< ヨブ 記 32 >

1 このようにヨブが自分の正しいことを主張したので、これら三人の者はヨブに答えるのをやめた。
Enti saa mmarima baasa yi ammua Hiob bio, efisɛ na ɔteɛ wɔ ɔno ara ani so.
2 その時ラム族のブズびとバラケルの子エリフは怒りを起した。すなわちヨブが神よりも自分の正しいことを主張するので、彼はヨブに向かって怒りを起した。
Na Busini Barakel babarima Elihu a ofi Ram abusua mu no bo fuw Hiob yiye sɛ obu ne ho bem na ommu Onyankopɔn mmom bem.
3 またヨブの三人の友がヨブを罪ありとしながら、答える言葉がなかったので、エリフは彼らにむかっても怒りを起した。
Ne bo fuw nnamfonom baasa no sɛ wɔantumi anya nnyinaso bi ammɔ Hiob nsɛm no angu, nanso wobuu no fɔ.
4 エリフは彼らが皆、自分よりも年長者であったので、ヨブに物言うことをひかえて待っていたが、
Elihu twɛn sɛ afoforo no bɛkasa akyerɛ Hiob, efisɛ na wɔanyinyin sen no.
5 ここにエリフは三人の口に答える言葉のないのを見て怒りを起した。
Na ohuu sɛ nnipa baasa no nni asɛm biara ka bio no, nʼabufuw no sɔree.
6 ブズびとバラケルの子エリフは答えて言った、「わたしは年若く、あなたがたは年老いている。それゆえ、わたしははばかって、わたしの意見を述べることをあえてしなかった。
Enti Busini Barakel babarima Elihu kae se, “Meyɛ abofra, na moyɛ mpanyimfo; ɛno nti na misuroo sɛ mɛka nea minim akyerɛ mo.
7 わたしは思った、『日を重ねた者が語るべきだ、年を積んだ者が知恵を教えるべきだ』と。
Medwenee sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ mpanyimfo kasa; ɛsɛ sɛ wɔn a wɔn ani afi kyerɛ nyansa.’
8 しかし人のうちには霊があり、全能者の息が人に悟りを与える。
Nanso honhom a ɛte onipa mu, Otumfo no home no na ɛma ntease.
9 老いた者、必ずしも知恵があるのではなく、年とった者、必ずしも道理をわきまえるのではない。
Ɛnyɛ mpanyimfo nko na wɔyɛ anyansafo, ɛnyɛ wɔn a wɔn ani afi nko na wɔte nea eye ase.
10 ゆえにわたしは言う、『わたしに聞け、わたしもまたわが意見を述べよう』。
“Enti mise: Muntie me; me nso mɛka mʼadwene.
11 見よ、わたしはあなたがたの言葉に期待し、その知恵ある言葉に耳を傾け、あなたがたが言うべき言葉を捜し出すのを待っていた。
Metwɛn wɔ bere a na morekasa, mitiee mo adwenkyerɛ; bere a na munhu nea monka no,
12 わたしはあなたがたに心をとめたが、あなたがたのうちにヨブを言いふせる者はひとりもなく、また彼の言葉に答える者はひとりもなかった。
meyɛɛ aso maa mo pa ara, nanso mo mu biara antumi ankyerɛ sɛ Hiob ayɛ mfomso; mo mu biara anyi ne nsɛm no ano.
13 おそらくあなたがたは言うだろう、『われわれは知恵を見いだした、彼に勝つことのできるのは神だけで、人にはできない』と。
Monnka se, ‘Yɛahu nyansa; momma Onyankopɔn mmɔ nʼasɛm no ngu, na ɛnyɛ onipa.’
14 彼はその言葉をわたしに向けて言わなかった。わたしはあなたがたの言葉をもって彼に答えることはしない。
Nanso Hiob nkasa ntia me, na merennyina mo adwenkyerɛ so mmua no.
15 彼らは驚いて、もはや答えることをせず、彼らには、もはや言うべき言葉がない。
“Wɔn ho adwiriw wɔn, wonni hwee ka bio; wɔn nsɛm asa.
16 彼らは物言わず、立ちとどまって、もはや答えるところがないので、わたしはこれ以上待つ必要があろうか。
So ɛsɛ sɛ metwɛn wɔ bere a wɔayɛ komm yi, saa bere yi a wogyinagyina ha yi a wonni mmuae biara no?
17 わたしもまたわたしの分を答え、わたしの意見を述べよう。
Me nso mɛka bi me nso mɛka mʼadwene.
18 わたしには言葉が満ち、わたしのうちの霊がわたしに迫るからだ。
Efisɛ nsɛm ahyɛ mʼanom ma, na honhom a ɛte me mu no hyɛ me sɛ menka;
19 見よ、わたしの心は口を開かないぶどう酒のように、新しいぶどう酒の皮袋のように、今にも張りさけようとしている。
Me mu no, mete sɛ nsa a ɛhyɛ toa mu te sɛ nsa kotoku foforo a ɛrebɛpae.
20 わたしは語って、気を晴らし、くちびるを開いて答えよう。
Ɛsɛ sɛ mekasa na me ho tɔ me; ɛsɛ sɛ mibue mʼano na mema mmuae.
21 わたしはだれをもかたより見ることなく、また何人とにもへつらうことをしない。
Merenyɛ nhwɛanim na merennɛfɛdɛfɛ obiara;
22 わたしはへつらうことを知らないからだ。もしへつらうならば、わたしの造り主は直ちにわたしを滅ぼされるであろう。
na sɛ makwadaw adɛfɛdɛfɛ mu a, anka me Yɛfo beyi me afi hɔ ntɛm so.

< ヨブ 記 32 >