< 詩篇 29 >

1 ダビデの歌 なんぢら神の子らよ ヱホバに獻げまつれ榮と能とをヱホバにささげまつれ
Dawid dwom. Momfa mma Awurade no, mo ɔsoro abɔde, momfa anuonyam ne tumi mma Awurade.
2 その名にふさはしき榮光をヱホバにささげ奉れ きよき衣をつけてヱホバを拝みまつれ
Momfa anuonyam a ɛfata Awurade din mma no; monsɔre Awurade wɔ nʼanuonyam kronkron mu.
3 ヱホバのみこゑは水のうへにあり えいくわうの神は雷をとどろかせたまふ ヱホバは大水のうへにいませり
Awurade nne wɔ nsu no so; anuonyam Nyankopɔn bobɔ mu, Awurade bobɔ mu wɔ nsu akɛse so.
4 ヱホバの聲はちからあり ヱホバのみこゑは稜威あり
Awurade nne mu wɔ tumi; Awurade nne mu wɔ anuonyam.
5 ヱホバのみこゑは香柏ををりくだく ヱホバ、レバノンのかうはくを折くだきたまふ
Awurade nne bubu sida; Awurade nne bubu Lebanon sida mu nketenkete
6 これを犢のごとくをどらせレバノンとシリオンとをわかき野牛のごとくをどらせたまふ
Ɔma Lebanon huruhuruw te sɛ nantwi ba, na Sirion nso sɛ ɛko ba.
7 ヱホバのみこゑは火焔をわかつ
Awurade nne pa ma anyinam gya dɛw.
8 ヱホバのみこゑは野をふるはせヱホバはカデシの野をふるはせたまふ
Awurade nne wosow sare so; Awurade wosow Kades sare.
9 ヱホバのみこゑは鹿に子をうませ また林木をはだかにす その宮にあるすべてのもの呼はりて榮光なるかなといふ
Awurade nne kyinkyim adum na ɛma kwae yɛ kwaterekwa. Nʼasɔredan mufo nyinaa teɛ mu ka se, “Anuonyam nka Onyankopɔn!”
Awurade di hene wɔ nsuyiri so; wɔasi Awurade hene afebɔɔ.
11 ヱホバは洪水のうへに坐したまへり ヱホバは寳座にざして永遠に王なり ヱホバはその民にちからをあたへたまふ 平安をもてその民をさきはひたまはん
Awurade ma ne nkurɔfo ahoɔden, na ɔde asomdwoe hyira wɔn.

< 詩篇 29 >