< 詩篇 80 >

1 聖歌隊の指揮者によってゆりの花のしらべにあわせてうたわせたアサフのあかしの歌 イスラエルの牧者よ、羊の群れのようにヨセフを導かれる者よ、耳を傾けてください。ケルビムの上に座せられる者よ、光を放ってください。
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Sonannim Edut” sankuo nne so. Asaf dwom. Ao Israel dwanhwɛfoɔ, tie yɛn, wo a wodii Yosef anim sɛdeɛ wɔdi nnwankuo anim; wo a wote ahennwa so wɔ Kerubim ntam no, hyerɛn
2 エフライム、ベニヤミン、マナセの前にあなたの力を振り起し、来て、われらをお救いください。
wɔ Efraim, Benyamin ne Manase anim. Kanyane wo tumi; bra bɛgye yɛn nkwa.
3 神よ、われらをもとに返し、み顔の光を照してください。そうすればわれらは救をえるでしょう。
Ao Onyankopɔn, gye yɛn bio; ma wʼanim nhyerɛn yɛn so, na wɔagye yɛn nkwa.
4 万軍の神、主よ、いつまで、その民の祈にむかってお怒りになるのですか。
Ao Otumfoɔ Awurade Onyankopɔn, wʼabofuo bɛdɛre akɔsi da bɛn wʼabofuo a ɛtia wo nkurɔfoɔ mpaeɛbɔ no?
5 あなたは涙のパンを彼らに食わせ、多くの涙を彼らに飲ませられました。
Wode nisuo yɛɛ aduane maa wɔn diiɛ; wode nisuo kuruwa ma ma wɔnomeeɛ.
6 あなたはわれらを隣り人のあざけりとし、われらの敵はたがいにあざわらいました。
Woama yɛn mfɛfoɔ abu yɛn animtiaa, na yɛn atamfoɔ sere yɛn.
7 万軍の神よ、われらをもとに返し、われらの救われるため、み顔の光を照してください。
Ao Otumfoɔ Onyankopɔn, gye yɛn bio; ma wʼanim nhyerɛn yɛn so, na wɔagye yɛn nkwa.
8 あなたは、ぶどうの木をエジプトから携え出し、もろもろの国民を追い出して、これを植えられました。
Wode bobe firi Misraim baeɛ; wopamoo amanaman no na woduaaɛ.
9 あなたはこれがために地を開かれたので、深く根ざして、国にはびこりました。
Wosiesiee asase no baabi maa no, ɛgyee nhini na ɛtrɛɛ asase no so.
10 山々はその影でおおわれ、神の香柏はその枝でおおわれました。
Ne nwunu kataa mmepɔ no so ne mman kataa ntweneduro akɛseɛ no so.
11 これはその枝を海にまでのべ、その若枝を大川にまでのべました。
Ɛdendanee kɔɔ Ɛpo so, na ɛfefɛ kɔduruu Asubɔnten no ho.
12 あなたは何ゆえ、そのかきをくずして道ゆくすべての人にその実を摘み取らせられるのですか。
Adɛn enti na woabubu nʼafasuo ama wɔn a wɔtwam hɔ tete ne bobe aba no?
13 林のいのししはこれを荒し、野のすべての獣はこれを食べます。
Kɔkɔte firi wiram bɛsɛe no pasaa na mmoadoma a ɛwɔ ɛserɛ so de yɛ wɔn aduane.
14 万軍の神よ、再び天から見おろして、このぶどうの木をかえりみてください。
Ao Otumfoɔ Onyankopɔn, sane bra yɛn nkyɛn! Firi soro hɔ hwɛ na wobɛhunu! Hwɛ saa bobe yi so,
15 あなたの右の手の植えられた幹と、みずからのために強くされた枝とをかえりみてください。
ntini a wo nsa nifa adua no, ɔbabarima a woatete no ama wo ho no.
16 彼らは火をもってこれを焼き、これを切り倒しました。彼らをみ顔のとがめによって滅ぼしてください。
Wɔatwa wo bobe no ato fam, ato mu ogya ama ahye; wʼanimka ma wo nkurɔfoɔ ase tɔre.
17 しかしあなたの手をその右の手の人の上におき、みずからのために強くされた人の子の上においてください。
Fa wo nsa kata ɔbarima a ɔwɔ wo nifa no so, onipa ba a woatete no ama wo ho no.
18 そうすれば、われらはあなたを離れ退くことはありません。われらを生かしてください。われらはあなたのみ名を呼びます。
Afei yɛrentwe yɛn ho mfiri wo nkyɛn; kanyane yɛn, na yɛbɛbɔ wo din.
19 万軍の神、主よ、われらをもとに返し、み顔の光を照してください。そうすればわれらは救をえるでしょう。
Ao Otumfoɔ Awurade Onyankopɔn, gye yɛn bio, na ma wʼanim nhyerɛn yɛn so, na wɔagye yɛn nkwa.

< 詩篇 80 >