< マルコの福音書 7 >

1 さて、パリサイ人たちと幾人かの律法学者がエルサレムから来ていて、イエスの回りに集まった。
Da bi, Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo bi a wofi Yerusalem baa Yesu nkyɛn.
2 イエスの弟子のうちに、汚れた手で、すなわち洗わない手でパンを食べている者があるのを見て、
Woduu hɔ no, wohuu sɛ nʼasuafo no bi redidi a wɔanhohoro wɔn nsa ho.
3 ――パリサイ人をはじめユダヤ人はみな、昔の人たちの言い伝えを堅く守って、手をよく洗わないでは食事をせず、
Na Yudafo no, ne titiriw no Farisifo nnidi da, gye sɛ wɔahohoro wɔn nsa ho nyinaa, sɛnea wɔn amanne kyerɛ, ansa na wɔadidi.
4 また、市場から帰ったときには、からだをきよめてからでないと食事をしない。まだこのほかにも、杯、水差し、銅器を洗うことなど、堅く守るように伝えられた、しきたりがたくさんある。――
Na sɛ wofi gua so ba a, wɔhohoro wɔn nsa ansa na wɔadidi. Eyi yɛ mmara bebree a wofi tete adi so no mu baako. Na mmara no bi ne sɛ, wɔhohoro nkuruwa, asɛn ne kɔberesɛn mu.
5 パリサイ人と律法学者たちは、イエスに尋ねた。「なぜ、あなたの弟子たちは、昔の人たちの言い伝えに従って歩まないで、汚れた手でパンを食べるのですか。」
Enti Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no bisaa Yesu se, “Adɛn nti na wʼasuafo no nni yɛn amanne a efi tete no so? Efisɛ wodidi a, wonni kan nhohoro wɔn nsa sɛnea amanne kyerɛ no.”
6 イエスは彼らに言われた。「イザヤはあなたがた偽善者について預言をして、こう書いているが、まさにそのとおりです。 『この民は、口先ではわたしを敬うが、 その心は、わたしから遠く離れている。
Yesu buaa wɔn se, “Mo nyaatwomfo! Asɛm a Yesaia ka faa mo ho sɛ, “‘Saa nnipa yi de wɔn ano na edi me ni, nanso wɔn koma mmɛn me ho baabiara.
7 彼らが、わたしを拝んでも、むだなことである。 人間の教えを、教えとして教えるだけだから。』
Wɔsom me kwa; na wɔn nkyerɛkyerɛ yɛ nnipa nsa ano mmara’ yɛ nokware turodoo!
8 あなたがたは、神の戒めを捨てて、人間の言い伝えを堅く守っている。」
Mugyaw Onyankopɔn mmara a wahyehyɛ no de mo ankasa mo amanne si anan mu.
9 また言われた。「あなたがたは、自分たちの言い伝えを守るために、よくも神の戒めをないがしろにしたものです。
“Moahyɛ da sɛ mobɛpo Onyankopɔn mmara no, na moatiatia so, ama mo amanne no atim.
10 モーセは、『あなたの父と母を敬え。』また『父や母をののしる者は、死刑に処せられる。』と言っています。
Ɛho nhwɛso bi ne sɛ, Mose de Onyankopɔn mmara a ɛka se, ‘Di wʼagya ne wo na ni’ no maa mo. Ɔkae se, ‘obiara a ɔbɛkasa atia nʼagya anaa ne na no, ɛsɛ sɛ wokum no.’
11 それなのに、あなたがたは、もし人が父や母に向かって、私からあなたのために上げられる物は、コルバン(すなわち、ささげ物)になりました、と言えば、
Nanso moka se, eye sɛ obi bɛka akyerɛ nʼagya anaa ne na a ade bi hia no no se, ‘Merentumi mmoa mo! Efisɛ mede nea anka a ɛsɛ sɛ mede ma mo no ama Onyankopɔn.’
12 その人には、父や母のために、もはや何もさせないようにしています。
Enti mubu Onyankopɔn mmara a ɔhyɛe no so, sɛnea ɛbɛyɛ a mubetumi abɔ mo amanne ho ban.
13 こうしてあなたがたは、自分たちが受け継いだ言い伝えによって、神のことばを空文にしています。そして、これと同じようなことを、たくさんしているのです。」
Eyi yɛ nhwɛso baako pɛ. Nanso bebree ka ho.”
14 イエスは再び群衆を呼び寄せて言われた。「みな、わたしの言うことを聞いて、悟るようになりなさい。
Afei Yesu frɛɛ nnipakuw no baa ne nkyɛn, ka kyerɛɛ wɔn se, “Mo nyinaa muntie asɛm a mereka yi yiye, na monte ase.
15 外側から人にはいって、人を汚すことのできる物は何もありません。人から出て来るものが、人を汚すものなのです。
Ade biara a ɛkɔ onipa mu no ngu ne ho fi. Na mmom nea ebefi onipa mu aba no na egu ne ho fi.
16 イエスが群衆を離れて、家にはいられると、弟子たちは、このたとえについて尋ねた。
Nea ɔwɔ aso a obetie no ntie.”
Afei Yesu fii nnipakuw no mu kɔɔ fie no, nʼasuafo no bisaa no asɛm a ɔkae no ase.
18 イエスは言われた。「あなたがたまで、そんなにわからないのですか。外側から人にはいって来る物は人を汚すことができない、ということがわからないのですか。
Obisaa wɔn se, “Mo nso monte asɛm a mekae no ase? Munhu sɛ, nea mudi no ngu mo ho fi ana?
19 そのような物は、人の心には、はいらないで、腹にはいり、そして、かわやに出されてしまうのです。」イエスは、このように、すべての食物をきよいとされた。
Efisɛ nea mudi biara no ne mo koma nni hwee yɛ, na mmom ɛfa ɔyafunu no mu kɛkɛ.”
20 また言われた。「人から出るもの、これが、人を汚すのです。
Ɔtoaa so se, “Nea efi onipa mu ba no na egu ne ho fi.
21 内側から、すなわち、人の心から出て来るものは、悪い考え、不品行、盗み、殺人、
Afei nea efi nnipa koma mu ba no, ɛde aguamammɔ, korɔn, awudi,
22 姦淫、貪欲、よこしま、欺き、好色、ねたみ、そしり、高ぶり、愚かさであり、
ayefasɛm, amumɔyɛ, asisi, ahohwi, anibere, abususɛm, ahantan ne nkwaseasɛm ba.
23 これらの悪はみな、内側から出て、人を汚すのです。」
Saa nnebɔne yi nyinaa fi onipa mu na ɛba, na ɛno na egu onipa ho fi a ɛmma ɔmfata Onyankopɔn anim.”
24 イエスは、そこを出てツロの地方へ行かれた。家にはいられたとき、だれにも知られたくないと思われたが、隠れていることはできなかった。
Yesu fi hɔ no, ɔkɔɔ Tiro ne Sidon fam pɛɛ sɛ ɔrekɔhyɛ hɔ komm a obiara nte ne nka, nanso anyɛ ye. Da a oduu hɔ ara pɛ, na nkurɔfo tee ne nka sɛ waba hɔ.
25 汚れた霊につかれた小さい娘のいる女が、イエスのことを聞きつけてすぐにやって来て、その足もとにひれ伏した。
Ɛhɔ ara na ɔbea bi a honhommɔne hyɛ ne babea ketewa bi mu baa ne nkyɛn. Na wate Yesu nka nti, obebuu no nkotodwe.
26 この女はギリシヤ人で、スロ・フェニキヤの生まれであった。そして、自分の娘から悪霊を追い出してくださるようにイエスに願い続けた。
Ɔbea no srɛɛ no sɛ ontu saa honhommɔne no mfi ne ba no mu mma no. Na saa ɔbea yi yɛ Helani a wɔwoo no wɔ Siro-Foinike.
27 するとイエスは言われた。「まず子どもたちに満腹させなければなりません。子どもたちのパンを取り上げて、小犬に投げてやるのはよくないことです。」
Yesu ka kyerɛɛ no se, “Ɛsɛ sɛ mma no mee ansa. Na enye sɛ wɔde mma aduan ma akraman.”
28 しかし、女は答えて言った。「主よ。そのとおりです。でも、食卓の下の小犬でも、子どもたちのパンくずをいただきます。」
Ɔbea no nso buae no se, “Owura, ɛyɛ nokware de, nanso ɛyɛ a wɔde aduan a aka wɔ mmofra no prɛte mu no bi ma akraman a wɔhyehyɛ ɔpon no ase no.”
29 そこでイエスは言われた。「そうまで言うのですか。それなら家にお帰りなさい。悪霊はあなたの娘から出て行きました。」
Yesu ka kyerɛɛ no se, “Wo mmuae pa no nti masa wo babea no yare. Kɔ fie. Honhommɔne no afi ne mu kɔ.”
30 女が家に帰ってみると、その子は床の上に伏せっており、悪霊はもう出ていた。
Oduu fie no, ohuu sɛ ne babea no da mpa so dinn a honhommɔne no afi ne mu ampa ara.
31 それから、イエスはツロの地方を去り、シドンを通って、もう一度、デカポリス地方のあたりのガリラヤ湖に来られた。
Yesu fi Tiro no, ɔfaa Sidon mansin a emu nkurow yɛ du no so beduu Galilea Po so.
32 人々は、耳が聞こえず、口のきけない人を連れて来て、彼の上に手を置いてくださるように願った。
Wɔde ɔsotifo bi a ɔsan yɛ mum brɛɛ no. Wɔn a wɔwɔ hɔ no nyinaa srɛɛ Yesu sɛ, ɔmfa ne nsa nka ɔyarefo no, na ɔnsa no yare.
33 そこで、イエスは、その人だけを群衆の中から連れ出し、その両耳に指を差し入れ、それからつばきをして、その人の舌にさわられた。
Yesu soo ne mu de no fii nnipakuw no mu. Afei ɔde ne nsateaa hyɛɛ ɔbarima no asom, tee ntasu de kaa ne tɛkrɛma.
34 そして、天を見上げ、深く嘆息して、その人に「エパタ。」すなわち、「開け。」と言われた。
Ɔhwɛɛ ɔsoro, guu ahome teɛɛ mu se, “Hefata!” Ase ne, “bue!”
35 すると彼の耳が開き、舌のもつれもすぐに解け、はっきりと話せるようになった。
Amono mu hɔ ara, ɔbarima no aso buei, ne tɛkrɛma sanee, na ofii ase kasae.
36 イエスは、このことをだれにも言ってはならない、と命じられたが、彼らは口止めされればされるほど、かえって言いふらした。
Yesu bɔɔ nnipakuw no ano se, wɔmmmɔ asɛm no dawuru nkyerɛ obiara. Nanso mpɛn dodow a ɔbraa wɔn no, na trɛw ara na wɔn nso wɔretrɛw asɛm no mu.
37 人々は非常に驚いて言った。「この方のなさったことは、みなすばらしい。つんぼを聞こえるようにし、おしを話せるようにしてくださった。」
Saa asɛm yi maa wɔn ho dwiriw wɔn yiye. Enti wɔkae se, “Yesu ayɛ ade nyinaa yiye, ɔma asotifo mpo te asɛm, na mum nso kasa!”

< マルコの福音書 7 >