子たちといっしょに食卓に着いていた。
Ɛbaa sɛ Yesu ne nʼasuafoɔ no kɔɔ Mateo fie kɔdidiiɛ. Wɔredidi no, ɔtogyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ bebree baa hɔ ne no ne nʼasuafoɔ no too nsa didiiɛ.
11 すると、これを見たパリサイ人たちが、イエスの弟子たちに言った。「なぜ、あなたがたの先生は、取税人や罪人といっしょに食事をするのですか。」
Farisifoɔ no hunuu sɛ ɔne nnebɔneyɛfoɔ ato nsa redidi no, anyɛ wɔn dɛ. Wɔbisaa nʼasuafoɔ no sɛ, “Adɛn enti na mo ɔkyerɛkyerɛfoɔ no de ne ho abɔ nnebɔneyɛfoɔ a wɔte sɛɛ yi?”
12 イエスはこれを聞いて言われた。「医者を必要とするのは丈夫な者ではなく、病人です。
Yesu teeɛ no, ɔbuaa wɔn sɛ, “Nnipa a wɔnyare no, ɔyaresafoɔ ho nhia wɔn, na nnipa a wɔyare no na ɔyaresafoɔ ho hia wɔn.”
13 『わたしはあわれみは好むが、いけにえは好まない。』とはどういう意味か、行って学んで来なさい。わたしは正しい人を招くためではなく、罪人を招くために来たのです。」
Ɔsane kaa bio sɛ, “Monkɔhwehwɛ yei ase wɔ Atwerɛ Kronkron no mu. Wɔatwerɛ sɛ, ‘Ɛnyɛ mo afɔdeɛ ne ayɛyɛdeɛ na mepɛ, na mmom, ahummɔborɔ.’ Mammɛfrɛ teneneefoɔ, na mmom, mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfoɔ sɛ wɔnsakra mmra Onyankopɔn nkyɛn.”
14 するとまた、ヨハネの弟子たちが、イエスのところに来てこう言った。「私たちとパリサイ人は断食するのに、なぜ、あなたの弟子たちは断食しないのですか。」
Ɛda bi, Yohane Osubɔni asuafoɔ baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Adɛn enti na wʼasuafoɔ no nni mmuada, sɛdeɛ yɛne Farisifoɔ di mmuada no?”
15 イエスは彼らに言われた。「花婿につき添う友だちは、花婿がいっしょにいる間は、どうして悲しんだりできましょう。しかし、花婿が取り去られる時が来ます。そのときには断食します。
Yesu buaa wɔn sɛ, “Mogye di sɛ, sɛ ayeforɔkunu ne ne nnamfonom te hɔ a, ɛsɛ sɛ ne nnamfonom no werɛ ho, na wɔbua da anaa? Ɛberɛ bi bɛba a wɔbɛfa me afiri wɔn nkyɛn. Saa ɛberɛ no na wɔbɛdi mmuada.
16 だれも、真新しい布切れで古い着物の継ぎをするようなことはしません。そんな継ぎ切れは着物を引き破って、破れがもっとひどくなるからです。
“Hwan na ɔde ntoma foforɔ bɛtare ntoma dada mu? Saa ntaremu no bɛsuane dada no mu ama tokuro kɛseɛ abɛda hɔ.
17 また、人は新しいぶどう酒を古い皮袋に入れるようなことはしません。そんなことをすれば、皮袋は裂けて、ぶどう酒が流れ出てしまい、皮袋もだめになってしまいます。新しいぶどう酒を新しい皮袋に入れれば、両方とも保ちます。」
Hwan na ɔde nsã foforɔ bɛgu aboa nwoma nsã nkotokuo dada mu? Sɛ ɔyɛ saa a, nsã no bɛpae nkotokuo no ama nsã no ahwie agu, na nkotokuo no nso asɛe. Nsa nkotokuo foforɔ mu nko ara na ɛsɛ sɛ wɔde nsã foforɔ gugu na amma nkotokuo no ne nsã no mu biara ansɛe.”
18 イエスがこれらのことを話しておられると、見よ、ひとりの会堂管理者が来て、ひれ伏して言った。「私の娘がいま死にました。でも、おいでくださって、娘の上に御手を置いてやってください。そうすれば娘は生き返ります。」
Yesu gu so rekasa no, Yudafoɔ panin bi ba bɛkoto, sɔree no. Ɔde nʼadesrɛdeɛ too Yesu anim sɛ, “Me babaa awu seesei ara. Menim sɛ, sɛ woba de wo nsa bɛka no pɛ a, ɔbɛnyane.”
19 イエスが立って彼について行かれると、弟子たちもついて行った。
Yesu ne nʼasuafoɔ no ne ɔpanin no siim sɛ wɔrekɔ ɔpanin no fie.
20 すると、見よ。十二年の間長血をわずらっている女が、イエスのうしろに来て、その着物のふさにさわった。
Wɔrekɔ no, ɔbaa bi a mogya atu no mfirinhyia dumienu firii Yesu akyi sɔɔ nʼatadeɛ ano.
21 「お着物にさわることでもできれば、きっと直る。」と心のうちで考えていたからである。
Ɔkaa wɔ ne tirim sɛ, “Sɛ mede me nsa ka no nko ara a, me ho bɛyɛ me den.”
22 イエスは、振り向いて彼女を見て言われた。「娘よ。しっかりしなさい。あなたの信仰があなたを直したのです。」すると、女はその時から全く直った。
Yesu danee nʼani ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔbabaa, ma wo bo ntɔ wo yam. Wo gyidie agye wo. Wo ho atɔ wo.” Ɛfiri saa ɛberɛ no mu, ne ho tɔɔ no.
23 イエスはその管理者の家に来られて、笛吹く者たちや騒いでいる群衆を見て、
Yesu duruu ɔpanin no fie hɔ a ɔhunuu sɛ nkurɔfoɔ no bi resu na ebinom reto ayiase nnwom no,
24 言われた。「あちらに行きなさい。その子は死んだのではない。眠っているのです。」すると、彼らはイエスをあざ笑った。
ɔkaa sɛ, “Obiara mfiri adi. Ababaawa no nwuiɛ. Wada!” Yesu asɛm a ɔkaeɛ yi maa nnipa no seree no.
25 イエスは群衆を外に出してから、うちにおはいりになり、少女の手を取られた。すると少女は起き上がった。
Nnipa no nyinaa firii adi no, Yesu kɔɔ faako a ababaawa no da hɔ no. Ɔsɔɔ ne nsa. Prɛko pɛ, ababaawa no nyaneeɛ.
26 このうわさはその地方全体に広まった。
Saa anwanwadeɛ a Yesu yɛeɛ yi trɛɛ wɔ mpɔtam hɔ nyinaa.
27 イエスがそこを出て、道を通って行かれると、ふたりの盲人が大声で、「ダビデの子よ。私たちをあわれんでください。」と叫びながらついて来た。
Yesu firi deɛ ɔnyanee ababaawa no hɔ rekɔ no, anifirafoɔ baanu bi dii nʼakyi teateaam sɛ, “Dawid ba, hunu yɛn mmɔbɔ!”
28 家にはいられると、その盲人たちはみもとにやって来た。イエスが「わたしにそんなことができると信じるのか。」と言われると、彼らは「そうです。主よ。」と言った。
Yesu duruu efie no, anifirafoɔ no baa ne nkyɛn. Yesu bisaa wɔn sɛ, “Mogye di sɛ mɛtumi ama moahunu adeɛ?” Wɔbuaa no sɛ, “Aane, Awurade, yɛgye di!”
29 そこで、イエスは彼らの目にさわって、「あなたがたの信仰のとおりになれ。」と言われた。
Yesu de ne nsa kaa wɔn ani kaa sɛ, “Mo gyidie nyɛ deɛ mohwehwɛ mma mo!”
30 すると、彼らの目があいた。イエスは彼らをきびしく戒めて、「決してだれにも知られないように気をつけなさい。」と言われた。
Amonom hɔ ara na wɔn ani buebueeɛ. Yesu bɔɔ wɔn ano sɛ, “Monnka saa ayaresa yi ho asɛm nkyerɛ obiara.”
31 ところが、彼らは出て行って、イエスのことをその地方全体に言いふらした。
Nanso, nnipa no firi hɔ pɛ, wɔbɔɔ asɛm no dawuro.
32 この人たちが出て行くと、見よ、悪霊につかれたおしが、みもとに連れて来られた。
Yesu ne nʼasuafoɔ refiri adi no, wɔde mumu bi a honhommɔne wɔ ne so brɛɛ no.
33 悪霊が追い出されると、そのおしはものを言った。群衆は驚いて、「こんなことは、イスラエルでいまだかつて見たことがない。」と言った。
Yesu tuu honhommɔne no na prɛko pɛ, mumu no kasaeɛ. Saa honhommɔne tuo yi yɛɛ nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa nwanwa ma wɔkaa sɛ, “Yɛnhunuu saa anwanwadeɛ yi bi da wɔ Israelman mu ha!”
34 しかし、パリサイ人たちは、「彼は悪霊どものかしらを使って、悪霊どもを追い出しているのだ。」と言った。
Farisifoɔ no deɛ, wɔkaa sɛ, “Ɔbonsam de honhommɔne ahyɛ no ma enti na ɔtumi tu ahonhommɔne no.”
35 それから、イエスは、すべての町や村を巡って、会堂で教え、御国の福音を宣べ伝え、あらゆる病気、あらゆるわずらいを直された。
Yesu kyinkyinii nkuro so ne nkuraa ase kaa Onyankopɔn Ahennie no ho asɛmpa wɔ wɔn hyiadan mu. Baabiara a ɔkɔeɛ no, ɔsaa nyarewa ahodoɔ bebree.
36 また、群衆を見て、羊飼いのない羊のように弱り果てて倒れている彼らをかわいそうに思われた。
Ɛberɛ a Yesu hunuu nnipadɔm no, ne yam hyehyee no maa wɔn ɛfiri sɛ, ɔhunuu sɛ ɔhaw ahodoɔ gu wɔn so a, wɔnhunu deɛ wɔnyɛ ne deɛ wɔmfa a wɔbɛnya mmoa nso. Wɔte sɛ nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ.
37 そのとき、弟子たちに言われた。「収穫は多いが、働き手が少ない。
Ɛha na Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfoɔ no deɛ, wɔsua.
38 だから、収穫の主に、収穫のために働き手を送ってくださるように祈りなさい。」
Enti, monsrɛ adwumawura no na ɔmma adwumayɛfoɔ bebree mmra ne twa adwuma no mu.”

< マタイの福音書 9 >