< マタイの福音書 25 >

1 そこで、天の御国は、たとえて言えば、それぞれがともしびを持って、花婿を出迎える十人の娘のようです。
“Ɔsoro Ahennie te sɛ mmabaawa edu bi a wɔfaa wɔn nkanea sɛ wɔrekɔhyia ayeforɔkunu.
2 そのうち五人は愚かで、五人は賢かった。
Na mmabaawa no mu baanum yɛ anyansafoɔ ɛnna baanum nso yɛ nkwaseafoɔ.
3 愚かな娘たちは、ともしびは持っていたが、油を用意しておかなかった。
Wɔn mu nkwaseafoɔ no rekɔ no, wɔfaa wɔn nkanea nanso wɔamfa ngo anka ho.
4 賢い娘たちは、自分のともしびといっしょに、入れ物に油を入れて持っていた。
Nanso, wɔn mu anyansafoɔ no deɛ, wɔrekorɔ no, wɔfaa ngo kaa wɔn nkanea ho de kɔeɛ.
5 花婿が来るのが遅れたので、みな、うとうとして眠り始めた。
Ayeforɔkunu no amma ntɛm, enti wɔhyɛɛ aseɛ totɔɔ nko dedaeɛ.
6 ところが、夜中になって、『そら、花婿だ。迎えに出よ。』と叫ぶ声がした。
“Ɔdasuom na wɔtee nteateamu sɛ, ‘Ayeforɔkunu no reba! Momfiri adi nkɔhyia no!’
7 娘たちは、みな起きて、自分のともしびを整えた。
“Mmabaawa yi nyinaa sɔre buebuee wɔn nkanea no.
8 ところが愚かな娘たちは、賢い娘たちに言った。『油を少し私たちに分けてください。私たちのともしびは消えそうです。』
Nkwaseafoɔ no srɛɛ anyansafoɔ no sɛ, ‘Momma yɛn mo ngo no bi ngu yɛn nkanea no mu na ɛredum.’
9 しかし、賢い娘たちは答えて言った。『いいえ、あなたがたに分けてあげるにはとうてい足りません。それよりも店に行って、自分のをお買いなさい。』
“Anyansafoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Krasin a yɛwɔ no sua. Monkɔ kurom nkɔtɔ bi.’
10 そこで、買いに行くと、その間に花婿が来た。用意のできていた娘たちは、彼といっしょに婚礼の祝宴に行き、戸がしめられた。
“Wɔrekɔtɔ ngo no pɛ, na ayeforɔkunu no baeɛ. Enti, wɔn a wɔasiesie wɔn ho no ne ayeforɔkunu no kɔɔ nʼapontoɔ no ase, na wɔtoo ɛpono no mu.
11 そのあとで、ほかの娘たちも来て、『ご主人さま、ご主人さま。あけてください。』と言った。
“Akyire yi a baanum no sane baeɛ no, wɔgyinaa ɛpono no akyi frɛɛ sɛ, ‘Owura, hini yɛn!’
12 しかし、彼は答えて、『確かなところ、私はあなたがたを知りません。』と言った。
“Nanso, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Momfiri hɔ nkɔ. Mennim mo!’
13 だから、目をさましていなさい。あなたがたは、その日、その時を知らないからです。
“Enti, monwɛn na monnim da anaa dɔn ko a mɛsane aba.
14 天の御国は、しもべたちを呼んで、自分の財産を預け、旅に出て行く人のようです。
“Bio, Ɔsoro Ahennie te sɛ ɔbarima bi a ɔretu ɛkwan akɔ ɔman foforɔ bi so. Ɔrekɔ no, ɔfrɛɛ nʼapaafoɔ baasa, maa wɔn mu biara sika a ɛfata sɛ wɔmfa nyɛ adwuma.
15 彼は、おのおのその能力に応じて、ひとりには五タラント、ひとりには二タラント、もうひとりには一タラントを渡し、それから旅に出かけた。
Ɔmaa ɔbaako dwetɛ kilogram ɔha aduɔson. Ɔmaa deɛ ɔdi hɔ no dwetɛ kilogram aduosia nnwɔtwe ɛnna ɔmaa deɛ ɔtwa toɔ no dwetɛ kilogram aduasa ɛnan.
16 五タラント預かった者は、すぐに行って、それで商売をして、さらに五タラントもうけた。
Ɔpaani a ɔmaa no dwetɛ kilogram ɔha aduɔson no de sika no kɔdii dwa, nyaa mfasoɔ dwetɛ kilogram ɔha aduɔson kaa ho.
17 同様に、二タラント預かった者も、さらに二タラントもうけた。
Deɛ ɔnyaa dwetɛ kilogram aduosia nnwɔtwe no nso de sika no kɔyɛɛ adwuma nyaa mfasoɔ dwetɛ kilogram aduosia nnwɔtwe kaa ne sika no ho.
18 ところが、一タラント預かった者は、出て行くと、地を掘って、その主人の金を隠した。
Nanso, ɔpaani a ne wura maa no dwetɛ kilogram aduasa ɛnan no deɛ, ɔkɔtuu fam de sika no siee hɔ.
19 さて、よほどたってから、しもべたちの主人が帰って来て、彼らと清算をした。
“Mmerɛ bi akyi, wɔn wura no firi akwantuo mu baeɛ. Ɔfrɛɛ apaafoɔ baasa yi sɛ wɔmmɛbu nkonta nkyerɛ no.
20 すると、五タラント預かった者が来て、もう五タラント差し出して言った。『ご主人さま。私に五タラント預けてくださいましたが、ご覧ください。私はさらに五タラントもうけました。』
Deɛ ɔnyaa dwetɛ kilogram ɔha aduɔson no de dwetɛ kilogram ɔha aduɔson kaa ho baeɛ. Ɔkaa sɛ, ‘Me wura, womaa me dwetɛ kilogram ɔha aduɔson. Hwɛ, manya dwetɛ kilogram ɔha aduɔson aka ho.’
21 その主人は彼に言った。『よくやった。良い忠実なしもべだ。あなたは、わずかな物に忠実だったから、私はあなたにたくさんの物を任せよう。主人の喜びをともに喜んでくれ。』
“Ne wura no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mo, akoa pa ne nokwafoɔ, woadi kakra yi ho nokorɛ, mede wo bɛsi nneɛma pii so panin. Bra, na me ne wo nni dɛ!’
22 二タラントの者も来て言った。『ご主人さま。私は二タラント預かりましたが、ご覧ください。さらに二タラントもうけました。』
“Ɔpaani a ɔmaa no dwetɛ kilogram aduosia nnwɔtwe no nso baeɛ. Ɔka kyerɛɛ ne wura no sɛ, ‘Worekɔ no, womaa me dwetɛ kilogram aduosia nnwɔtwe. Mede yɛɛ adwuma, na manya dwetɛ kilogram aduosia nnwɔtwe aka ho.’
23 その主人は彼に言った。『よくやった。良い忠実なしもべだ。あなたは、わずかな物に忠実だったから、私はあなたにたくさんの物を任せよう。主人の喜びをともに喜んでくれ。』
“Ne wura no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mo, akoa pa ne nokwafoɔ, woadi kakra yi ho nokorɛ, mede wo bɛsi nneɛma pii so panin. Bra wo wura anigyeɛ mu!’
24 ところが、一タラント預かっていた者も来て、言った。『ご主人さま。あなたは、蒔かない所から刈り取り、散らさない所から集めるひどい方だとわかっていました。
“Ɔpaani a ɔnyaa dwetɛ kilogram aduasa ɛnan no nso baeɛ. Ɔka kyerɛɛ ne wura no sɛ, ‘Owura, menim sɛ woyɛ onipa a wʼasɛm yɛ den. Wotumi twa wɔ deɛ wonnuaeɛ, ɛnna wotumi boaboa ano wɔ deɛ wompeteeɛ;
25 私はこわくなり、出て行って、あなたの一タラントを地の中に隠しておきました。さあどうぞ、これがあなたの物です。』
enti mesuroeɛ, na mede wo sika no kɔhyɛɛ fam, enti wʼadeɛ nie!’
26 ところが、主人は彼に答えて言った。『悪いなまけ者のしもべだ。私が蒔かない所から刈り取り、散らさない所から集めることを知っていたというのか。
“Ne wura no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Akoa bɔne ne onihafoɔ! Wonim sɛ metumi twa wɔ deɛ mennuaeɛ, na metumi boaboa ano wɔ deɛ mempeteeɛ a,
27 だったら、おまえはその私の金を、銀行に預けておくべきだった。そうすれば私は帰って来たときに、利息がついて返してもらえたのだ。
anka ɛsɛ sɛ wode sika no kɔto sikakorabea nya nsiho to hɔ ma me.
28 だから、そのタラントを彼から取り上げて、それを十タラント持っている者にやりなさい。』
“‘Monnye ne nsam sika no, na momfa nkɔma deɛ ɔnyaa dwetɛ kilogram ahasa aduanan no.
29 だれでも持っている者は、与えられて豊かになり、持たない者は、持っているものまでも取り上げられるのです。
Obiara a ɔde deɛ wɔde ama no no bɛyɛ ade pa no, wɔde bi bɛka no ho. Na obiara a wamfa deɛ wɔde ama no no anyɛ ade pa no, deɛ ɔwɔ no mpo, wɔbɛgye afiri ne nsam.
30 役に立たぬしもべは、外の暗やみに追い出しなさい。そこで泣いて歯ぎしりするのです。
Monto akoa a ne ho nni mfasoɔ yi ntwene esum kabii mu: ɛhɔ na esu ne agyaadwoɔ wɔ.’
31 人の子が、その栄光を帯びて、すべての御使いたちを伴って来るとき、人の子はその栄光の位に着きます。
“Na sɛ Onipa Ba no ba nʼanimuonyam mu a abɔfoɔ nyinaa ka ne ho a, saa ɛberɛ no na ɔbɛtena nʼanimuonyam ahennwa no so.
32 そして、すべての国々の民が、その御前に集められます。彼は、羊飼いが羊と山羊とを分けるように、彼らをより分け、
Na wɔbɛboaboa aman nyinaa ano nʼanim. Na ɔbɛpa nnipa no mu sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ pa nnwan firi mpɔnkye mu;
33 羊を自分の右に、山羊を左に置きます。
na ɔde nnwan no bɛgyina ne nifa so, na ɔde mpɔnkye no agyina ne benkum so.
34 そうして、王は、その右にいる者たちに言います。『さあ、わたしの父に祝福された人たち。世の初めから、あなたがたのために備えられた御国を継ぎなさい。
“Ɛno na Ɔhene no bɛka akyerɛ wɔn a wɔgyina ne nifa so no sɛ, ‘Mo a mʼagya ahyira mo, mommra mmɛfa ahennie a wɔasiesie ama mo firi ewiase ahyɛaseɛ no nni!
35 あなたがたは、わたしが空腹であったとき、わたしに食べる物を与え、わたしが渇いていたとき、わたしに飲ませ、わたしが旅人であったとき、わたしに宿を貸し、
Ɛkɔm dee me, na momaa me aduane diiɛ. Sukɔm dee me, na momaa me nsuo nomeeɛ. Meyɛɛ ɔhɔhoɔ, na mode me kɔɔ mo fie.
36 わたしが裸のとき、わたしに着る物を与え、わたしが病気をしたとき、わたしを見舞い、わたしが牢にいたとき、わたしをたずねてくれたからです。』
Medaa adagya na mofiraa me ntoma. Meyareeɛ, na mobɛsraa me. Medaa afiase, na mobɛhwɛɛ me.’
37 すると、その正しい人たちは、答えて言います。『主よ。いつ、私たちは、あなたが空腹なのを見て、食べる物を差し上げ、渇いておられるのを見て、飲ませてあげましたか。
“Saa ɛberɛ no mu na ateneneefoɔ bɛbisa sɛ, ‘Owura, da bɛn na yɛhunuu wo sɛ ɛkɔm de wo a, yɛmaa wo aduane, na sukɔm de wo a yɛmaa wo nsuo nomeeɛ?
38 いつ、あなたが旅をしておられるときに、泊まらせてあげ、裸なのを見て、着る物を差し上げましたか。
Afei, da bɛn na yɛhunuu sɛ woyɛɛ ɔhɔhoɔ a, yɛde wo kɔɔ yɛn fie, anaasɛ wodaa adagya a, yɛfiraa wo ntoma?
39 また、いつ、私たちは、あなたのご病気やあなたが牢におられるのを見て、おたずねしましたか。』
Afei, da bɛn na yɛhunuu sɛ woyare a, yɛbɛsraa wo, anaasɛ wodaa afiase a, yɛbɛhwɛɛ wo?’
40 すると、王は彼らに答えて言います。『まことに、あなたがたに告げます。あなたがたが、これらのわたしの兄弟たち、しかも最も小さい者たちのひとりにしたのは、わたしにしたのです。』
“Na Ɔhene no, bɛbua wɔn sɛ, ‘Sɛ moayɛ ama me nuanom nkumaa yi mu baako yi, moayɛ ama me!’
41 それから、王はまた、その左にいる者たちに言います。『のろわれた者ども。わたしから離れて、悪魔とその使いたちのために用意された永遠の火にはいれ。 (aiōnios g166)
“Afei, mɛdane mʼani akyerɛ wɔn a wɔgyina me benkum so no aka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Mo a wɔadome mo, wɔmfa mo nkɔgu ogyatannaa a ɛnnum da a wɔasɔ ama ɔbonsam ne nʼahokafoɔ no mu. (aiōnios g166)
42 おまえたちは、わたしが空腹であったとき、食べる物をくれず、渇いていたときにも飲ませず、
Na ɛkɔm dee me, moamma me aduane anni, sukɔm dee me, moamma me nsuo annom.
43 わたしが旅人であったときにも泊まらせず、裸であったときにも着る物をくれず、病気のときや牢にいたときにもたずねてくれなかった。』
Meyɛɛ ɔhɔhoɔ, moamfa me ankɔ mo fie. Medaa adagya, moamfira me ntoma. Meyareeɛ, moammɛsra me. Medaa afiase, moammɛhwɛ me.’
44 そのとき、彼らも答えて言います。『主よ。いつ、私たちは、あなたが空腹であり、渇き、旅をし、裸であり、病気をし、牢におられるのを見て、お世話をしなかったのでしょうか。』
“Wɔn nso bɛbua no sɛ, ‘Awurade, da bɛn na yɛhunuu wo sɛ ɛkɔm dee wo, anaasɛ sukɔm dee wo, anaasɛ woyɛɛ ɔhɔhoɔ, anaasɛ wodaa adagya, anaasɛ woyareeɛ, anaasɛ wodaa afiase, na yɛanyɛ deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ amma wo?’
45 すると、王は彼らに答えて言います。『まことに、おまえたちに告げます。おまえたちが、この最も小さい者たちのひとりにしなかったのは、わたしにしなかったのです。』
“Na mɛbua wɔn sɛ, ‘Sɛ moanyɛ amma nkumaa yi mu baako enti, moanyɛ amma me.’
46 こうして、この人たちは永遠の刑罰にはいり、正しい人たちは永遠のいのちにはいるのです。」 (aiōnios g166)
“Na wɔbɛkɔ ahoyera a ɛtoɔ ntwa da mu, na ateneneefoɔ akɔ nkwa a ɛnni awieeɛ mu.” (aiōnios g166)

< マタイの福音書 25 >