< 使徒の働き 2 >

1 五旬節の日になって、みなが一つ所に集まっていた。
Pentekoste da no duu no, na asuafo no nyinaa ahyia wɔ faako.
2 すると突然、天から、激しい風が吹いて来るような響きが起こり、彼らのいた家全体に響き渡った。
Amono mu hɔ ara, nne bi te sɛ ahum a ɛretu fi ɔsoro ba bɛhyɛɛ ofi a na wɔwɔ mu no ma.
3 また、炎のような分かれた舌が現われて、ひとりひとりの上にとどまった。
Ogya a ɛredɛw a ɛte sɛ tɛkrɛma besisii wɔn so mmaako mmaako.
4 すると、みなが聖霊に満たされ、御霊が話させてくださるとおりに、他国のことばで話しだした。
Honhom Kronkron no hyɛɛ wɔn nyinaa ma, na wɔkaa kasa foforo, sɛnea Honhom no maa wɔn ho kwan no.
5 さて、エルサレムには、敬虔なユダヤ人たちが、天下のあらゆる国から来て住んでいたが、
Saa bere no na Yudafo bi a wɔfɛre Nyame fi mmeaemmeae aba Yerusalem.
6 この物音が起こると、大ぜいの人々が集まって来た。彼らは、それぞれ自分の国のことばで弟子たちが話すのを聞いて、驚きあきれてしまった。
Wɔtee nea ɛrekɔ so no, wɔbɔɔ twi behyiae, na ɛyɛɛ wɔn nwonwa ne ahodwiriw, efisɛ obiara tee sɛ wɔreka ne kurom kasa.
7 彼らは驚き怪しんで言った。「どうでしょう。いま話しているこの人たちは、みなガリラヤの人ではありませんか。
Enti wobisae se, “Na saa nnipa yi a wɔrekasa yi nyɛ Galileafo ana?
8 それなのに、私たちめいめいの国の国語で話すのを聞くとは、いったいどうしたことでしょう。
Na adɛn nti na yɛte sɛ wɔreka Onyankopɔn anwonwadwuma ho asɛm wɔ yɛn a yɛyɛ
9 私たちは、パルテヤ人、メジヤ人、エラム人、またメソポタミヤ、ユダヤ、カパドキヤ、ポントとアジヤ、
Partifo, Mediafo ne Elamfo, ne wɔn a wɔte Mesopotamia ne Yudea ne Kapadokia, Ponto, Asia,
10 フルギヤとパンフリヤ、エジプトとクレネに近いリビヤ地方などに住む者たち、また滞在中のローマ人たちで、
Frigia ne Pamfilia, Misraim ne Libia fa a ɛbɛn Kirene ne ahɔho a wofi Roma, Yudafo ne wɔn a wɔasakra aba Yudasom mu,
11 ユダヤ人もいれば改宗者もいる。またクレテ人とアラビヤ人なのに、あの人たちが、私たちのいろいろな国ことばで神の大きなみわざを語るのを聞こうとは。」
ne Kretafo ne Arabfo mu biara kasa mu yi?”
12 人々はみな、驚き惑って、互いに「いったいこれはどうしたことか。」と言った。
Wɔde ahodwiriw bisae se, “Eyi ase ne dɛn?”
13 しかし、ほかに「彼らは甘いぶどう酒に酔っているのだ。」と言ってあざける者たちもいた。
Afoforo nso dii wɔn ho fɛw se, “Saa nnipa yi abobow nsa.”
14 そこで、ペテロは十一人とともに立って、声を張り上げ、人々にはっきりとこう言った。「ユダヤの人々、ならびにエルサレムに住むすべての人々。あなたがたに知っていただきたいことがあります。どうか、私のことばに耳を貸してください。
Petro ne asomafo dubaako no sɔre gyinaa hɔ na ɔkasaa denneennen kyerɛɛ nnipa no se, “Me nuanom Yudafo ne mo a mote Yerusalem nyinaa, muntie asɛm a mereka yi.
15 今は朝の九時ですから、あなたがたの思っているようにこの人たちは酔っているのではありません。
Saa nnipa yi mmow nsa sɛnea mususuw no, efisɛ ade nnya nkyee a ɛsɛ sɛ obi nom nsa bow.
16 これは、預言者ヨエルによって語られた事です。
Asɛm a asi yi na odiyifo Yoel hyɛɛ ho nkɔm se:
17 『神は言われる。 終わりの日に、わたしの霊をすべての人に注ぐ。 すると、あなたがたの息子や娘は預言し、 青年は幻を見、 老人は夢を見る。
“‘Onyankopɔn kae se, nna a edi akyiri no, mehwie me Honhom no agu nnipa nyinaa so. Mo mmabarima ne mo mmabea bɛhyɛ nkɔm, mo mmerante nso ahu anisoade. Na mo mpanyin nso asoso adae.
18 その日、わたしのしもべにも、はしためにも、 わたしの霊を注ぐ。 すると、彼らは預言する。
Saa mmere no mu no, mehwie me Honhom agu mʼasomfo mpo so, mmarima ne mmea, ama wɔahyɛ nkɔm.
19 また、わたしは、上は天に不思議なわざを示し、 下は地にしるしを示す。 それは、血と火と立ち上る煙である。
Mede mogya ne ogya ne wusiw kumɔnn bɛyɛ anwonwade ne nsɛnkyerɛnne wɔ ɔsoro ne asase so.
20 主の大いなる輝かしい日が来る前に、 太陽はやみとなり、月は血に変わる。
Ansa na Awurade da kɛse no bɛba no, owia beduru sum na ɔsram nso ayɛ sɛ mogya.
21 しかし、主の名を呼ぶ者は、みな救われる。』
Na obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no benya nkwa.’
22 イスラエルの人たち。このことばを聞いてください。神はナザレ人イエスによって、あなたがたの間で力あるわざと、不思議なわざと、あかしの奇蹟を行なわれました。それらのことによって、神はあなたがたに、この方のあかしをされたのです。これは、あなたがた自身がご承知のように、
“Israelfo, muntie! Yesu Nasareni no yɛ ɔbarima bi a ne dwuma kronkron a obedii no daa adi wɔ tumi ne anwonwade ne nsɛnkyerɛnne a Onyankopɔn nam ne so yɛe a mo ankasa di ho adanse no mu.
23 神の定めた計画と神の予知とによって引き渡されたこの方を、あなたがたは不法な者の手によって十字架につけて殺しました。
Onyankopɔn ankasa fi ne pɛ ne ne nhumu mu sii gyinae yii Yesu maa mo, na mode no maa nnebɔneyɛfo ma wɔbɔɔ no asennua mu kum no.
24 しかし神は、この方を死の苦しみから解き放って、よみがえらせました。この方が死につながれていることなど、ありえないからです。
Nanso Onyankopɔn nyan no fii owu mu ma oyii no fii owuyaw mu, efisɛ owu antumi anni ne so.”
25 ダビデはこの方について、こう言っています。 『私はいつも、自分の目の前に主を見ていた。 主は、私が動かされないように、 私の右におられるからである。
Asɛm a Dawid ka faa ne ho ne sɛ, “Mihu Awurade wɔ mʼani so daa nyinaa. Esiane sɛ ɔwɔ me nsa nifa nti, merenhinhim da.
26 それゆえ、私の心は楽しみ、 私の舌は大いに喜んだ。 さらに私の肉体も望みの中に安らう。
Ɛno nti me kra ani gye, na me tɛkrɛma di ahurusi. Me nipadua nso bɛhome asomdwoe mu.
27 あなたは私のたましいをハデスに捨てて置かず、 あなたの聖者が朽ち果てるのを お許しにならないからである。 (Hadēs g86)
Efisɛ worennyaw me awufo mu. Na woremma wo Kronkronni no mporɔw. (Hadēs g86)
28 あなたは、私にいのちの道を知らせ、 御顔を示して、私を喜びで満たしてくださる。』
Woakyerɛ me nkwagye kwan; na wobɛma mʼani agye wɔ wʼanim.
29 兄弟たち。先祖ダビデについては、私はあなたがたに、確信をもって言うことができます。彼は死んで葬られ、その墓は今日まで私たちのところにあります。
“Anuanom, ɛsɛ sɛ meda mʼadwene adi pefee wɔ yɛn panyin Dawid ho. Owui na wosiee no, na ne nna da so wɔ hɔ besi nnɛ.
30 彼は預言者でしたから、神が彼の子孫のひとりを彼の王位に着かせると誓って言われたことを知っていたのです。
Na ɔyɛ odiyifo a onim bɔ bi a Onyankopɔn ahyɛ no no. Onyankopɔn hyɛɛ bɔ se ɔbɛyɛ Dawid asefo no mu baako ɔhene, sɛnea Dawid yɛ ɔhene no ara pɛ.
31 それで後のことを予見して、キリストの復活について、『彼はハデスに捨てて置かれず、その肉体は朽ち果てない。』と語ったのです。 (Hadēs g86)
Dawid huu nea Onyankopɔn rebɛyɛ no ɔkasa faa owusɔre a ɛfa Agyenkwa no ho se, ‘Wɔannyaw no awufo mu. Ne honam nso amporɔw.’ (Hadēs g86)
32 神はこのイエスをよみがえらせました。私たちはみな、そのことの証人です。
Onyankopɔn anyan saa Yesu yi afi owu mu, na yɛn nyinaa yɛ saa asɛm yi ho nnansefo.
33 ですから、神の右に上げられたイエスが、御父から約束された聖霊を受けて、今あなたがたが見聞きしているこの聖霊をお注ぎになったのです。
Wɔahyɛ no anuonyam de no akɔtena Onyankopɔn nifa so ma ne nsa aka Honhom Kronkron no a Agya no hyɛɛ no ho bɔ no; ɛno na wahwie agu yɛn so, na ɛho nsɛnkyerɛnne na muhu na mote yi.
34 ダビデは天に上ったわけではありません。彼は自分でこう言っています。 『主は私の主に言われた。
Dawid ankasa de, wankɔ ɔsoro, na mmom ɔkae se, “‘Awurade ka kyerɛɛ me wura se, “Tena me nsa nifa so ha,
35 わたしがあなたの敵をあなたの足台とするまでは わたしの右の座に着いていなさい。』
kosi sɛ mede wʼatamfo bɛyɛ wʼanan ntiaso.”’
36 ですから、イスラエルのすべての人々は、このことをはっきりと知らなければなりません。すなわち、神が、今や主ともキリストともされたこのイエスを、あなたがたは十字架につけたのです。」
“Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa hu sɛ, mo na mobɔɔ saa Yesu yi a Onyankopɔn ayɛ no Awurade ne Agyenkwa no asennua mu.”
37 人々はこれを聞いて心を刺され、ペテロとほかの使徒たちに、「兄弟たち。私たちはどうしたらよいでしょうか。」と言った。
Bere a nnipa no tee saa asɛm yi, ɛhaw wɔn yiye. Enti wobisaa Petro ne asomafo a wɔaka no se, “Anuanom, dɛn na yɛnyɛ?”
38 そこでペテロは彼らに答えた。「悔い改めなさい。そして、それぞれ罪を赦していただくために、イエス・キリストの名によってバプテスマを受けなさい。そうすれば、賜物として聖霊を受けるでしょう。
Petro ka kyerɛɛ wɔn se, “Monsakra mo adwene na momma wɔmmɔ mo asu wɔ Yesu Kristo din mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde mo bɔne bɛkyɛ mo na moanya Onyankopɔn akyɛde a ɛyɛ Honhom Kronkron no.
39 なぜなら、この約束は、あなたがたと、その子どもたち、ならびにすべての遠くにいる人々、すなわち、私たちの神である主がお召しになる人々に与えられているからです。」
Onyankopɔn hyɛɛ Honhom Kronkron yi ho bɔ maa mo ne mo mma ne wɔn a wɔtete akyirikyiri ne wɔn a Awurade, yɛn Nyankopɔn bɛfrɛ wɔn aba ne nkyɛn no nyinaa.”
40 ペテロは、このほかにも多くのことばをもって、あかしをし、「この曲がった時代から救われなさい。」と言って彼らに勧めた。
Petro kaa nsɛm bebree kyerɛɛ wɔn se, “Munnye mo ho mfi asotwe a ɛreba saa nnebɔneyɛfo yi so no mu.”
41 そこで、彼のことばを受け入れた者は、バプテスマを受けた。その日、三千人ほどが弟子に加えられた。
Wɔn mu dodow no ara gyee asɛm no di ma wɔbɔɔ wɔn asu. Saa da no, nnipa bɛyɛ mpensa na wɔbɛkaa agyidifo no ho.
42 そして、彼らは使徒たちの教えを堅く守り、交わりをし、パンを裂き、祈りをしていた。
Daa na wɔde wɔn adagyew nyinaa sua asomafo no nkyerɛkyerɛ. Wɔne wɔn nyaa ayɔnkofa, hyia didi bɔɔ mu ne wɔn bɔɔ mpae.
43 そして、一同の心に恐れが生じ、使徒たちによって、多くの不思議なわざとあかしの奇蹟が行なわれた。
Asomafo no yɛɛ anwonwade ahorow bebree ma obiara a ohuu no ho dwiriw no.
44 信者となった者たちはみないっしょにいて、いっさいの物を共有にしていた。
Gyidifo no nyinaa kɔɔ so tenaa ase sɛ nnipa koro, na wɔkyekyɛɛ wɔn ahode mu memaa wɔn ho wɔn ho.
45 そして、資産や持ち物を売っては、それぞれの必要に応じて、みなに分配していた。
Wɔtɔn wɔn ahode kyekyɛɛ sika a wonya fii mu no maa wɔn ho wɔn ho sɛnea ɛho hia obiara.
46 そして毎日、心を一つにして宮に集まり、家でパンを裂き、喜びと真心をもって食事をともにし、
Daa na wɔbɔ mu hyia wɔ asɔredan mu de anigye ne koma pa bɔ mu didi wɔ wɔn afi mu. Wɔkamfoo Onyankopɔn, nyaa anuonyam wɔ nnipa anim.
47 神を賛美し、すべての民に好意を持たれた。主も毎日救われる人々を仲間に加えてくださった。
Da biara na Awurade de wɔn a ogye wɔn nkwa no bɛka wɔn ho.

< 使徒の働き 2 >