< イザヤ書 45 >

1 わたしはわが受膏者クロスの右の手をとって、もろもろの国をその前に従わせ、もろもろの王の腰を解き、とびらをその前に開かせて、門を閉じさせない、と言われる主はその受膏者クロスにこう言われる、
“Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ deɛ wasra no ngo, Kores a wasɔ ne nsa nifa mu sɛ ɔmmrɛ aman ase wɔ nʼanim na ɔnnye ahemfo akodeɛ mfiri wɔn nsam na ɔmmuebue apono a ɛwɔ nʼanim sɛdeɛ kuro apono no mu rentoto.
2 「わたしはあなたの前に行って、もろもろの山を平らにし、青銅のとびらをこわし、鉄の貫の木を断ち切り、
Mɛdi wʼanim mɛyɛ mmepɔ no asase tamaa; mɛbubu kɔbere mfrafraeɛ apono agu na matwitwa dadeɛ adaban mu.
3 あなたに、暗い所にある財宝と、ひそかな所に隠した宝物とを与えて、わたしは主、あなたの名を呼んだイスラエルの神であることをあなたに知らせよう。
Mede esum mu ademudeɛ bɛma wo ahonyadeɛ a wɔde asie kɔkoam sɛdeɛ wobɛhunu sɛ, mene Awurade, Israel Onyankopɔn, a ɔbɔ wo din frɛ woɔ.
4 わがしもべヤコブのために、わたしの選んだイスラエルのために、わたしはあなたの名を呼んだ。あなたがわたしを知らなくても、わたしはあなたに名を与えた。
Me ɔsomfoɔ Yakob enti, Israel a mapa no enti, mebɔ wo din frɛ wo na mɛma wo animuonyamhyɛ abodin, ɛwom sɛ wonnyee me ntoo mu deɛ.
5 わたしは主である。わたしのほかに神はない、ひとりもない。あなたがわたしを知らなくても、わたしはあなたを強くする。
Mene Awurade, obiara nni hɔ bio; Onyankopɔn biara nni hɔ ka me ho. Ɛwom sɛ wonnyee me ntoo mu deɛ, nanso mɛhyɛ wo den,
6 これは日の出る方から、また西の方から、人々がわたしのほかに神のないことを知るようになるためである。わたしは主である、わたしのほかに神はない。
sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛfiri deɛ owia pue kɔsi beaeɛ a ɛtɔ no nnipa bɛhunu sɛ obiara nka me ho. Mene Awurade, na obiara nni hɔ bio.
7 わたしは光をつくり、また暗きを創造し、繁栄をつくり、またわざわいを創造する。わたしは主である、すべてこれらの事をなす者である。
Meyɛ hann, na mebɔ esum. Mede yiedie ba na mede ɔhaw ba; Me, Awurade, na meyɛ yeinom nyinaa.
8 天よ、上より水を注げ、雲は義を降らせよ。地は開けて救を生じ、また義をも、生えさせよ。主なるわたしはこれを創造した。
“Mo ɔsorosoro, monhwie tenenee ngu fam; momma ɛmfiri omununkum mu ntɔ momma asase mu mmue kɛseɛ, na nkwagyeɛ mpue mfiri mu, na tenenee ne no nnyini; Me, Awurade na mayɛ.
9 陶器が陶器師と争うように、おのれを造った者と争う者はわざわいだ。粘土は陶器師にむかって『あなたは何を造るか』と言い、あるいは『あなたの造った物には手がない』と言うだろうか。
“Nnome nka deɛ ɔne ne Yɛfoɔ ham Ɛnka deɛ ɔmfra te sɛ kyɛmferɛ a ɛfra deɛ ɛgugu fam mu. Dɔteɛ bɛtumi abisa ɔnwomfoɔ sɛ, ‘ɛdeɛn na woreyɛ yi?’ Wo nsa ano adwuma bɛtumi abisa wo sɛ, ‘Wonni nsa’?
10 父にむかって『あなたは、なぜ子をもうけるのか』と言い、あるいは女にむかって『あなたは、なぜ産みの苦しみをするのか』と言う者はわざわいだ」。
Nnome nka deɛ ɔse nʼagya sɛ ‘Adɛn enti na wowoo me?’ Anaa ɔbisa ne maame sɛ, ‘Adɛn enti na wokyem me woeɛ?’
11 イスラエルの聖者、イスラエルを造られた主はこう言われる、「あなたがたは、わが子らについてわたしに問い、またわが手のわざについてわたしに命ずるのか。
“Sei na Awurade seɛ, Israel Ɔkronkronni ne ne Yɛfoɔ; ɛfa nneɛma a ɛreba ho no. Wobisa me nsɛm a ɛfa me mma ho, anaa wohyɛ me wɔ me nsa ano adwuma ho?
12 わたしは地を造って、その上に人を創造した。わたしは手をもって天をのべ、その万軍を指揮した。
Ɛyɛ me na meyɛɛ asase na mebɔɔ adasamma guu so. Me ara me nsa na mede trɛɛ ɔsoro mu; nsoromma ahodoɔ nyinaa hyɛ mʼase.
13 わたしは義をもってクロスを起した。わたしは彼のすべての道をまっすぐにしよう。彼はわが町を建て、わが捕囚を価のためでなく、また報いのためでもなく解き放つ」と万軍の主は言われる。
Mɛma Kores so wɔ me tenenee mu; mɛtenetene nʼakwan nyinaa. Ɔbɛsane akyekyere me kuropɔn na wagyaa mʼatukɔfoɔ, nanso ɔrennye akatua anaa akyɛdeɛ, Asafo Awurade na ɔseɛ.”
14 主はこう言われる、「エジプトの富と、エチオピヤの商品と、たけの高いセバびととはあなたに来て、あなたのものとなり、あなたに従い、彼らは鎖につながれて来て、あなたの前にひれ伏し、あなたに願って言う、『神はただあなたと共にいまし、このほかに神はなく、ひとりもない』」。
Sei na Awurade seɛ: “Nneɛma a ɛfiri Misraim ne adwadeɛ a ɛfiri Kus, ne Sebafoɔ atentene no, wɔbɛba wo nkyɛn abɛyɛ wo dea; wɔbɛdi wʼakyi brɛoo aba a wɔgu nkɔnsɔnkɔnsɔn mu. Wɔbɛbu nkotodwe wʼanim na wɔasrɛ wo aka sɛ, ‘Ampa ara, Onyankopɔn ka wo ho, na ɔbi nni hɔ; onyame biara nni hɔ.’”
15 イスラエルの神、救主よ、まことに、あなたはご自分を隠しておられる神である。
Ampa ara, woyɛ Onyankopɔn a ɔde ne ho sie, Ao Onyankopɔn ne Israel Agyenkwa.
16 偶像を造る者は皆恥を負い、はずかしめを受け、ともに、あわてふためいて退く。
Wɔn a wɔyɛ ahoni nyinaa bɛfɛre na wɔn anim agu ase; wɔbɛbɔ mu akɔ animguaseɛ mu.
17 しかし、イスラエルは主に救われて、とこしえの救を得る。あなたがたは世々かぎりなく、恥を負わず、はずかしめを受けない。
Nanso, Awurade bɛgye Israel nkwa, ɔde daapem nkwagyeɛ; Wɔremma wʼani nwu na wʼanim renguase bio kɔsi daapem.
18 天を創造された主、すなわち神であってまた地をも造り成し、これを堅くし、いたずらにこれを創造されず、これを人のすみかに造られた主はこう言われる、「わたしは主である、わたしのほかに神はない。
Na sei na Awurade seɛ, deɛ ɔbɔɔ ɔsorosoro no ɔno ne Onyankopɔn; deɛ ɔmaa asase, na ɔbɔeɛ no, ɔno na ɔtoo ne fapem; wammɔ no sɛ ɛso nna hɔ kwa, mmom ɔyɛeɛ sɛ nnipa ntena so, ɔka sɛ: “Me ne Awurade, na obi nni hɔ.
19 わたしは隠れたところ、地の暗い所で語らず、ヤコブの子孫に『わたしを尋ねるのはむだだ』と言わなかった。主なるわたしは正しい事を語り、まっすぐな事を告げる。
Menkasaa wɔ kɔkoam, mfiri asase so baabi a aduru sum; manka ankyerɛ Yakob asefoɔ sɛ, ‘Sɛ mohwehwɛ me a monnhunu me.’ Me Awurade, meka nokorɛ no; meka deɛ ɛyɛ.
20 もろもろの国からのがれてきた者よ、集まってきて、共に近寄れ。木像をにない、救うことのできない神に祈る者は無知である。
“Mommoaboa mo ho ano na mommra; monhyia mu, mo adwanefoɔ a mofiri amanaman so, mo a monnim de na moasoa nnua ahoni de kyinkyini, mo a mobɔ anyame a wɔntumi nnye nkwa no mpaeɛ.
21 あなたがたの言い分を持ってきて述べよ。また共に相談せよ。この事をだれがいにしえから示したか。だれが昔から告げたか。わたし、すなわち主ではなかったか。わたしのほかに神はない。わたしは義なる神、救主であって、わたしのほかに神はない。
Mompae mu nka deɛ ɛbɛsi. Momfa nto dwa na wɔn mmɔ mu ntu agyina. Hwan na ɔdii ɛkan kaa no teteete, hwan na ɔdaa no adi firi tete nteredee? Ɛnyɛ me Awurade anaa? Onyankopɔn bi nni hɔ ka me ho, tenenee Onyankopɔn ne Agyenkwa; obiara nni hɔ sɛ me.
22 地の果なるもろもろの人よ、わたしを仰ぎのぞめ、そうすれば救われる。わたしは神であって、ほかに神はないからだ。
“Monnane mmra me nkyɛn na monnya nkwa, mo a mowɔ asase ano nyinaa; ɛfiri sɛ mene Onyankopɔn, na obiara nni hɔ.
23 わたしは自分をさして誓った、わたしの口から出た正しい言葉は帰ることがない、『すべてのひざはわが前にかがみ、すべての舌は誓いをたてる』。
Maka me ho ntam, mʼano aka wɔ nokorɛdie nyinaa mu, asɛm a wɔntwe nsane sɛ: obiara bɛbu nkotodwe wɔ mʼanim. Na obiara bɛpae mu aka sɛ, mene Onyankopɔn.
24 人はわたしについて言う、『正義と力とは主にのみある』と。人々は主にきたり、主にむかって怒る者は皆恥を受ける。
Wɔbɛka me ho asɛm sɛ, ‘Awurade nko ara mu na tenenee ne ahoɔden wɔ.’” Wɔn a wɔn bo huru tia no nyinaa bɛba ne nkyɛn na wɔn anim bɛgu ase.
25 しかしイスラエルの子孫は皆主によって勝ち誇ることができる」。
Nanso Awurade mu, wɔbɛbu Israel asefoɔ nyinaa bem, na wɔahoahoa wɔn ho.

< イザヤ書 45 >