< ルカの福音書 3 >

1 皇帝テベリオの治世の第十五年、ポンテオ・ピラトがユダヤの総督、ヘロデがガリラヤの国主、その兄弟ピリポがイツリヤとテラコニテ地方の国主、ルサニヤがアビレネの国主であり、
Kaesare Tiberio dii ade ne mfe dunum so na Onyankopɔn asɛm baa Sakaria ba Yohane so wɔ sare so.
2 アンナスとカヤパが大祭司であったころ、神のことばが、荒野でザカリヤの子ヨハネに下った。
Saa bere no na Pilato yɛ amrado wɔ Yudea, na Herode di Galilea mansinhene; ne nua Filipo di Iturea ne Trakoniti mansin so, na Lisania di Abilene mansinhene, na Anas ne Kaiafa nso yɛ Yudafo asɔfo mpanyin.
3 そこでヨハネは、ヨルダン川のほとりのすべての地方に行って、罪が赦されるための悔い改めに基づくバプテスマを説いた。
Yohane kyinkyinii Asubɔnten Yordan ho nyinaa kyerɛkyerɛɛ nnipa se, wɔmma wɔmmɔ wɔn asu nsakra mfi wɔn bɔne ho, na wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn.
4 そのことは預言者イザヤのことばの書に書いてあるとおりである。 「荒野で叫ぶ者の声がする。 『主の道を用意し、 主の通られる道をまっすぐにせよ。
Sɛnea Odiyifo Yesaia kae se, “Nne bi teɛ mu wɔ sare so se, ‘Munsiesie kwan mma Awurade; momma nʼatempɔn nteɛ.
5 すべての谷はうずめられ、 すべての山と丘とは低くされ、 曲がった所はまっすぐになり、 でこぼこ道は平らになる。
Obon biara bɛyɛ ma. Bepɔw ne nkoko nyinaa bɛkɔ fam; asase a ɛyɛ abonkyiabonkyi no bɛyɛ tamaa, na mmeae a ɛyɛ akɔntɔnkye no ayɛ tataw.
6 こうして、あらゆる人が、 神の救いを見るようになる。』」
Na nnipa nyinaa behu Onyankopɔn nkwagye.’”
7 それで、ヨハネは、彼からバプテスマを受けようとして出て来た群衆に言った。「まむしのすえたち。だれが必ず来る御怒りをのがれるように教えたのか。
Yohane ka kyerɛɛ nkurɔfo a wɔbaa hɔ se ɔmmɔ wɔn asu no se, “Awɔ mma! Hena na ɔbɔɔ mo kɔkɔ sɛ munguan mfi abufuwhyew a ɛreba no ho?
8 それならそれで、悔い改めにふさわしい実を結びなさい。『われわれの先祖はアブラハムだ。』などと心の中で言い始めてはいけません。よく言っておくが、神は、こんな石ころからでも、アブラハムの子孫を起こすことがおできになるのです。
Monkɔbɔ ɔbra pa mfa nkyerɛ sɛ moasakra ampa. Na monnhoahoa mo ho sɛ moyɛ Abraham asefo, efisɛ Onyankopɔn betumi ama saa abo yi adan nnipa ma wɔabɛyɛ Abraham asefo.
9 斧もすでに木の根元に置かれています。だから、良い実を結ばない木は、みな切り倒されて、火に投げ込まれます。」
Onyankopɔn de nʼabonnua ato dua biara a ɛnsow aba pa ntin ho sɛ ɔde betwa na ɔde agu gya mu ahyew no.”
10 群衆はヨハネに尋ねた。「それでは、私たちはどうすればよいのでしょう。」
Nnipakuw no bisaa no se, “Na ɛno de, dɛn na yɛnyɛ?”
11 彼は答えて言った。「下着を二枚持っている者は、一つも持たない者に分けなさい。食べ物を持っている者も、そうしなさい。」
Yohane buaa wɔn se, “Sɛ wowɔ ntama abien a, ma nea onni bi no baako. Saa ara nso na sɛ wowɔ aduan a, ma nea onni bi no bi.”
12 取税人たちも、バプテスマを受けに出て来て、言った。「先生。私たちはどうすればよいのでしょう。」
Towgyefo a wɔbaa hɔ sɛ wɔmmɔ wɔn asu no nso bisae se, “Kyerɛkyerɛfo, yɛnyɛ dɛn?”
13 ヨハネは彼らに言った。「決められたもの以上には、何も取り立ててはいけません。」
Obuaa wɔn se, “Munnnye mmmoro nea wɔatwa ato hɔ sɛ munnye no.”
14 兵士たちも、彼に尋ねて言った。「私たちはどうすればよいのでしょうか。」ヨハネは言った。「だれからも、力ずくで金をゆすったり、無実の者を責めたりしてはいけません。自分の給料で満足しなさい。」
Asraafo bi nso bisae se, “Yɛn nso yɛnyɛ dɛn?” Yohane buaa wɔn se, “Mommmɔ apoo, monntoto obiara ano, momma mo akatua nsɔ mo ani!”
15 民衆は救い主を待ち望んでおり、みな心の中で、ヨハネについて、もしかするとこの方がキリストではあるまいか、と考えていたので、
Esiane sɛ saa bere no na nnipa no nyinaa rehwɛ Agyenkwa no kwan nti, na wosusuw sɛ Yohane ne Agyenkwa no.
16 ヨハネはみなに答えて言った。「私は水であなたがたにバプテスマを授けています。しかし、私よりもさらに力のある方がおいでになります。私などは、その方のくつのひもを解く値うちもありません。その方は、あなたがたに聖霊と火とのバプテスマをお授けになります。
Eyi maa Yohane ka kyerɛɛ wɔn se, “Me de, mede nsu na ɛrebɔ mo asu. Nanso obi di mʼakyi a ɔreba a, ɔwɔ tumi sen me na ne mpaboa mpo, mensɛ sɛ mikura. Ɔno de, sɛ ɔba a ɔde Honhom Kronkron ne ogya na ɛbɛbɔ mo asu.
17 また手に箕を持って脱穀場をことごとくきよめ、麦を倉に納め、殻を消えない火で焼き尽くされます。」
Ɔno na sɛ ɔba a, obehuhuw aburow no so ayiyi mu aba pa no afi ntɛtɛ no mu, na ɔde aba pa no akosie na ɔde ogya a ennum da ahyew ntɛtɛ no.”
18 ヨハネは、そのほかにも多くのことを教えて、民衆に福音を知らせた。
Ɔnam afotu ahorow so kaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn.
19 さて国主ヘロデは、その兄弟の妻ヘロデヤのことについて、また、自分の行なった悪事のすべてを、ヨハネに責められたので、
Yohane kaa Herode anim wɔ ne nua yere Herodia a ɔwaree no ne bɔne ahorow a na ɔyɛ no ho.
20 ヨハネを牢に閉じ込め、すべての悪事にもう一つこの悪事を加えた。
Eyi maa Herode de Yohane too afiase.
21 さて、民衆がみなバプテスマを受けていたころ、イエスもバプテスマをお受けになり、そして祈っておられると、天が開け、
Bere a Yohane bɔɔ nkurɔfo pii asu wiee no, ɔbɔɔ Yesu nso asu. Ɔbɔɔ no asu wiee a ɔrebɔ mpae no, ɔsoro buei.
22 聖霊が、鳩のような形をして、自分の上に下られるのをご覧になった。また、天から声がした。「あなたは、わたしの愛する子、わたしはあなたを喜ぶ。」
Honhom Kronkron sian te sɛ aborɔnoma baa Yesu so na nne bi fi ɔsoro kae se, “Wone me Dɔba a wosɔ mʼani.”
23 教えを始められたとき、イエスはおよそ三十歳で、人々からヨセフの子と思われていた。このヨセフは、ヘリの子、順次さかのぼって、
Yesu fii nʼadwuma ase no, na wadi bɛyɛ mfe aduasa. Nkurɔfo susuw sɛ, Yesu yɛ Yosef ba. Yosef agya ne Eli.
24 マタテの子、レビの子、メルキの子、ヤンナイの子、ヨセフの子、
Eli agya ne Mattat; Mattat agya ne Lewi; Lewi agya ne Melki; Melki agya ne Yanai; Yanai agya ne Yosef;
25 マタテヤの子、アモスの子、ナホムの子、エスリの子、ナンガイの子、
Yosef agya ne Matatia; Matatia agya ne Amos; Amos agya ne Nahum; Nahum agya ne Hesli; Hesli agya ne Nagai;
26 マハテの子、マタテヤの子、シメイの子、ヨセクの子、ヨダの子、
Nagai agya ne Mahat; Mahat agya ne Matatia; Matatia agya ne Semein; Semein agya ne Yosek; Yosek agya ne Yoda;
27 ヨハナンの子、レサの子、ゾロバベルの子、サラテルの子、ネリの子、
Yoda agya ne Yohanan; Yohanan agya ne Resa; Resa agya ne Serubabel; Serubabel agya ne Sealtiel; Sealtiel agya ne Neri;
28 メルキの子、アデイの子、コサムの子、エルマダムの子、エルの子、
Neri agya ne Melki; Melki agya ne Adi; Adi agya ne Kosam; Kosam agya ne Elmadam; Elmadam agya ne Er;
29 ヨシュアの子、エリエゼルの子、ヨリムの子、マタテの子、レビの子、
Er agya ne Yosua; Yosua agya ne Elieser; Elieser agya ne Yorim; Yorim agya ne Matat; Mattat agya ne Lewi;
30 シメオンの子、ユダの子、ヨセフの子、ヨナムの子、エリヤキムの子、
Lewi agya ne Simeon; Simeon agya ne Yuda; Yuda agya ne Yosef; Yosef agya ne Yonam; Yonam agya ne Eliakim;
31 メレヤの子、メナの子、マタタの子、ナタンの子、ダビデの子、
Eliakim agya ne Melea; Melea agya ne Mena; Mena agya ne Matata; Matata agya ne Natan; Natan agya ne Dawid;
32 エッサイの子、オベデの子、ボアズの子、サラの子、ナアソンの子、
Dawid agya ne Yisai; Yisai agya ne Obed; Obed agya ne Boas; Boas agya ne Sala; Sala agya ne Nahson;
33 アミナダブの子、アデミンの子、アルニの子、エスロンの子、パレスの子、ユダの子、
Nahson agya ne Aminadab; Aminadab agya ne Admin; Admin agya ne Arni; Arni agya ne Hesron; Hesron agya ne Peres; Peres agya ne Yuda;
34 ヤコブの子、イサクの子、アブラハムの子、テラの子、ナホルの子、
Yuda agya ne Yakob; Yakob agya ne Isak; Isak agya ne Abraham; Abraham agya ne Tera; Tera agya ne Nahor;
35 セルグの子、レウの子、ペレグの子、エベルの子、サラの子、
Nahor agya ne Serug; Serug agya ne Reu; Reu agya ne Peleg; Peleg agya ne Eber; Eber agya ne Sala;
36 カイナンの子、アルパクサデの子、セムの子、ノアの子、ラメクの子、
Sala agya ne Kainan; Kainan agya ne Arfaksad; Arfaksad agya ne Sem; Sem agya ne Noa; Noa agya ne Lamek;
37 メトセラの子、エノクの子、ヤレデの子、マハラレルの子、カイナンの子、
Lamek agya ne Metusela; Metusela agya ne Henok; Henok agya ne Yared; Yared agya ne Mahalalel; Mahalalel agya ne Kenan;
38 エノスの子、セツの子、アダムの子、このアダムは神の子である。
Kenan agya ne Enos; Enos agya ne Set; Set agya ne Adam; Adam agya ne Onyankopɔn.

< ルカの福音書 3 >