< 士師記 11 >

1 さてギレアデびとエフタは強い勇士であったが遊女の子で、エフタの父はギレアデであった。
Gileadni Yefta yɛ ɔkofoɔ kɛseɛ. Nʼagya din de Gilead. Nanso ne maame yɛ ɔbaa dwamanfoɔ.
2 ギレアデの妻も子供を産んだが、その妻の子供たちが成長したとき、彼らはエフタを追い出して彼に言った、「あなたはほかの女の産んだ子だから、わたしたちの父の家を継ぐことはできません」。
Gilead yere woo mmammarima bebree, na saa mmammarima no nyinyiniiɛ no, wɔpamoo Yefta firii asase no so. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Worennya yɛn agya agyapadeɛ biara, ɛfiri sɛ, woyɛ ɔbaa dwamanfoɔ bi ba.”
3 それでエフタはその兄弟たちのもとから逃げ去って、トブの地に住んでいると、やくざ者がエフタのもとに集まってきて、彼と一緒に出かけて略奪を事としていた。
Enti Yefta dwane firii ne nuanom nkyɛn kɔtenaa Tob asase so. Ankyɛre, ɔnyaa atuatefoɔ bebree bɛdii nʼakyi.
4 日がたって後、アンモンの人々はイスラエルと戦うことになり、
Ɛberɛ korɔ yi ara, Amonfoɔ de ɔko bɛkaa Israel.
5 アンモンの人々がイスラエルと戦ったとき、ギレアデの長老たちは行ってエフタをトブの地から連れてこようとして、
Ɛberɛ a Amonfoɔ to hyɛɛ Israelfoɔ so, Gilead mpanimfoɔ soma kɔfaa Yefta firii Tob asase so baeɛ. Wɔka kyerɛɛ no sɛ,
6 エフタに言った、「きて、わたしたちの大将になってください。そうすればわたしたちはアンモンの人々と戦うことができます」。
“Bra na bɛyɛ yɛn so ɔsahene! Boa yɛn ma yɛne Amonfoɔ nko.”
7 エフタはギレアデの長老たちに言った、「あなたがたはわたしを憎んで、わたしの父の家から追い出したではありませんか。しかるに今あなたがたが困っている時とはいえ、わたしのところに来るとはどういうわけですか」。
Yefta bisaa wɔn sɛ, “Ɛnyɛ mo na motane me, pamoo me firii mʼagya fie no? Adɛn enti na afei a mowɔ ɔhaw mu no, morebɛfrɛ me?”
8 ギレアデの長老たちはエフタに言った、「それでわたしたちは今、あなたに帰ったのです。どうぞ、わたしたちと一緒に行って、アンモンの人々と戦ってください。そしてわたしたちとギレアデに住んでいるすべてのものとのかしらになってください」。
Gilead mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ Yefta sɛ, “Wo ho hia yɛn. Sɛ wodi yɛn anim ma yɛko tia Amonfoɔ a, yɛbɛyɛ wo Gileadfoɔ nyinaa sodifoɔ.”
9 エフタはギレアデの長老たちに言った、「もしあなたがたが、わたしをつれて帰って、アンモンの人々と戦わせるとき、主が彼らをわたしにわたされるならば、わたしはあなたがたのかしらとなりましょう」。
Yefta buaa sɛ, “Sɛ me ne mo kɔ na Awurade ma medi Amonfoɔ so nkonim a, ampa ara sɛ mode me bɛyɛ nnipa no nyinaa sodifoɔ anaa?”
10 ギレアデの長老たちはエフタに言った、「主はあなたとわたしたちの間の証人です。わたしたちは必ずあなたの言われるとおりにしましょう」。
Gilead ntuanofoɔ no buaa no sɛ, “Awurade ne yɛn danseni. Yɛbɛyɛ sɛdeɛ woka biara.”
11 そこでエフタはギレアデの長老たちと一緒に行った。民は彼を立てて自分たちのかしらとし、大将とした。それでエフタはミヅパで、自分の言葉をことごとく主の前に述べた。
Enti, Yefta ne ntuanofoɔ no kɔɔ Gilead. Na wɔde no yɛɛ wɔn sodifoɔ ne ɔsahene. Na Yefta tii nsɛm no nyinaa mu wɔ Mispa wɔ Awurade anim.
12 かくてエフタはアンモンの人々の王に使者をつかわして言った、「あなたはわたしとなんのかかわりがあって、わたしのところへ攻めてきて、わたしの国と戦おうとするのですか」。
Afei, Yefta somaa abɔfoɔ kɔɔ Amonfoɔ ɔhene nkyɛn sɛ wɔnkɔbisa no deɛ enti a ɔrebɛto ahyɛ Israel so.
13 アンモンの人々の王はエフタの使者に答えた、「昔、イスラエルがエジプトから上ってきたとき、アルノンからヤボクに及び、またヨルダンに及ぶわたしの国を奪い取ったからです。それゆえ今、穏やかにそれを返しなさい」。
Amonfoɔ ɔhene buaa Yefta abɔfoɔ no sɛ, “Ɛberɛ a Israel firii Misraim baeɛ no, wɔfaa mʼasase a ɛfiri Asubɔnten Arnon de kɔsi Asubɔnten Yabok, toaso kɔsi Yordan. Enti, sane fa mʼadeɛ ma me asomdwoeɛ mu.”
14 エフタはまた使者をアンモンの人々の王につかわして、
Na Yefta sane somaa abɔfoɔ kɔɔ Amonfoɔ ɔhene hɔ sɛ,
15 言わせた、「エフタはこう申します、『イスラエルはモアブの地も、またアンモンの人々の地も取りませんでした。
“Sɛdeɛ Yefta seɛ nie: Israel amfa Moab asase anaa Amonfoɔ asase biara.
16 イスラエルはエジプトから上ってきたとき、荒野をとおって紅海にいたり、カデシにきました。
Ɛberɛ a Israelfoɔ tuu kwan firii Misraim, twaa Ɛpo Kɔkɔɔ na wɔduruu Kades no,
17 そしてイスラエルは使者をエドムの王につかわして「どうぞ、われわれにあなたの国を通らせてください」と言わせましたが、エドムの王は聞きいれませんでした。また同じように人をモアブの王につかわしたが、彼も承諾しなかったので、イスラエルはカデシにとどまりました。
wɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Edomhene hɔ sɛ ɔmma wɔn ɛkwan na wɔmfa nʼasase no so. Nanso Edomhene ampene. Wɔsoma ma wɔkɔɔ Moabhene hɔ, nanso ɔno nso ampene. Enti, Israelfoɔ tenaa Kades.
18 それから荒野をとおって、エドムの地とモアブの地を回り、モアブの地の東部に達し、アルノンの向こうに宿営しましたがモアブの領域には、はいりませんでした。アルノンはモアブの境だからです。
“Ne korakora ne sɛ, wɔnam ɛserɛ so twa faa Edom ne Moab ho hyiaeɛ. Wɔfaa Edom apueeɛ fam hyeɛ so kyeree sraban wɔ Asubɔnten Arnon fa hɔ. Nanso, wɔantwa Asubɔnten Arnon ankɔ Moab asase so.
19 次にイスラエルはヘシボンの王すなわちアモリびとの王シホンに使者をつかわし、シホンに向かって「どうぞ、われわれにあなたの国をとおって、われわれの目的地へ行かせてください」と言わせました。
“Afei, Israelfoɔ somaa abɔfoɔ kɔɔ Amorifoɔhene Sihon a ɔdii adeɛ firi Hesbon na wɔbisaa ɛkwan sɛ wɔpɛ sɛ wɔfa nʼasase so kɔ baabi a wɔrekɔ.
20 ところがシホンはイスラエルを信ぜず、その領域を通らせないばかりか、かえってすべての民を集めてヤハヅに陣を取り、イスラエルと戦いましたが、
Nanso, ɛsiane sɛ na ɔhene Sihon nni Israelfoɔ mu gyidie enti ɔboaboaa ne dɔm ano wɔ Yahas maa wɔto hyɛɛ wɔn so.
21 イスラエルの神、主はシホンとそのすべての民をイスラエルの手にわたされたので、イスラエルは彼らを撃ち破って、その土地に住んでいたアモリびとの地をことごとく占領し、
“Na Awurade, Israel Onyankopɔn, maa ne nkurɔfoɔ dii ɔhene Sihon so. Enti, Israelfoɔ faa Amorifoɔ asase a na wɔte so wɔ ɔmantam no mu
22 アルノンからヤボクまでと、荒野からヨルダンまで、アモリびとの領域をことごとく占領しました。
firi Asubɔnten Arnon de kɔsi Asubɔnten Yabok, firi ɛserɛ no so de kɔsi Yordan nyinaa dii so.
23 このようにイスラエルの神、主はその民イスラエルの前からアモリびとを追い払われたのに、あなたはそれを取ろうとするのですか。
“Enti, moahunu, ɛyɛ Awurade, Israel Onyankopɔn na ɔgyee asase no firii Amorifoɔ nsam na ɔde maa Israel. Enti, adɛn na ɛsɛ sɛ yɛde ma mo?
24 あなたは、あなたの神ケモシがあなたに取らせるものを取らないのですか。われわれはわれわれの神、主がわれわれの前から追い払われたものの土地を取るのです。
Deɛ mo nyame Kemos de maa mo no momfa, na yɛn nso, deɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn de maa yɛn biara no yɛafa.
25 あなたはモアブの王チッポルの子バラクにまさる者ですか。バラクはかつてイスラエルと争ったことがありますか。かつて彼らと戦ったことがありますか。
Mosene Sipor babarima Balak a na ɔyɛ Moabhene no? Ɔne Israel twee asase bi so manso anaa? Ɔkɔɔ ɔko anaa? Dabi.
26 イスラエルはヘシボンとその村里に住み、またアロエルとその村里およびアルノンの岸に沿うすべての町々に住むこと三百年になりますが、あなたがたはどうしてその間にそれを取りもどさなかったのですか。
Na afei, mfeɛ ahasa akyi, na woama saa asɛm yi so? Israel atena ha saa ɛberɛ tenten yi, wɔatrɛ afiri Hesbon asase so, akɔsi Aroer ne nkuro no nyinaa so, akɔfa Asubɔnten Arnon ano. Adɛn enti na dadaada yi moanyɛ mo adwene sɛ mobɛgye asase yi?
27 わたしはあなたに何も悪い事をしたこともないのに、あなたはわたしと戦って、わたしに害を加えようとします。審判者であられる主よ、どうぞ、きょう、イスラエルの人々とアンモンの人々との間をおさばきください』」。
Menyɛɛ mo bɔne. Mmom, mo na moayɛ me bɔne sɛ moto hyɛɛ me so. Momma Awurade a ɔyɛ ɔtemmufoɔ no mmua ɛnnɛ, sɛ yɛn mu hwan na nʼasɛm yɛ dɛ? Israel anaa Amon.”
28 しかしアンモンの人々の王はエフタが言いつかわした言葉をききいれなかった。
Nanso, Amonhene amfa Yefta asɛm no asɛmhia.
29 時に主の霊がエフタに臨み、エフタはギレアデおよびマナセをとおって、ギレアデのミヅパに行き、ギレアデのミヅパから進んでアンモンの人々のところに行った。
Saa ɛberɛ no, Awurade Honhom baa Yefta so ma ɔkɔɔ Gilead ne Manase nsase nyinaa so a, Mispa a ɛwɔ Gilead ka ho. Na ɔdii akodɔm anim to hyɛɛ Amonfoɔ so.
30 エフタは主に誓願を立てて言った、「もしあなたがアンモンの人々をわたしの手にわたされるならば、
Na Yefta hyɛɛ Awurade bɔ. Ɔkaa sɛ, “Sɛ woma medi Amonfoɔ so a,
31 わたしがアンモンの人々に勝って帰るときに、わたしの家の戸口から出てきて、わたしを迎えるものはだれでも主のものとし、その者を燔祭としてささげましょう」。
mede adeɛ a ɛbɛdi ɛkan afiri me fie abɛhyia me ɛberɛ a mede nkonimdie reba no, bɛma Awurade. Mede bɛma no sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ.”
32 エフタはアンモンの人々のところに進んで行って、彼らと戦ったが、主は彼らをエフタの手にわたされたので、
Ɛnna Yefta dii nʼakodɔm anim tiaa Amonfoɔ, na Awurade ma ɔdii nkonim.
33 アロエルからミンニテの附近まで、二十の町を撃ち敗り、アベル・ケラミムに至るまで、非常に多くの人を殺した。こうしてアンモンの人々はイスラエルの人々の前に攻め伏せられた。
Ɔdii Amonfoɔ so pasaa, sɛee nkuro bɛyɛ aduonu, firii Aroer de kɔsii baabi a ɛbɛn Minit, kɔeɛ ara kɔsii Abel-Keramim. Saa ɛkwan yi na Israelfoɔ faa so kaa Amonfoɔ hyɛeɛ.
34 やがてエフタはミヅパに帰り、自分の家に来ると、彼の娘が鼓をもち、舞い踊って彼を出迎えた。彼女はエフタのひとり子で、ほかに男子も女子もなかった。
Ɛberɛ a Yefta firi akono kɔɔ ne fie wɔ Mispa no, ne babaa, a ɔyɛ ne ba korɔ no, tuu mmirika bɛhyiaa no a ɔrebɔ akasaeɛ, na anigyeɛ enti, ɔresa.
35 エフタは彼女を見ると、衣を裂いて言った、「ああ、娘よ、あなたは全くわたしを打ちのめした。わたしを悩ますものとなった。わたしが主に誓ったのだから改めることはできないのだ」。
Yefta hunuu no no, ɔde awerɛhoɔ sunsuanee ne ntadeɛ mu, teaam sɛ, “Ao, me ba, mʼakoma rete! Ɛdeɛn ahometesɛm sɛ woaba, rebɛhyia me. Na maka Awurade ntam na merentumi mmu so.”
36 娘は言った、「父よ、あなたは主に誓われたのですから、主があなたのために、あなたの敵アンモンの人々に報復された今、あなたが言われたとおりにわたしにしてください」。
Ne babaa no buaa sɛ, “Mʼagya, woahyɛ Awurade bɔ. Yɛ me sɛdeɛ woahyɛ bɔ no, ɛfiri sɛ Awurade ama woadi wʼatamfoɔ a wɔyɛ Amonfoɔ no so nkonim.
37 娘はまた父に言った、「どうぞ、この事をわたしにさせてください。すなわち二か月の間わたしをゆるし、友だちと一緒に行って、山々をゆきめぐり、わたしの処女であることを嘆かせてください」。
Nanso, deɛ ɛdi ɛkan no, ma memforo mmepɔ nkɔkyinkyini so na me ne me nnamfonom nsu abosome mmienu, ɛfiri sɛ, mɛwu sɛ ababaawa a menhunuu ɔbarima da.”
38 エフタは「行きなさい」と言って、彼女を二か月の間、出してやった。彼女は友だちと一緒に行って、山の上で自分の処女であることを嘆いたが、
Yefta ka kyerɛɛ no sɛ, “Wotumi kɔ.” Enti, ɔmaa no kɔ kɔdii abosome mmienu. Ɔne ne nnamfonom kɔɔ mmepɔ no so kɔsuiɛ, ɛfiri sɛ, ɔrennya mma.
39 二か月の後、父のもとに帰ってきたので、父は誓った誓願のとおりに彼女におこなった。彼女はついに男を知らなかった。
Ɛberɛ a ɔsane baa fie no, nʼagya dii ne bɔhyɛ so. Enti ɔwuu sɛ ababaawa a ɔnhunuu ɔbarima da. Yei abɛyɛ amanneɛ wɔ Israel
40 これによって年々イスラエルの娘たちは行って、年に四日ほどギレアデびとエフタの娘のために嘆くことがイスラエルのならわしとなった。
ama Israel mmaabunu sɛ afe biara wɔbɛkɔ baabi akɔdi nna ɛnan na wɔakɔsu Yefta babaa no nkrabea.

< 士師記 11 >