< イザヤ書 13 >

1 アモツの子イザヤに示されたバビロンについての託宣。
Amos babarima Yesaia adehu a ɛfa Babilonia ho ni:
2 あなたがたは木のない山に旗を立て、声をあげて彼らを招き、手を振って彼らを貴族の門に、はいらせよ。
Ma frankaa so wɔ bepɔw a hwee nni so no atifi, teɛ mu frɛ wɔn: nyama wɔn ma wɔnhyɛn atitiriw no apon mu.
3 わたしはわが怒りのさばきを行うために聖別した者どもに命じ、わが勇士、わが勝ち誇る者どもを招いた。
Mahyɛ mʼahotewfo; mafrɛ mʼakofo sɛ wɔnna mʼabufuwhyew adi, wɔn a wodi me nkonimdi ho ahurusi.
4 聞け、多くの民のような騒ぎ声が山々に聞える。聞け、もろもろの国々、寄りつどえるもろもろの国民のざわめく声が聞える。これは万軍の主が戦いのために軍勢を集められるのだ。
Tie huuyɛ bi a ɛwɔ mmepɔw no so te sɛ dɔm kɛse bi de! Tie akasakasa a ɛwɔ ahenni ahorow mu, te sɛ amanaman a wɔreboaboa wɔn ho ano! Asafo Awurade reboa dɔm ano akɔ ɔko.
5 彼らは遠い国から、天の果から来る。これは、主とその憤りの器で、全地を滅ぼすために来るのだ。
Wofifi akyirikyiri aman so, wofifi ɔsoro ahye so, Awurade ne nʼakode a ɛyɛ nʼabufuwhyew; bɛsɛe ɔman no nyinaa.
6 あなたがたは泣き叫べ。主の日が近づき、滅びが全能者から来るからだ。
Twa adwo, na Awurade da no abɛn; ɛbɛba te sɛ ɔsɛe a efi Otumfo no.
7 それゆえ、すべての手は弱り、すべての人の心は溶け去る。
Eyi nti, nsa nyinaa bedwudwo, obiara koma bɛbotow.
8 彼らは恐れおののき、苦しみと悩みに捕えられ、子を産まんとする女のようにもだえ苦しみ、互に驚き、顔を見あわせ、その顔は炎のようになる。
Wɔbɛbɔ hu, ɔyaw ne apinisi bekita wɔn; wobebubu wɔn mu te sɛ ɔbea a awo aka no. Wɔde ahodwiriw bɛhwɛ wɔn ho wɔn ho anim, a wɔn ani asosɔ gya.
9 見よ、主の日が来る。残忍で、憤りと激しい怒りとをもってこの地を荒し、その中から罪びとを断ち滅ぼすために来る。
Hwɛ, Awurade da no reba da bɔne a abufuw ne abufuwhyew wɔ mu, ɛrebɛsɛe asase no na asɛe abɔnefo a wɔte so no.
10 天の星とその星座とはその光を放たず、太陽は出ても暗く、月はその光を輝かさない。
Ɔsoro nsoromma ne wɔn akuw renhyerɛn. Sum beduru owia a ɛrepue na ɔsram nso renhyerɛn.
11 わたしはその悪のために世を罰し、その不義のために悪い者を罰し、高ぶる者の誇をとどめ、あらぶる者の高慢を低くする。
Mɛtwe wiase aso, ne bɔne nti, ne amumɔyɛfo wɔ wɔn nnebɔne ho. Metwa ahantanfo ahomaso so mɛbrɛ nea odi awurukasɛm no ahantan ase.
12 わたしは人を精金よりも、オフルのこがねよりも少なくする。
Mɛma onipa ho ayɛ na asen sika kɔkɔɔ ankasa ɔbɛsen Ofir sikakɔkɔɔ.
13 それゆえ、万軍の主の憤りにより、その激しい怒りの日に、天は震い、地は揺り動いて、その所をはなれる。
Enti mɛma ɔsoro awosow; na asase ahinhim wɔ ne sibea wɔ Asafo Awurade abufuwhyew ano nʼabufuwhyewda no.
14 彼らは追われた、かもしかのように、あるいは集める者のない羊のようになって、おのおの自分の民に帰り、自分の国に逃げて行く。
Te sɛ ɔwansan a ɔbɔmmɔfo rehwehwɛ no akum no, te sɛ nguan a wonni ɔhwɛfo, obiara bɛkɔ ne nkurɔfo mu, obiara beguan akɔ nʼasase so.
15 すべて見いだされる者は刺され、すべて捕えられる者はつるぎによって倒され、
Obiara a wɔbɛfa no dedua no, wobehwirew no afoa akum no; wɔn a wɔbɛkyere wɔn no nyinaa bɛtotɔ wɔ afoa ano.
16 彼らのみどりごはその目の前で投げ砕かれ、その家はかすめ奪われ、その妻は汚される。
Wɔbɛtotow nkokoaa ahwehwe fam wɔ wɔn anim: wɔbɛfom wɔn afi mu nneɛma na wɔato wɔn yerenom mmonnaa.
17 見よ、わたしは、しろがねをも顧みず、こがねをも喜ばないメデアびとを起して、彼らにむかわせる。
Hwɛ mɛhwanyan Mediafo atia wɔn, wɔn na wɔmfa dwetɛ nyɛ hwee na wɔn ani nnye sikakɔkɔɔ ho.
18 彼らの弓は若い者を射殺し、腹の実をあわれむことなく、幼な子を見て、惜しむことがない。
Wɔn tadua bɛbobɔ mmerante ahwehwe fam; wɔrenhu nkokoaa mmɔbɔ na wɔrennya ayamhyehye mma mmofra.
19 国々の誉であり、カルデヤびとの誇である麗しいバビロンは、神に滅ぼされたソドム、ゴモラのようになる。
Babilonia, ahenni ahorow mu ɔbohemaa, anuonyam a Babiloniafo de hoahoa wɔn ho no Onyankopɔn bɛdan abutuw te sɛ Sodom ne Gomora.
20 ここにはながく住む者が絶え、世々にいたるまで住みつく者がなく、アラビヤびともそこに天幕を張らず、羊飼もそこに群れを伏させることがない。
Nnipa rentena hɔ bio awo ntoatoaso nyinaa mu; Arabni biara rensi ne ntamadan wɔ hɔ oguanhwɛfo biara remfa ne nguan nkɔhome wɔ hɔ.
21 ただ、野の獣がそこに伏し、ほえる獣がその家に満ち、だちょうがそこに住み、鬼神がそこに踊る。
Nanso sare so mmoa bɛda hɔ. Sakraman bɛyɛ nʼafi no mu ma; hɔ na mpatu bɛtena, hɔ na wura mu mmirekyi nso bedi agoru.
22 ハイエナはその城の中で鳴き、山犬は楽しい宮殿でほえる。その時の来るのは近い、その日は延びることがない。
Mpataku bɛtena nʼabandennen mu, adompo bɛyɛ nʼahemfi fɛfɛ no mu ma. Ne bere aso, na wɔrentwe ne nna mu.

< イザヤ書 13 >