< ヘブル人への手紙 5 >

1 大祭司はみな、人々の中から選ばれ、神に仕える事がらについて人々に代わる者として、任命を受けたのです。それは、罪のために、ささげ物といけにえとをささげるためです。
Woyii Ɔsɔfopanyin biara fii nnipa bi mu na wasi wɔn anan mu de wɔn akyɛde ne wɔn bɔne ho afɔre asom Onyankopɔn.
2 彼は、自分自身も弱さを身にまとっているので、無知な迷っている人々を思いやることができるのです。
Esiane sɛ nʼankasa yɛ mmerɛw wɔ akwan ahorow pii so no nti, otumi tɔ ne bo ase ma wɔn a wonnim na wɔyɛ mfomso no.
3 そしてまた、その弱さのゆえに、民のためだけでなく、自分のためにも、罪のためのささげ物をしなければなりません。
Ne mmerɛwyɛ nti, sɛ ɔrebɔ bɔne ho afɔre a, ɛsɛ sɛ ɔbɔ ma ne ho ne afoforo nso.
4 まただれでも、この名誉は自分で得るのではなく、アロンのように神に召されて受けるのです。
Obiara ntumi nyi ne ho mfa nhyɛ ne ho anuonyam sɛ ɔyɛ Ɔsɔfopanyin. Onyankopɔn frɛ nko na onipa nam so bɛyɛ Ɔsɔfopanyin sɛnea wɔfrɛɛ Aaron no.
5 同様に、キリストも大祭司となる栄誉を自分で得られたのではなく、彼に、 「あなたは、わたしの子。 きょう、わたしがあなたを生んだ。」 と言われた方が、それをお与えになったのです。
Saa ara nso na Kristo annye anto ne ho so sɛ ɔyɛ Ɔsɔfopanyin amfa anhyɛ ne ho anuonyam. Na mmom Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, “Woyɛ me Ba; nnɛ, mayɛ wʼAgya.”
6 別の個所で、こうも言われます。 「あなたは、とこしえに、 メルキゼデクの位に等しい祭司である。」 (aiōn g165)
Ɔsan kaa wɔ baabi foforo se, “Wobɛyɛ ɔsɔfo akosi daa sɛnea Melkisedek asɔfokwan nhyehyɛe te no.” (aiōn g165)
7 キリストは、人としてこの世におられたとき、自分を死から救うことのできる方に向かって、大きな叫び声と涙とをもって祈りと願いをささげ、そしてその敬虔のゆえに聞き入れられました。
Yesu baa ɔhonam mu wɔ asase so no, ɔbɔɔ mpae nam nkotosrɛ so de nʼabisade too Onyankopɔn a obetumi agye no afi owu mu no anim. Esiane sɛ odwo na ɔde ne ho nyinaa som no no nti, Onyankopɔn tiee no.
8 キリストは御子であられるのに、お受けになった多くの苦しみによって従順を学び、
Ɛwɔ mu sɛ na ɔyɛ Onyankopɔn Ba de, nanso ɔnam nʼamanehunu so suaa ahobrɛase.
9 完全な者とされ、彼に従うすべての人々に対して、とこしえの救いを与える者となり、 (aiōnios g166)
Na owiee pɛyɛ no, wɔn a wotie no no nam ne so nya nkwagye a enni awiei, (aiōnios g166)
10 神によって、メルキゼデクの位に等しい大祭司ととなえられたのです。
na Onyankopɔn ada no adi sɛ ɔyɛ Ɔsɔfopanyin sɛnea Melkisedek asɔfokwan nhyehyɛe te no.
11 この方について、私たちは話すべきことをたくさん持っていますが、あなたがたの耳が鈍くなっているため、説き明かすことが困難です。
Yɛwɔ eyi ho nsɛm pii ka, nanso emu kyerɛkyerɛ yɛ den, efisɛ mo ntease yɛ den.
12 あなたがたは年数からすれば教師になっていなければならないにもかかわらず、神のことばの初歩をもう一度だれかに教えてもらう必要があるのです。あなたがたは堅い食物ではなく、乳を必要とするようになっています。
Moayɛ nkyerɛkyerɛ adwuma no akyɛ, nanso ɛsɛ sɛ munya obi ma ɔkyerɛkyerɛ mo Onyankopɔn ho asɛm fi ne mfiase. Anka ɛsɛ sɛ saa bere yi mudi aduan a ɛyɛ den, nanso nufusu na eye ma mo.
13 まだ乳ばかり飲んでいるような者はみな、義の教えに通じてはいません。幼子なのです。
Obiara a nufusu ye ma no no da so yɛ akokoaa a onnim nea eye ne nea enye.
14 しかし、堅い食物はおとなの物であって、経験によって良い物と悪い物とを見分ける感覚を訓練された人たちの物です。
Aduan a ɛyɛ den ye ma mpanyimfo a wɔatetew wɔn na wɔahu nsonoe a ɛda papa ne bɔne ntam no.

< ヘブル人への手紙 5 >