< 詩篇 41 >

1 聖歌隊の指揮者によってうたわせたダビデの歌 貧しい者をかえりみる人はさいわいである。主はそのような人を悩みの日に救い出される。
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Dawid dwom. Nhyira ne onipa a mmɔborɔni asɛm ho hia no. Awurade gye no wɔ amanehunu berɛ mu.
2 主は彼を守って、生きながらえさせられる。彼はこの地にあって、さいわいな者と呼ばれる。あなたは彼をその敵の欲望にわたされない。
Awurade bɛbɔ ne ho ban na wakora ne kra. Ɔbɛhyira no wɔ asase no so; ɔrennyaa no mma nʼatamfoɔ apɛdeɛ.
3 主は彼をその病の床でささえられる。あなたは彼の病む時、その病をことごとくいやされる。
Awurade bɛhwɛ no wɔ ne yadeɛ mpa so na wagye no asi hɔ.
4 わたしは言った、「主よ、わたしをあわれみ、わたしをいやしてください。わたしはあなたにむかって罪を犯しました」と。
Mekaa sɛ, “Ao Awurade hunu me mmɔbɔ; sa me yadeɛ, ɛfiri sɛ mayɛ bɔne atia wo.”
5 わたしの敵はわたしをそしって言う、「いつ彼は死に、その名がほろびるであろうか」と。
Mʼatamfoɔ de adwene bɔne ka wɔ me ho sɛ: “Da bɛn na ɔbɛwu ama ne din ayera?”
6 そのひとりがわたしを見ようとして来るとき、彼は偽りを語り、その心によこしまを集め、外に出てはそれを言いふらす。
Ɛberɛ biara a obi ba me nkyɛn no, ɔka atorɔsɛm, na nʼakoma hɔre dinsɛeɛ; ɔfiri adi kɔ a, ɔde kɔdi nsekuro.
7 すべてわたしを憎む者はわたしについて共にささやき、わたしのために災を思いめぐらす。
Mʼatamfoɔ nyinaa keka asomusɛm fa me ho; wɔsusu bɔne ma me na wɔka sɛ:
8 彼らは言う、「彼に一つのたたりがつきまとったから、倒れ伏して再び起きあがらないであろう」と。
“Yare bɔne bi abɔ no; ɔrensɔre mfiri deɛ ɔda hɔ bio.”
9 わたしの信頼した親しい友、わたしのパンを食べた親しい友さえもわたしにそむいてくびすをあげた。
Mpo me yɔnko pa ara a mede me ho too ne soɔ, deɛ me ne no too nsa didiiɛ no, asɔre atia me.
10 しかし主よ、わたしをあわれみ、わたしを助け起してください。そうすればわたしは彼らに報い返すことができます。
Nanso wo, Awurade, hunu me mmɔbɔ; pagya me, na mentua wɔn so ka.
11 わたしの敵がわたしに打ち勝てないことによって、あなたがわたしを喜ばれることをわたしは知ります。
Menim sɛ wʼani sɔ me, na me ɔtamfoɔ renni me so nkonim.
12 あなたはわたしの全きによって、わたしをささえ、とこしえにみ前に置かれます。
Me nokorɛdie mu, wokura me mu na wode me gyina wʼanim afebɔɔ.
13 イスラエルの神、主はとこしえからとこしえまでほむべきかな。アァメン、アァメン。
Nhyira nka Awurade, Israel Onyankopɔn, ɛnnɛ ne daa nyinaa.

< 詩篇 41 >