< 詩篇 110 >

1 ダビデの歌 主はわが主に言われる、「わたしがあなたのもろもろの敵をあなたの足台とするまで、わたしの右に座せよ」と。
Dawid dwom. Awurade ka kyerɛɛ me Wura sɛ, “Tena me nifa so kɔsi sɛ mede wʼatamfoɔ bɛyɛ wo nan ntiasoɔ.”
2 主はあなたの力あるつえをシオンから出される。あなたはもろもろの敵のなかで治めよ。
Awurade bɛtrɛ wʼahempoma denden mu afiri Sion; na wobɛdi ɔhene wɔ wʼatamfoɔ so.
3 あなたの民は、あなたがその軍勢を聖なる山々に導く日に心から喜んでおのれをささげるであろう。あなたの若者は朝の胎から出る露のようにあなたに来るであろう。
Wʼakodɔm bɛyi wɔn akoma mu ɛda a wobɛkɔ sa. Tumi kronkron bɛyɛ wʼaduradeɛ na wo mmabunu bɛba wo nkyɛn sɛdeɛ bosuo gugu anɔpahema.
4 主は誓いを立てて、み心を変えられることはない、「あなたはメルキゼデクの位にしたがってとこしえに祭司である」。
Awurade aka ntam na ɔrensesa nʼadwene: “Woyɛ daapem ɔsɔfoɔ te sɛ Melkisedek sɛso.”
5 主はあなたの右におられて、その怒りの日に王たちを打ち破られる。
Awurade wɔ wo nifa so; ɔbɛdwerɛ ahemfo wɔ nʼabufuhyeɛ da no.
6 主はもろもろの国のなかでさばきを行い、しかばねをもって満たし、広い地を治める首領たちを打ち破られる。
Ɔbɛbu amanaman atɛn aboaboa afunu ano; na wadwerɛ sodifoɔ a wɔwɔ asase so nyinaa.
7 彼は道のほとりの川からくんで飲み、それによって、そのこうべをあげるであろう。
Ɔbɛnom asuwa a ɛda ɛkwan nkyɛn mu nsuo enti ɔbɛdi nkonim. Ɔhene no bɛnom asuwa a ɛda kwankyɛn mu nsuo, na wanya ahoɔden, na wagyina nkonimdie mu.

< 詩篇 110 >