< エズラ記 4 >

1 ユダとベニヤミンの敵である者たちは捕囚から帰ってきた人々が、イスラエルの神、主のために神殿を建てていることを聞き、
Yuda ne Benyamin atamfo no tee sɛ wɔn a wotwaa wɔn asu no resiesie Awurade, Israel Nyankopɔn, asɔredan no.
2 ゼルバベルと氏族の長たちのもとに来て言った、「われわれも、あなたがたと一緒にこれを建てさせてください。われわれはあなたがたと同じく、あなたがたの神を礼拝します。アッスリヤの王エサル・ハドンがわれわれをここにつれて来た日からこのかた、われわれは彼に犠牲をささげてきました」。
Enti wɔkɔɔ Serubabel ne ntuanofo no a wɔaka no nkyɛn, na wɔkae se, “Momma yɛne mo nsi, efisɛ yɛsom mo Nyankopɔn sɛnea mosom no no. Efi bere a Asiriahene Esarhadon de yɛn baa ha yi, yɛabɔ afɔre ama no.”
3 しかしゼルバベル、エシュアおよびその他のイスラエルの氏族の長たちは、彼らに言った、「あなたがたは、われわれの神に宮を建てることにあずかってはなりません。ペルシャの王クロス王がわれわれに命じたように、われわれだけで、イスラエルの神、主のために建てるのです」。
Na Serubabel, Yesua ne Israel ntuanofo bi buae se, “Munni kyɛfa wɔ saa dwuma yi di mu, efisɛ yɛne mo nni hwee yɛ. Yɛn nko ara na yebesi Awurade, Israel Nyankopɔn, asɔredan no sɛnea Persiahene Kores ahyɛ yɛn no.”
4 そこでその地の民はユダの民の手を弱らせて、その建築を妨げ、
Na ɔmanfo no pɛɛ sɛ wobu Yudafo no aba mu na wohunahunaa wɔn wɔ adwuma no yɛ ho.
5 その企てを破るために役人を買収して彼らに敵せしめ、ペルシャ王クロスの代からペルシャ王ダリヨスの治世にまで及んだ。
Wɔhyɛɛ ananmusifo bi afono mu sɛ wɔnhaw wɔn na wɔnsɛe wɔn botae no. Eyi kɔɔ so wɔ Persiahene Kores ahenni nyinaa mu kosii bere a Persiahene Dario bedii ahengua no.
6 アハスエロスの治世、すなわちその治世の初めに、彼らはユダとエルサレムの住民を訴える告訴状を書いた。
Bere a Ahasweros dii ade mfe kakraa bi akyi no, Yudafo atamfo kyerɛw no krataa, bɔɔ kwaadu tiaa Yuda ne Yerusalem.
7 またアルタシャスタの世にビシラム、ミテレダテ、タビエルおよびその他の同僚も、ペルシャ王アルタシャスタに手紙を書いた。その手紙の文はアラム語で書かれて訳されていた。
Na ɛno akyi no mpo, Persiahene Artasasta bere so no, Yuda atamfo a Bislam, Mitredat ne Tabeel di anim, kyerɛw krataa wɔ Arameike kasa mu kɔmaa Artasasta, na wɔkyerɛɛ ase kyerɛɛ ɔhene no.
8 長官レホムと書記官シムシャイはアルタシャスタ王にエルサレムを訴えて次のような手紙をしたためた。
Amrado Rehum ne Simsai a ɔyɛ asennii kyerɛwfo kyerɛw krataa kɔkyerɛɛ ɔhene Artasasta sɛnea ɔman Yerusalem mu te.
9 すなわち長官レホムと書記官シムシャイおよびその他の同僚、すなわち裁判官、知事、役人、ペルシャ人、エレクの人々、バビロン人、スサの人々すなわちエラムびと、
Wokyiaa ɔhene no ma ɛkɔtoo wɔn a wɔne wɔn bɔ, atemmufo ne ɔman no mu ntuanofo, Tarpela manfo, Persiafo, Babelfo ne Elamfo.
10 およびその他の民すなわち大いなる尊いオスナパルが、移してサマリヤの町々および川向こうのその他の地に住ませた者どもが、
Wɔsan kyiaa nnipa a wɔaka no a ɔkɛse ne otitiriw Asurbanipa atwa wɔn asu, de wɔn akogu Samaria ne nsase a atwa hɔ ahyia wɔ asu Eufrate atɔe fam no so no.
11 送った手紙の写しはこれである。「アルタシャスタ王へ、川向こうのあなたのしもべども、あいさつを申し上げます。
Eyi yɛ krataa a wɔde kɔmaa no no nsɛso: Efi wʼasomfo a wɔwɔ asu Eufrate agya no nkyɛn de kɔma Artasasta:
12 王よ、ご承知ください。あなたのもとから、わたしたちの所に上って来たユダヤ人らはエルサレムに来て、かのそむいた悪い町を建て直し、その城壁を築きあげ、その基礎をつくろっています。
Yɛrebɔ wo amanneɛ sɛ, Yudafo a wofi Babilonia baa Yerusalem ha no resiesie atuatewfo ne abɔnefo kurow no. Wɔato afasu no fapem dedaw, na ɛrenkyɛ na wɔawie.
13 王よ、いまご承知ください。もしこの町を建て、城壁を築きあげるならば、彼らはみつぎ、関税、税金を納めなくなります。そうすれば王の収入が減るでしょう。
Na yɛpɛ sɛ wote sɛ, sɛ wosiesie kurow yi ne nʼafasu no wie a, ɛremmoa wo koraa, efisɛ Yudafo no rentua wɔn tow ne aguade biara mma wo.
14 われわれは王宮の塩をはむ者ですから、王の不名誉を見るに忍びないので、人をつかわして王にお聞かせするのです。
Esiane sɛ yɛyɛ wʼasomfo nokwafo nti, yɛmpɛ sɛ wʼanim begu ase wɔ saa kwan yi so nti na yɛrebɔ wo saa amanneɛ yi.
15 歴代の記録をお調べください。その記録の書において、この町はそむいた町で、諸王と諸州に害を及ぼしたものであることを見、その中に古来、むほんの行われたことを知られるでしょう。この町が滅ぼされたのはこれがためなのです。
Yɛpɛ sɛ wohwehwɛ wʼagyanom nkrataa mu, hu sɛnea saa kurow yi yɛɛ atuatew kurow tete no. Nokware ni, wɔsɛee no, esiane abakɔsɛm tenten a ɛda hɔ sɛ wɔsɔre tiaa ahemfo ne aman a wɔpɛe sɛ wodi wɔn so no nti.
16 われわれは王にお知らせいたします。もしこの町が建てられ、城壁が築きあげられたなら、王は川向こうの領地を失うに至るでしょう」。
Yɛpae mu ka se, sɛ wosiesie kurow yi na wowie nʼafasu no a, wobɛhwere asu Eufrate agya asase no.
17 王は返書を送って言った、「長官レホム、書記官シムシャイ、その他サマリヤおよび川向こうのほかの所に住んでいる同僚に、あいさつをする。いま、
Artasasta mmuae ni: Mede krataa yi kɔma amrado Rehum, asennii kyerɛwfo Simsai ne wɔn mfɛfo a wɔte Samaria ne wɔn a wɔwɔ asu Eufrate agya no nyinaa.
18 あなたがたがわれわれに送った手紙を、わたしの前に明らかに読ませた。
Mikyia mo nyinaa. Krataa a mokyerɛwee no, wɔakyerɛ ase, akenkan akyerɛ me.
19 わたしは命令を下して調査させたところ、この町は古来、諸王にそむいた事、その中に反乱、むほんのあったことを見いだした。
Mahyɛ sɛ wɔnkɔyɛ nkrataa mu mpɛnsɛnpɛnsɛnmu, na mahu sɛ, ampa ara, mmere bi a atwa mu no, na Yerusalem yɛ atuatewman a etiaa ahemfo bebree a na abantugu yɛ ade a wɔyɛ daa wɔ hɔ.
20 またエルサレムには大いなる王たちがあって、川向こうの地をことごとく治め、みつぎ、関税、税金を納めさせたこともあった。
Ahemfo atumfo a adi ade wɔ Yerusalem ne asu Eufrate agya no nyinaa agye tow ne aguade bebree.
21 それであなたがたは命令を伝えて、その人々をとどめ、わたしの命令の下るまで、この町を建てさせてはならない。
Ɛno nti, hyɛ na saa nnipa yi nnyae wɔn adwuma. Ɛnsɛ sɛ wosiesie kurow no, gye sɛ mema ho kwan.
22 あなたがたは慎んでこのことについて怠ることのないようにしなさい。どうして損害を増して、王に害を及ぼしてよかろうか」。
Monntwentwɛn so koraa, efisɛ ɛnsɛ sɛ yɛma asɛm no gye nsam.
23 アルタシャスタ王の手紙の写しがレホムおよび書記官シムシャイとその同僚の前に読み上げられたので、彼らは急いでエルサレムのユダヤ人のもとにおもむき、腕力と権力とをもって彼らをやめさせた。
Bere a wɔkenkan saa krataa a efi ɔhene Artasasta nkyɛn kyerɛɛ Rehum, Simsai ne wɔn mfɛfo no, wɔyɛɛ ntɛm kɔɔ Yerusalem kɔhyɛɛ Yudafo no ma wogyaee adansi no.
24 それでエルサレムにある神の宮の工事は中止された。すなわちペルシャ王ダリヨスの治世の二年まで中止された。
Wogyaee Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no ho adwumayɛ, wɔ nea adu hɔ ara, kosii Persiahene Dario ahenni afe a ɛto so abien no so.

< エズラ記 4 >