< 使徒の働き 5 >

1 ところが、アナニヤという人は、妻のサッピラとともにその持ち物を売り、
Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Anania ne ne yere Safira kɔtɔn wɔn agyapadeɛ bi.
2 妻も承知のうえで、その代金の一部を残しておき、ある部分を持って来て、使徒たちの足もとに置いた。
Ɔne ne yere yi yɛɛ adwene de sika a wɔnyaeɛ no bi sieeɛ na wɔde nkaeɛ no brɛɛ asomafoɔ no.
3 そこで、ペテロがこう言った。「アナニヤ。どうしてあなたはサタンに心を奪われ、聖霊を欺いて、地所の代金の一部を自分のために残しておいたのか。
Petro bisaa no sɛ, “Anania, adɛn enti na woama ɔbonsam ho kwan ama wabɛhyɛ wo mu na woadi atorɔ akyerɛ Honhom Kronkron no na wode sika a wonyaeɛ no bi asie?
4 それはもともとあなたのものであり、売ってからもあなたの自由になったのではないか。なぜこのようなことをたくらんだのか。あなたは人を欺いたのではなく、神を欺いたのだ。」
Ansa na worebɛtɔn agyapadeɛ no na ɛyɛ wʼankasa wo dea; wotɔn wieeɛ no nso, sika a wonyaeɛ no, na ɛyɛ wo dea; na adɛn enti na woyɛɛ wʼadwene sɛ wobɛyɛ deɛ woayɛ yi? Ɛnyɛ nnipa na woadi atorɔ akyerɛ wɔn, na mmom, woadi atorɔ akyerɛ Onyankopɔn.”
5 アナニヤはこのことばを聞くと、倒れて息が絶えた。そして、これを聞いたすべての人に、非常な恐れが生じた。
Anania tee saa asɛm yi ara pɛ, ɔtwa hwee fam wuiɛ; na ehu kaa obiara a ɔtee saa asɛm yi no.
6 青年たちは立って、彼を包み、運び出して葬った。
Wɔn mu mmeranteɛ no baeɛ bɛkyekyeree amu no firii adi kɔsiee no.
7 三時間ほどたって、彼の妻はこの出来事を知らずにはいって来た。
Ɛbɛyɛ nnɔnhwere mmiɛnsa akyi no, ne yere a na ɔnnim asɛm a asi no baa hɔ.
8 ペテロは彼女にこう言った。「あなたがたは地所をこの値段で売ったのですか。私に言いなさい。」彼女は「はい。その値段です。」と言った。
Petro bisaa no sɛ, “Wo ne wo kunu, motɔn mo asase no, sika a monyaeɛ nyinaa ara nie? Ka kyerɛ me.” Ɔbuaa sɛ, “Aane ne nyinaa ne no.”
9 そこで、ペテロは彼女に言った。「どうしてあなたがたは心を合わせて、主の御霊を試みたのですか。見なさい、あなたの夫を葬った者たちが、戸口に来ていて、あなたをも運び出します。」
Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Adɛn enti na wo ne wo kunu penee so sɛ mobɛsɔ Onyankopɔn Honhom ahwɛ? Hwɛ! Nnipa a wɔkɔsiee wo kunu no gyina ɛpono yi akyi, na saa ara na wo nso, wɔbɛsoa wo akɔsie wo.”
10 すると彼女は、たちまちペテロの足もとに倒れ、息が絶えた。はいって来た青年たちは、彼女が死んだのを見て、運び出し、夫のそばに葬った。
Amonom hɔ ara, ɔtwa hwee Petro anim wuiɛ. Mmeranteɛ no bɛhunuu sɛ wawu no, wɔsoaa no, kɔsiee no wɔ ne kunu nkyɛn.
11 そして、教会全体と、このことを聞いたすべての人たちとに、非常な恐れが生じた。
Ehu kɛseɛ bɔɔ asafo no nyinaa ne nnipa a wɔtee saa asɛm yi no.
12 また、使徒たちの手によって、多くのしるしと不思議なわざが人々の間で行なわれた。みなは一つ心になってソロモンの廊にいた。
Na asomafoɔ no taa hyia wɔ asɔredan no fa baabi a wɔfrɛ no “Salomo Abrannaa” so hɔ. Sɛ wɔhyia wɔ hɔ saa a, wɔyɛ anwanwadeɛ ahodoɔ pii.
13 ほかの人々は、ひとりもこの交わりに加わろうとしなかったが、その人々は彼らを尊敬していた。
Ɛwom sɛ na nnipa a wɔnka wɔn ho no di wɔn ho adanseɛ pa de, nanso wɔn mu biara antumi amfa wɔn ho ankɔbɔ asomafoɔ no ho.
14 そればかりか、主を信じる者は男も女もますますふえていった。
Akyire no, nnipa dodoɔ a wɔgyee Awurade diiɛ no bɛkaa agyidifoɔ no ho.
15 ついに、人々は病人を大通りへ運び出し、寝台や寝床の上に寝かせ、ペテロが通りかかるときには、せめてその影でも、だれかにかかるようにするほどになった。
Esiane anwanwadeɛ a na asomafoɔ no reyɛ no enti, wɔsoaa ayarefoɔ baa mmɔntene so de wɔn totoo mpa ne kɛtɛ so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Petro sunsum bɛtɔ wɔn mu bi so kɛkɛ.
16 また、エルサレムの付近の町々から、大ぜいの人が、病人や、汚れた霊に苦しめられている人などを連れて集まって来たが、その全部がいやされた。
Nkurɔfoɔ a wɔfifiri nkuro a atwa Yerusalem ho ahyia no de wɔn ayarefoɔ ne wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn mu no baeɛ na wɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ.
17 そこで、大祭司とその仲間たち全部、すなわちサドカイ派の者はみな、ねたみに燃えて立ち上がり、
Ɔsɔfopanin ne nʼahokafoɔ ne Sadukifoɔ no ani beree asomafoɔ no so yie enti wɔyɛɛ adwene sɛ wɔbɛtwe wɔn aso.
18 使徒たちを捕え、留置場に入れた。
Ɛno enti, wɔkyeree asomafoɔ no de wɔn kɔguu afiase.
19 ところが、夜、主の使いが牢の戸を開き、彼らを連れ出し、
Ɛda no ara anadwo, Awurade ɔbɔfoɔ bɛbuee afiase apono no dii asomafoɔ no anim ka kyerɛɛ wɔn sɛ,
20 「行って宮の中に立ち、人々にこのいのちのことばを、ことごとく語りなさい。」と言った。
“Monkɔ asɔredan mu nkɔka nkwa foforɔ yi ho asɛm nkyerɛ nnipa no.”
21 彼らはこれを聞くと、夜明けごろ宮にはいって教え始めた。一方、大祭司とその仲間たちは集まって来て、議会とイスラエル人のすべての長老を召集し、使徒たちを引き出して来させるために、人を獄舎にやった。
Asomafoɔ no dii asɛm a ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn no so; enti, anɔpahema no wɔkɔɔ asɔredan mu hɔ hyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛeɛ. Ɔsɔfopanin no ne nʼahokafoɔ no frɛɛ Yudafoɔ mpanin maa wɔyɛɛ nhyiamu kɛseɛ bi; afei, wɔsoma maa wɔkɔɔ afiase hɔ sɛ wɔnkɔfa asomafoɔ no mmra wɔn anim.
22 ところが役人たちが行ってみると、牢の中には彼らがいなかったので、引き返してこう報告した。
Nanso, ɛberɛ a nnipa no duruu afiase hɔ no, wɔanhunu asomafoɔ no; enti wɔsane ba bɛbɔɔ wɔn amaneɛ sɛ,
23 「獄舎は完全にしまっており、番人たちが戸口に立っていましたが、あけてみると、中にはだれもおりませんでした。」
“Ɛberɛ a yɛduruu afiase hɔ no, yɛhunuu sɛ wɔatoto afiase apono no nyinaa mu petee a awɛmfoɔ no gyinagyina ano. Nanso, yɛbuebuee apono no no, yɛanhunu obiara wɔ mu.”
24 宮の守衛長や祭司長たちは、このことばを聞いて、いったいこれはどうなって行くのかと、使徒たちのことで当惑した。
Ɛberɛ a ɔpanin a ɔhwɛ asɔredan mu awɛmfoɔ no so ne asɔfoɔ mpanin no tee saa asɛm yi no, wɔn adwene mu yɛɛ wɔn nnaa, ɛfiri sɛ, na wɔnhunu asɛm a asi.
25 そこへ、ある人がやって来て、「大変です。あなたがたが牢に入れた人たちが、宮の中に立って、人々を教えています。」と告げた。
Ankyɛre koraa na ɔbarima bi baa hɔ bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Nnipa a mode wɔn guu afiase no gyinagyina asɔredan no mu rekyerɛkyerɛ nnipa no.”
26 そこで、宮の守衛長は役人たちといっしょに出て行き、使徒たちを連れて来た。しかし、手荒なことはしなかった。人々に石で打ち殺されるのを恐れたからである。
Awɛmfoɔ no so panin no tee asɛm yi no, ɔne ne nkurɔfoɔ no kɔkyeree asomafoɔ no de wɔn baeɛ. Awɛmfoɔ no so panin no ne awɛmfoɔ no amfa asomafoɔ no amma ɔhyɛ so, ɛfiri sɛ, na wɔnim sɛ, sɛ wɔyɛ saa a, nnipa no bɛsi wɔn aboɔ.
27 彼らが使徒たちを連れて来て議会の中に立たせると、大祭司は使徒たちを問いただして、
Wɔde asomafoɔ no bɛgyinaa agyinatufoɔ no anim maa Ɔsɔfopanin no ka kyerɛɛ wɔn sɛ,
28 言った。「あの名によって教えてはならないときびしく命じておいたのに、何ということだ。エルサレム中にあなたがたの教えを広めてしまい、そのうえ、あの人の血の責任をわれわれに負わせようとしているではないか。」
“Yɛhyɛɛ mo sɛ monnkyerɛkyerɛ wɔ Yesu din mu, nanso moantie. Mode mo nkyerɛkyerɛ yi afa Yerusalem baabiara, na mopɛ sɛ mokyerɛ sɛ, yɛn na yɛkumm saa ɔbarima no!”
29 ペテロをはじめ使徒たちは答えて言った。「人に従うより、神に従うべきです。
Petro ne asomafoɔ a wɔka ne ho no buaa wɔn sɛ, “Ɛsɛ sɛ yɛtie Onyankopɔn na ɛnyɛ nnipa,
30 私たちの先祖の神は、あなたがたが十字架にかけて殺したイエスを、よみがえらせたのです。
ɛfiri sɛ, mobɔɔ Yesu asɛnnua mu, kumm no no, yɛn agyanom Onyankopɔn nyanee no firii owuo mu.
31 そして神は、イスラエルに悔い改めと罪の赦しを与えるために、このイエスを君とし、救い主として、ご自分の右に上げられました。
Onyankopɔn hyɛɛ no animuonyam de no tenaa ne nsa nifa so sɛ Ɔhene ne Agyenkwa a ɛnam so bɛma Israelfoɔ asakyera wɔn adwene na wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn.
32 私たちはそのことの証人です。神がご自分に従う者たちにお与えになった聖霊もそのことの証人です。」
Yɛne Honhom Kronkron a ɛyɛ akyɛdeɛ a Awurade de ma wɔn a wɔtie no no di yei ho adanseɛ.”
33 彼らはこれを聞いて怒り狂い、使徒たちを殺そうと計った。
Agyinatufoɔ no tee saa asɛm yi no, wɔn bo fuiɛ na wɔkaa sɛ wɔbɛkum asomafoɔ no.
34 ところが、すべての人に尊敬されている律法学者で、ガマリエルというパリサイ人が議会の中に立ち、使徒たちをしばらく外に出させるように命じた。
Nanso, wɔn mu baako a wɔfrɛ no Gamaliel a ɔyɛ Farisini na ɔsane yɛ Atwerɛsɛm no ɔkyerɛkyerɛfoɔ a na nnipa bu no no, sɔre gyina hyɛɛ sɛ wɔmfa asomafoɔ no mfiri adi.
35 それから、議員たちに向かってこう言った。「イスラエルの皆さん。この人々をどう扱うか、よく気をつけてください。
Afei, ɔkasa kyerɛɛ agyinatufoɔ no sɛ, “Me nuanom Israel mmarima, monnwene deɛ mopɛ sɛ moyɛ saa nnipa yi no ho yie.
36 というのは、先ごろチゥダが立ち上がって、自分を何か偉い者のように言い、彼に従った男の数が四百人ほどありましたが、結局、彼は殺され、従った者はみな散らされて、あとかたもなくなりました。
Ɛnkyɛree biara na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Teuda sɔre, kaa sɛ ɔyɛ onipa titire bi maa nnipa bɛyɛ ahanan tu dii nʼakyi. Nanso, wɔkumm no ma nʼakyidifoɔ no nyinaa bɔ hweteeɛ.
37 その後、人口調査のとき、ガリラヤ人ユダが立ち上がり、民衆をそそのかして反乱を起こしましたが、自分は滅び、従った者たちもみな散らされてしまいました。
Nʼakyi no, Yuda a ɔfiri Galilea nso sɔree nnipakanberɛ no mu. Ɔno nso nnipa pii dii nʼakyi. Saa ara na ɔno nso wɔkumm no ma nʼakyidifoɔ no bɔ hweteeɛ.
38 そこで今、あなたがたに申したいのです。あの人たちから手を引き、放っておきなさい。もし、その計画や行動が人から出たものならば、自滅してしまうでしょう。
Ɛno enti metu mo fo sɛ, monnyaa saa nnipa yi ma wɔnkɔ wɔn baabi. Sɛ wɔn nkyerɛkyerɛ ne wɔn nnwuma yi firi onipa a, ɛbɛgu.
39 しかし、もし神から出たものならば、あなたがたには彼らを滅ぼすことはできないでしょう。もしかすれば、あなたがたは神に敵対する者になってしまいます。」彼らは彼に説得され、
Nanso, sɛ ɛfiri Onyankopɔn a morentumi nsi wɔn kwan. Mobɛhunu sɛ moreko atia Onyankopɔn.”
40 使徒たちを呼んで、彼らをむちで打ち、イエスの名によって語ってはならないと言い渡したうえで釈放した。
Agyinatufoɔ no tiee Gamaliel afotuo no. Wɔmaa wɔde asomafoɔ no baeɛ maa wɔbɔɔ wɔn mmaa hyɛɛ wɔn sɛ wɔmmmɔ Yesu din mfa nkyerɛkyerɛ bio. Afei wɔgyaa wɔn.
41 そこで、使徒たちは、御名のためにはずかしめられるに値する者とされたことを喜びながら、議会から出て行った。
Esiane sɛ asomafoɔ no hunuu sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔhunu amane wɔ Yesu din mu no enti, wɔde anigyeɛ na wɔfirii asɛnniiɛ hɔ.
42 そして、毎日、宮や家々で教え、イエスがキリストであることを宣べ伝え続けた。
Wɔannyae Yesu Kristo ho asɛm pa no ka ne nkyerɛkyerɛ wɔ asɔrefie ne afie mu da.

< 使徒の働き 5 >