< ヨハネの黙示録 17 >

1 それから、七つの鉢を持つ七人の御使のひとりがきて、わたしに語って言った、「さあ、きなさい。多くの水の上にすわっている大淫婦に対するさばきを、見せよう。
Abɔfo baason no mu ɔbaako a okura nkuruwa ason no baa me nkyɛn bɛkae se, “Bra na menkyerɛ wo ɔkwan a wɔbɛfa so atwe oguamanfo kɛse a ɔte nsu pii so no aso.
2 地の王たちはこの女と姦淫を行い、地に住む人々はこの女の姦淫のぶどう酒に酔いしれている」。
Wiase ahene ne no bɔɔ aguaman, na asase so nnipa bobow wɔ nʼaguaman nsa no mu.”
3 御使は、わたしを御霊に感じたまま、荒野へ連れて行った。わたしは、そこでひとりの女が赤い獣に乗っているのを見た。その獣は神を汚すかずかずの名でおおわれ、また、それに七つの頭と十の角とがあった。
Honhom no faa me ma ɔbɔfo no de me kɔɔ sare so. Ɛhɔ na mihuu sɛ ɔbea bi te aboa kɔkɔɔ bi a wɔakyerɛw din a ɛyɛ abususɛm agu ne ho nyinaa. Na aboa no wɔ ti ason, ne mmɛn du.
4 この女は紫と赤の衣をまとい、金と宝石と真珠とで身を飾り、憎むべきものと自分の姦淫の汚れとで満ちている金の杯を手に持ち、
Na ɔbea no hyɛ atadetam kɔkɔɔ a ɔde sika mpɔw a ɛhyerɛn ne nhene a ne bo yɛ den ahyehyɛ ne ho. Na okura sika kuruwa a afide ne aguamammɔ ho nneɛma ayɛ no ma tɔ.
5 その額には、一つの名がしるされていた。それは奥義であって、「大いなるバビロン、淫婦どもと地の憎むべきものらとの母」というのであった。
Na wɔakyerɛw din bi wɔ ne moma so a ne nkyerɛase no wɔ ahintasɛm mu se, “Babilonia Kokuroko, Asase So Nguamanfo Ne Akyiwade Na.”
6 わたしは、この女が聖徒の血とイエスの証人の血に酔いしれているのを見た。この女を見た時、わたしは非常に驚きあやしんだ。
Na mihuu sɛ Onyankopɔn nkurɔfo ne Yesu akyidifo a wokum wɔn no mogya abow no. Mihuu no no, ɛyɛɛ me nwonwa.
7 すると、御使はわたしに言った、「なぜそんなに驚くのか。この女の奥義と、女を乗せている七つの頭と十の角のある獣の奥義とを、話してあげよう。
Ɔbɔfo no bisaa me se, “Adɛn nti na ɛyɛ wo nwonwa? Mɛkyerɛ wo ahintasɛm nkyerɛase a ɛwɔ ɔbea no ne aboa no a ɔwɔ ti ason ne mmɛn du a ɔte ne so no.
8 あなたの見た獣は、昔はいたが、今はおらず、そして、やがて底知れぬ所から上ってきて、ついには滅びに至るものである。地に住む者のうち、世の初めからいのちの書に名をしるされていない者たちは、この獣が、昔はいたが今はおらず、やがて来るのを見て、驚きあやしむであろう。 (Abyssos g12)
Aboa a wuhuu no no na ɔte ase, nanso ɔnte ase bio. Ɔrebefi bun no mu aba ama wɔasɛe no. Sɛ nnipa a wɔte asase so a wɔankyerɛw wɔn din angu ateasefo nhoma no mu ansa na wɔrebɔ wiase no hu aboa no a, ɛbɛyɛ wɔn nwonwa. Na ɔte ase bere bi, nanso mprempren de, ɔnte ase na ɔbɛsan aba. (Abyssos g12)
9 ここに、知恵のある心が必要である。七つの頭は、この女のすわっている七つの山であり、また、七人の王のことである。
“Nyansa ne ntease ho hia wɔ ha. Eti ason no gyina hɔ ma mmepɔw ason, mmepɔw a ɔbea no tena so. Wɔyɛ ahene baason nso
10 そのうちの五人はすでに倒れ、ひとりは今おり、もうひとりは、まだきていない。それが来れば、しばらくの間だけおることになっている。
a wɔn mu baanum awuwu, na ɔbaako da so di hene na ɔbaako a ɔka ho no mmae. Na sɛ ɔba a obedi hene kakra.
11 昔はいたが今はいないという獣は、すなわち第八のものであるが、またそれは、かの七人の中のひとりであって、ついには滅びに至るものである。
Aboa no a anka na ɔte ase na afei de, ɔnte ase no yɛ ɔhene a ɔto so awotwe a ɔka baason a wodi kan no ho a ɔrekɔ ne sɛe mu.
12 あなたの見た十の角は、十人の王のことであって、彼らはまだ国を受けてはいないが、獣と共に、一時だけ王としての権威を受ける。
“Mmɛn du a wuhui no yɛ ahene du a womfii wɔn ahenni ase a wɔbɛma wɔn tumi na wɔne aboa no adi hene dɔnhwerew no.
13 彼らは心をひとつにしている。そして、自分たちの力と権威とを獣に与える。
Wɔn nyinaa wɔ botae baako, na wɔde wɔn ahoɔden ne wɔn tumi bɛma aboa no.
14 彼らは小羊に戦いをいどんでくるが、小羊は、主の主、王の王であるから、彼らにうち勝つ。また、小羊と共にいる召された、選ばれた、忠実な者たちも、勝利を得る」。
Wɔbɛko atia Oguamma no, na ɔno ne nʼakyidifo, agyidifo ne nokwafo a wɔafrɛ wɔn no bedi wɔn so, efisɛ ɔyɛ awuranom mu Awurade ne ahene mu Hene.”
15 御使はまた、わたしに言った、「あなたの見た水、すなわち、淫婦のすわっている所は、あらゆる民族、群衆、国民、国語である。
Ɔbɔfo no nso ka kyerɛɛ me se, “Nsu a wuhuu sɛ oguamanfo no te so no yɛ nkurow ne nkurɔfo akuwakuw ne aman ne ɔkasa ahorow.
16 あなたの見た十の角と獣とは、この淫婦を憎み、みじめな者にし、裸にし、彼女の肉を食い、火で焼き尽すであろう。
Mmɛn du ne aboa a wuhuu no no bekyi oguamanfo no. Wɔbɛfa biribiara a ɛwɔ ne ho ama wada adagyaw. Wɔbɛwe ne nam na wɔde ogya ahyew no.
17 神は、御言が成就する時まで、彼らの心の中に、御旨を行い、思いをひとつにし、彼らの支配権を獣に与える思いを持つようにされたからである。
Efisɛ Onyankopɔn de ahyɛ wɔn koma mu se wɔbɛpene so de wɔn tumi ama aboa no na wadi hene kosi sɛ Onyankopɔn asɛm no bɛba mu de ahyɛ ne botae no ma.
18 あなたの見たかの女は、地の王たちを支配する大いなる都のことである」。
Ɔbea a wuhuu no no yɛ kurow kɛse a edi asase so ahene no so.”

< ヨハネの黙示録 17 >