< 詩篇 1 >

1 悪しき者のはかりごとに歩まず、罪びとの道に立たず、あざける者の座にすわらぬ人はさいわいである。
Nhyira ne onipa a ɔntie amumuyɛfoɔ afotuo na ɔnni nnebɔneyɛfoɔ nhwɛsoɔ akyi na ɔntena fɛdifoɔ tenabea.
2 このような人は主のおきてをよろこび、昼も夜もそのおきてを思う。
Na mmom, Awurade mmara sɔ nʼani, na ɔdwene ho awia ne anadwo.
3 このような人は流れのほとりに植えられた木の時が来ると実を結び、その葉もしぼまないように、そのなすところは皆栄える。
Ɔte sɛ dua a wɔatɛ wɔ asutene ho, na ɛso nʼaba ne berɛ mu a nʼahahan no nnwan. Deɛ ɔyɛ biara yɛ yie.
4 悪しき者はそうでない、風の吹き去るもみがらのようだ。
Nanso nnebɔneyɛfoɔ nte saa; wɔte sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ guo.
5 それゆえ、悪しき者はさばきに耐えない。罪びとは正しい者のつどいに立つことができない。
Enti amumuyɛfoɔ rentumi nnyina atemmuo no ano, na nnebɔneyɛfoɔ nso rentena teneneefoɔ asafo mu.
6 主は正しい者の道を知られる。しかし、悪しき者の道は滅びる。
Ɛfiri sɛ Awurade kyerɛ ɔteneneeni kwan nanso amumuyɛfoɔ kwan deɛ, ɛbɛyera.

< 詩篇 1 >