< 詩篇 25 >

1 ダビデの歌 主よ、わが魂はあなたを仰ぎ望みます。
Dawid dwom. Ao Awurade, mema me kra so kyerɛ wo;
2 わが神よ、わたしはあなたに信頼します。どうか、わたしをはずかしめず、わたしの敵を勝ち誇らせないでください。
wo so, Ao me Onyankopɔn, na mede me ho to. Mma mʼanim ngu ase na mma mʼatamfoɔ nso nni me so nkonim.
3 すべてあなたを待ち望む者をはずかしめず、みだりに信義にそむく者をはずかしめてください。
Wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no mu biara ani renwu da, mmom, wɔn a wɔyɛ kɔntɔnkye no anim bɛgu ase.
4 主よ、あなたの大路をわたしに知らせ、あなたの道をわたしに教えてください。
Kyerɛ me wʼakwan, Ao Awurade, na me nhunu wʼatempɔn.
5 あなたのまことをもって、わたしを導き、わたしを教えてください。あなたはわが救の神です。わたしはひねもすあなたを待ち望みます。
Fa wo nokorɛ no so kyerɛkyerɛ me, ɛfiri sɛ woyɛ Onyankopɔn, me Gyefoɔ, na mʼani da wo so daa nyinaa.
6 主よ、あなたのあわれみと、いつくしみとを思い出してください。これはいにしえから絶えることがなかったのです。
Kae, Ao Awurade, wo mmɔborɔhunu ne wo dɔ kɛseɛ a ɛwɔ hɔ firi tete no.
7 わたしの若き時の罪と、とがとを思い出さないでください。主よ、あなたの恵みのゆえに、あなたのいつくしみにしたがって、わたしを思い出してください。
Nkae me mmabunu berɛ mu bɔne ne mʼatuateɛ akwan; kae me sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛ, Ao Awurade, ɛfiri sɛ wo yɛ.
8 主は恵みふかく、かつ正しくいらせられる。それゆえ、主は道を罪びとに教え、
Awurade yɛ, na ɔtene; enti ɔkyerɛkyerɛ nnebɔneyɛfoɔ nʼakwan.
9 へりくだる者を公義に導き、へりくだる者にその道を教えられる。
Ɔde ahobrɛasefoɔ fa ɛkwan pa so na ɔkyerɛ wɔn nʼapɛdeɛ.
10 主のすべての道はその契約とあかしとを守る者にはいつくしみであり、まことである。
Awurade akwan nyinaa yɛ ɔdɔ ne nokorɛdie ma wɔn a wɔdi nʼapam mu ahyɛdeɛ soɔ.
11 主よ、み名のために、わたしの罪をおゆるしください。わたしの罪は大きいのです。
Ao Awurade, me bɔne so deɛ, nanso wo din enti, fa kyɛ me.
12 主を恐れる人はだれか。主はその選ぶべき道をその人に教えられる。
Enti hwan ne onipa a ɔsuro Awurade? Ɔbɛkyerɛ no kwan a wabɔ ama no.
13 彼はみずからさいわいに住まい、そのすえは地を継ぐであろう。
Ɔbɛdi yie wɔ ne nkwa nna mu, na nʼasefoɔ afa asase no sɛ wɔn agyapadeɛ.
14 主の親しみは主をおそれる者のためにあり、主はその契約を彼らに知らせられる。
Awurade da nʼatirimsɛm adi kyerɛ wɔn a wɔsuro no; na ɔma wɔhunu nʼapam.
15 わたしの目は常に主に向かっている。主はわたしの足を網から取り出されるからである。
Mʼani da Awurade so daa, ɛfiri sɛ ɔno nko ara na ɔbɛyi me nan afiri afidie mu.
16 わたしをかえりみ、わたしをあわれんでください。わたしはひとりわびしく苦しんでいるのです。
Dane wʼani hwɛ me, na dom me, ɛfiri sɛ meyɛ ankonam na meyɛ mmɔbɔ.
17 わたしの心の悩みをゆるめ、わたしを苦しみから引き出してください。
Mʼakoma mu dadwene adɔɔso; yi me dadwene firi me so.
18 わたしの苦しみ悩みをかえりみ、わたしのすべての罪をおゆるしください。
Hwɛ me haw ne mʼahohiahia na yi me bɔne nyinaa firi me so.
19 わたしの敵がいかに多く、かつ激しい憎しみをもってわたしを憎んでいるかをごらんください。
Hwɛ sɛdeɛ mʼatamfoɔ adɔɔso ne ɔtan kɛseɛ a wɔde tan me!
20 わたしの魂を守り、わたしをお助けください。わたしをはずかしめないでください。わたしはあなたに寄り頼んでいます。
Bɔ me nkwa ho ban na gye me. Mma mʼanim ngu ase, ɛfiri sɛ me dwanekɔbea ne wo.
21 どうか、誠実と潔白とが、わたしを守ってくれるように。わたしはあなたを待ち望んでいます。
Ma tenenee ne nokorɛ mmɔ me ho ban, ɛfiri sɛ mʼani da wo so.
22 神よ、イスラエルをあがない、すべての悩みから救いだしてください。
Gye Israel, Ao Onyankopɔn, firi wɔn haw nyinaa mu.

< 詩篇 25 >