< イザヤ書 45 >

1 わたしはわが受膏者クロスの右の手をとって、もろもろの国をその前に従わせ、もろもろの王の腰を解き、とびらをその前に開かせて、門を閉じさせない、と言われる主はその受膏者クロスにこう言われる、
“Sɛɛ na Awurade ka kyerɛ nea wasra no ngo, Kores a maso ne nsa nifa mu sɛ ɔmmrɛ aman ase wɔ nʼanim na onnye ahemfo akode mfi wɔn nsam sɛ ommuebue apon a ɛwɔ nʼanim sɛnea kurow apon no mu rentoto.
2 「わたしはあなたの前に行って、もろもろの山を平らにし、青銅のとびらをこわし、鉄の貫の木を断ち切り、
Medi wʼanim mɛyɛ mmepɔw tamaa; mebubu kɔbere mfrafrae apon agu na matwitwa nnade adaban mu.
3 あなたに、暗い所にある財宝と、ひそかな所に隠した宝物とを与えて、わたしは主、あなたの名を呼んだイスラエルの神であることをあなたに知らせよう。
Mede sum mu ademude bɛma wo ahonyade a wɔde asie kokoa mu sɛnea wubehu sɛ, mene Awurade, Israel Nyankopɔn, a ɔbɔ wo din frɛ wo no.
4 わがしもべヤコブのために、わたしの選んだイスラエルのために、わたしはあなたの名を呼んだ。あなたがわたしを知らなくても、わたしはあなたに名を与えた。
Me somfo Yakob nti, Israel a mapaw no nti, mebɔ wo din frɛ wo na mɛma wo anuonyamhyɛ abodin, ɛwɔ mu sɛ wunnyee me ntoo mu de.
5 わたしは主である。わたしのほかに神はない、ひとりもない。あなたがわたしを知らなくても、わたしはあなたを強くする。
Mene Awurade, obiara nni hɔ bio; Onyankopɔn biara nni hɔ ka me ho. Mɛhyɛ wo den, ɛwɔ mu sɛ wunnyee me ntoo mu de,
6 これは日の出る方から、また西の方から、人々がわたしのほかに神のないことを知るようになるためである。わたしは主である、わたしのほかに神はない。
sɛnea ɛbɛyɛ a efi nea owia pue kosi beae a ɛtɔ no nnipa behu sɛ obiara nka me ho. Mene Awurade, na obiara nni hɔ bio.
7 わたしは光をつくり、また暗きを創造し、繁栄をつくり、またわざわいを創造する。わたしは主である、すべてこれらの事をなす者である。
Meyɛ hann, na mebɔ sum. Mede yiyedi ba na mede ɔhaw ba; Me, Awurade, na meyɛ eyinom nyinaa.
8 天よ、上より水を注げ、雲は義を降らせよ。地は開けて救を生じ、また義をも、生えさせよ。主なるわたしはこれを創造した。
“Mo ɔsorosoro munhwie trenee ngu fam; momma emfi omununkum mu ntɔ momma asase mu mmue kɛse, na nkwagye mpue mfi mu, na trenee ne no nnyin; Me, Awurade na mayɛ.
9 陶器が陶器師と争うように、おのれを造った者と争う者はわざわいだ。粘土は陶器師にむかって『あなたは何を造るか』と言い、あるいは『あなたの造った物には手がない』と言うだろうか。
“Nnome nka nea ɔne ne Yɛfo ham ɛnka nea ɔmfra te sɛ kyɛmfɛre a ɛfra nea egugu fam mu. Dɔte betumi abisa ɔnwemfo se, ‘Dɛn na woreyɛ yi?’ Wʼadwuma betumi abisa wo se ‘Wunni nsa’?
10 父にむかって『あなたは、なぜ子をもうけるのか』と言い、あるいは女にむかって『あなたは、なぜ産みの苦しみをするのか』と言う者はわざわいだ」。
Nnome nka nea ose nʼagya se ‘Dɛn na woawo yi?’ Anaa obisa ne na se, ‘Dɛn na wokyem woe?’
11 イスラエルの聖者、イスラエルを造られた主はこう言われる、「あなたがたは、わが子らについてわたしに問い、またわが手のわざについてわたしに命ずるのか。
“Sɛɛ na Awurade se, Israel Ɔkronkronni ne ne Yɛfo; Nea ɛfa nneɛma a ɛreba ho no, wubisa me nsɛm a ɛfa me mma ho, anaa wohyɛ me wɔ me nsa ano adwuma ho?
12 わたしは地を造って、その上に人を創造した。わたしは手をもって天をのべ、その万軍を指揮した。
Ɛyɛ me na meyɛɛ asase na mebɔɔ adesamma guu so. Me ara me nsa na mede trɛw ɔsoro mu; nsoromma ahorow nyinaa hyɛ mʼase.
13 わたしは義をもってクロスを起した。わたしは彼のすべての道をまっすぐにしよう。彼はわが町を建て、わが捕囚を価のためでなく、また報いのためでもなく解き放つ」と万軍の主は言われる。
Mɛma Kores so wɔ me trenee mu; meteɛteɛ nʼakwan nyinaa. Ɔbɛsan akyekyere me kuropɔn na wagyaa me nnommumfo, nanso ɔrennye akatua anaa akyɛde, Asafo Awurade na ose.”
14 主はこう言われる、「エジプトの富と、エチオピヤの商品と、たけの高いセバびととはあなたに来て、あなたのものとなり、あなたに従い、彼らは鎖につながれて来て、あなたの前にひれ伏し、あなたに願って言う、『神はただあなたと共にいまし、このほかに神はなく、ひとりもない』」。
Sɛɛ na Awurade se: “Nneɛma a efi Misraim ne aguade a efi Kus, ne Sebafo atenten no, wɔbɛba wo nkyɛn abɛyɛ wo dea; wobedi wʼakyi brɛoo aba a wogu nkɔnsɔnkɔnsɔn mu. Wobebu nkotodwe wʼanim na wɔasrɛ wo aka se, ‘Ampa ara, Onyankopɔn ka wo ho, na obi nni hɔ; onyame biara nni hɔ.’”
15 イスラエルの神、救主よ、まことに、あなたはご自分を隠しておられる神である。
Ampa ara, woyɛ Onyankopɔn a ɔde ne ho sie, Ao Onyankopɔn ne Israel Agyenkwa.
16 偶像を造る者は皆恥を負い、はずかしめを受け、ともに、あわてふためいて退く。
Wɔn a wɔyɛ ahoni nyinaa bɛfɛre na wɔn anim agu ase; wɔbɛbɔ mu akɔ animguase mu.
17 しかし、イスラエルは主に救われて、とこしえの救を得る。あなたがたは世々かぎりなく、恥を負わず、はずかしめを受けない。
Nanso Awurade begye Israel nkwa, ɔde daapem nkwagye; wɔremma wʼani nwu na wʼanim rengu ase bio kosi daapem.
18 天を創造された主、すなわち神であってまた地をも造り成し、これを堅くし、いたずらにこれを創造されず、これを人のすみかに造られた主はこう言われる、「わたしは主である、わたしのほかに神はない。
Na sɛɛ na Awurade se, nea ɔbɔɔ ɔsorosoro no ɔno ne Onyankopɔn; nea ɔmaa asase, ne tebea na ɔbɔe no, ɔno na ɔtoo ne fapem; wammɔ no sɛ so nna hɔ kwa, mmom, ɔyɛe se nnipa ntena so, ɔka se: “Mene Awurade, na obi nni hɔ.
19 わたしは隠れたところ、地の暗い所で語らず、ヤコブの子孫に『わたしを尋ねるのはむだだ』と言わなかった。主なるわたしは正しい事を語り、まっすぐな事を告げる。
Menkasaa wɔ kokoa mu, mfi asase so baabi a aduru sum; menka nkyerɛɛ Yakob asefo se, ‘Monhwehwɛ me na munhu me.’ Me Awurade, meka nokware no; meka nea eye.
20 もろもろの国からのがれてきた者よ、集まってきて、共に近寄れ。木像をにない、救うことのできない神に祈る者は無知である。
“Mommoaboa mo ho ano na mommra; munhyia mu, mo aguanfo a mufi amanaman so. Wɔn a wonnim de na wɔsoa nnua ahoni de kyinkyin wɔn a wɔbɔ anyame a wontumi nnye nkwa no mpae.
21 あなたがたの言い分を持ってきて述べよ。また共に相談せよ。この事をだれがいにしえから示したか。だれが昔から告げたか。わたし、すなわち主ではなかったか。わたしのほかに神はない。わたしは義なる神、救主であって、わたしのほかに神はない。
Mompae mu nka nea ebesi, momfa nto gua, ma wɔmmɔ mu ntu agyina. Hena na odii kan kaa no teteete, hena na ɔdaa no adi fi tete nteredee? Ɛnyɛ me Awurade ana? Onyankopɔn bi nni hɔ ka me ho, trenee Nyankopɔn ne Agyenkwa; obiara nni hɔ sɛ me.
22 地の果なるもろもろの人よ、わたしを仰ぎのぞめ、そうすれば救われる。わたしは神であって、ほかに神はないからだ。
“Monnan mmra me nkyɛn na munnya nkwa, mo a mowɔ asase ano nyinaa; efisɛ mene Onyankopɔn, na obiara nni hɔ.
23 わたしは自分をさして誓った、わたしの口から出た正しい言葉は帰ることがない、『すべてのひざはわが前にかがみ、すべての舌は誓いをたてる』。
Maka me ho ntam, mʼano aka wɔ nokwaredi nyinaa mu asɛm a wɔntwe nsan sɛ: obiara bebu nkotodwe wɔ mʼanim. Na obiara bɛpae mu aka se, mene Onyankopɔn.
24 人はわたしについて言う、『正義と力とは主にのみある』と。人々は主にきたり、主にむかって怒る者は皆恥を受ける。
Wɔbɛka me ho asɛm se, ‘Awurade nko ara mu na trenee ne ahoɔden wɔ.’” Wɔn a wɔn bo huru tia no nyinaa bɛba ne nkyɛn na wɔn anim begu ase.
25 しかしイスラエルの子孫は皆主によって勝ち誇ることができる」。
Nanso Awurade mu, Israel asefo nyinaa wobebu wɔn bem, na wɔahoahoa wɔn ho.

< イザヤ書 45 >