< 詩篇 40 >

1 聖歌隊の指揮者によってうたわせたダビデの歌 わたしは耐え忍んで主を待ち望んだ。主は耳を傾けて、わたしの叫びを聞かれた。
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom. Mede boasetɔ twɛn Awurade; na ɔhwɛɛ me, na ɔtee me sufrɛ.
2 主はわたしを滅びの穴から、泥の沼から引きあげて、わたしの足を岩の上におき、わたしの歩みをたしかにされた。
Oyii me fii amoa a mu yɛ toro mu, fii dɔte ne dontori mu; ɔde mʼanan sii ɔbotan so na ɔmaa me baabi pa gyinae.
3 主は新しい歌をわたしの口に授け、われらの神にささげるさんびの歌をわたしの口に授けられた。多くの人はこれを見て恐れ、かつ主に信頼するであろう。
Ɔde dwom foforo hyɛɛ mʼanom, ayeyi dwom a yɛde ma yɛn Nyankopɔn. Bebree behu na wɔasuro, na wɔde wɔn werɛ ahyɛ Awurade mu.
4 主をおのが頼みとする人、高ぶる者にたよらず、偽りの神に迷う者にたよらない人はさいわいである。
Nhyira ne onipa a ɔde Awurade yɛ nʼahotoso, nea ɔmfa nʼani nto ahomaso so, ne wɔn a wɔman di anyame huhuw akyi.
5 わが神、主よ、あなたのくすしきみわざと、われらを思うみおもいとは多くて、くらべうるものはない。わたしはこれを語り述べようとしても多くて数えることはできない。
Awurade me Nyankopɔn woayɛ anwonwade bebree. Nneɛma a wohyehyɛ maa yɛn no obiara ntumi nka ne nyinaa nkyerɛ wo; sɛ meka se mereka ne nyinaa ho asɛm a ɛbɛdɔɔso dodo.
6 あなたはいけにえと供え物とを喜ばれない。あなたはわたしの耳を開かれた。あなたは燔祭と罪祭とを求められない。
Wompɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛde, nanso woabue mʼaso; woampɛ ɔhyew afɔre ne bɔne afɔre.
7 その時わたしは言った、「見よ、わたしはまいります。書の巻に、わたしのためにしるされています。
Na mekae se, “Mini, maba, sɛnea wɔakyerɛw afa me ho wɔ nhoma mmobɔwee no mu no.
8 わが神よ、わたしはみこころを行うことを喜びます。あなたのおきてはわたしの心のうちにあります」と。
Me Nyankopɔn, mepɛ sɛ meyɛ wʼapɛde; wo mmara wɔ me koma mu.”
9 わたしは大いなる集会で、救についての喜びのおとずれを告げ示しました。見よ、わたしはくちびるを閉じませんでした。主よ、あなたはこれをご存じです。
Meka wo trenee ho asɛm wɔ guabɔ kɛse ase; mimmua mʼano, Awurade, sɛnea wunim no.
10 わたしはあなたの救を心のうちに隠しおかず、あなたのまことと救とを告げ示しました。わたしはあなたのいつくしみとまこととを大いなる集会に隠しませんでした。
Memmfa wo trenee ho asɛm nsie me koma mu; meka wo nokware ne wo nkwagye ho asɛm. Mankata wʼadɔe ne wo nokware so wɔ guabɔ kɛse no ase.
11 主よ、あなたのあわれみをわたしに惜しまず、あなたのいつくしみとまこととをもって常にわたしをお守りください。
Awurade, nyi wʼahummɔbɔ mfi me so; ma wʼadɔe ne wo nokware mmɔ me ho ban daa.
12 数えがたい災がわたしを囲み、わたしの不義がわたしに追い迫って、物見ることができないまでになりました。それはわたしの頭の毛よりも多く、わたしの心は消えうせるばかりになりました。
Ɔhaw bebree atwa me ho ahyia; mʼamumɔyɛ abu afa me so enti minhu ade bio. Ɛdɔɔso sen me ti so nwi, na me koma abotow wɔ me mu.
13 主よ、みこころならばわたしをお救いください。主よ、すみやかにわたしをお助けください。
Awurade, ma ɛnsɔ wʼani sɛ wubegye me; Awurade, bra ntɛm bɛboa me.
14 わたしのいのちを奪おうと尋ね求める者どもをことごとく恥じあわてさせてください。わたしのそこなわれることを願う者どもをうしろに退かせ、恥を負わせてください。
Wɔn a wɔpɛ sɛ wokum me no nyinaa, ma wɔn anim ngu ase na wɔnyɛ basaa; ma wɔn a wɔpɛ sɛ mesɛe no mfa aniwu nsan wɔn akyi.
15 わたしにむかって「あはぁ、あはぁ」と言う者どもを自分の恥によって恐れおののかせてください。
Ma wɔn a wɔka, “Ɔtwea! Ɔtwea!” kyerɛ me no nsan wɔn akyi, esiane wɔn aniwu nti.
16 しかし、すべてあなたを尋ね求める者はあなたによって喜び楽しむように。あなたの救を愛する者は常に「主は大いなるかな」ととなえるように。
Nanso ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaa nsɛpɛw wɔn ho na wɔn ani nnye wɔ wo mu; ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagye no nka da biara se, “Awurade yɛ ɔkɛse!”
17 わたしは貧しく、かつ乏しい。しかし主はわたしをかえりみられます。あなたはわが助け、わが救主です。わが神よ、ためらわないでください。
Nanso meyɛ ohiani ne mmɔborɔni; ma Awurade nnwen me ho. Wo ne me boafo ne me gyefo; wo ne me Nyankopɔn, bra ntɛm.

< 詩篇 40 >