< エゼキエル書 36 >

1 人の子よ、イスラエルの山々に預言して言え。イスラエルの山々よ、主の言葉を聞け。
“Onipa ba, hyɛ nkɔm kyerɛ Israel mmepɔ na ka sɛ: ‘Israel mmepɔ, montie Awurade asɛm.
2 主なる神はこう言われる、敵はあなたがたについて言う、『ああ、昔の高き所が、われわれのものとなった』と。
Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛe na ɔtamfoɔ no ka faa wo ho, “Ahaa! Tete sorɔnsorɔmmea no abɛyɛ yɛn dea.”’
3 それゆえ、あなたは預言して言え。主なる神はこう言われる、彼らはあなたがたを荒し、四方からあなたがたを打ち滅ぼしたので、あなたがたは他の国民の所有となり、また民の悪いうわさとなった。
Ɛno enti, hyɛ nkɔm na ka sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Esiane sɛ wɔasɛe mo na wɔataataa mo wɔ afa nyinaa, na ɛno enti mobɛyɛɛ aman a aka no agyapadeɛ ne ahohoradeɛ a ɛda wɔn a wɔsi wo atwetwe ano,
4 それゆえ、イスラエルの山々よ、主なる神の言葉を聞け。主なる神は、山と、丘と、くぼ地と、谷と、滅びた荒れ跡と、人の捨てた町々、すなわちその周囲にある諸国民の残った者にかすめられ、あざけられるようになったものに、こう言われる。
ɛno enti, Israel mmepɔ, montie Otumfoɔ Awurade asɛm: Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade ka kyerɛ mmepɔ ne nkokoɔ, subɔnka ne bɔnhwa, mmubuiɛ a ada mpan ne deɛ ayɛ afo, fomfa nkuro a animguaseɛ aka wɔn wɔ aman no nkaeɛ a atwa wɔn ho ahyia no mu.
5 主なる神はこう言われる、わたしはねたみの炎をもって、他の国民とエドム全国とに対して言う、彼らは心ゆくまで喜び、心に誇ってわが地を自分の所有とし、これを奪い、かすめた者である。
Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mefiri anem a emu yɛ den mu akasa atia amanaman a aka no ne Edom nyinaa, ɛfiri sɛ wɔde fɛdie ne adwemmɔne ayɛ me ɔman wɔn agyapadeɛ sɛdeɛ wɔbɛtumi afom nʼadidibea.’
6 それゆえ、あなたはイスラエルの地の事を預言し、山と、丘と、くぼ地と、谷とに言え。主なる神はこう言われる、見よ、あなたがたは諸国民のはずかしめを受けたので、わたしはねたみと怒りとをもって語る。
Ɛno enti, hyɛ nkɔm a ɛfa Israel asase ho, na ka kyerɛ mmepɔ ne nkokoɔ, subɔnhwa ne bɔnhwa sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mede ninkunutweɛ mu anibereɛ kasa, ɛfiri sɛ amanaman no abu wo animtiaa.
7 それゆえ、主なる神はこう言われる、わたしは誓って言う、あなたがたの周囲の諸国民は必ずはずかしめを受ける。
Enti yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mema me nsa so ka ntam sɛ amanaman a atwa wo ho ahyia no nso, wɔbɛbu wɔn animtiaa.
8 しかしイスラエルの山々よ、あなたがたは枝を出し、わが民イスラエルのために実を結ぶ。この事の成るのは近い。
“‘Nanso mo, Israel mmepɔ, mobɛnya mman, aso aba ama me nkurɔfoɔ Israelfoɔ, ɛfiri sɛ ɛrenkyɛre wɔbɛba efie.
9 見よ、わたしはあなたがたに臨み、あなたがたを顧みる。あなたがたは耕され、種をまかれる。
Mo ho hia me na mɛhunu mo mmɔbɔ; wɔbɛfuntum mo na wɔadua mo so aba,
10 わたしはあなたがたの上に人をふやす。これはことごとくイスラエルの家の者となり、町々には人が住み、荒れ跡は建て直される。
na mɛma wo so nnipa adɔɔso. Israel efie nyinaa mpo, nnipa bɛtena wo nkuro no so bio, na wɔbɛsisi mmubuiɛ no nso.
11 わたしはあなたがたの上に人と獣とをふやす。彼らはふえて、子を生む。わたしはあなたがたの上に、昔のように人を住ませ、初めの時よりも、まさる恵みをあなたがたに施す。その時あなたがたは、わたしが主であることを悟る。
Israel mmepɔ, mɛma mmarima ne mmoa adɔɔso mo so na wɔbɛwowo na wɔadɔre, mɛma nnipa atena wo mu te sɛ kane no na wɔbɛma woadi yie asene kane no. Na afei mobɛhunu sɛ mene Awurade no.
12 わたしはわが民イスラエルの人々をあなたがたの上に歩ませる。彼らはあなたがたを所有し、あなたがたはその嗣業となり、あなたがたは重ねて彼らに子のない嘆きをさせない。
Mɛma nkurɔfoɔ, me nkurɔfoɔ Israelfoɔ, anante wo so. Wɔbɛfa wo na wobɛyɛ wɔn agyapadeɛ na woremma wɔnni mmakuna bio.
13 主なる神はこう言われる、彼らはあなたがたに向かって、『あなたは人を食い、あなたの民に子のない嘆きをさせる』と言う。
“‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Esiane sɛ nkurɔfoɔ ka kyerɛ wo sɛ, “Israel asase, wokum nnipa we na woma wo ɔman no hwere nʼadehyeɛ” enti,
14 あなたはもはや人を食わない。あなたの民に重ねて子のない嘆きをさせることはないと、主なる神は言われる。
worenkum nnipa nwe bio na woremma wo ɔman nhwere nʼadehyeɛ bio, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.
15 わたしは重ねて諸国民のはずかしめをあなたに聞かせない。あなたは重ねて、もろもろの民のはずかしめを受けることはなく、あなたの民を重ねてつまずかせることはないと、主なる神は言われる」。
Meremma wo nte amanaman no fɛdie bio, na worenhunu nkurɔfoɔ no animtiabuo bio, na wo ɔman nso renhwe ase bio, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’”
16 主の言葉がわたしに臨んだ、
Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ,
17 「人の子よ、昔、イスラエルの家が、自分の国に住んだとき、彼らはおのれのおこないとわざとをもって、これを汚した。そのおこないは、わたしの前には、汚れにある女の汚れのようであった。
“Onipa ba, ɛberɛ a Israelfoɔ te wɔn ankasa asase soɔ no, wɔde wɔn abrabɔ ne wɔn nneyɛɛ guu asase no ho fi. Na wɔn abrabɔ te sɛ ɔbaa bosome nsabuo wɔ mʼani so.
18 彼らが国に血を流し、またその偶像をもって、国を汚したため、わたしはわが怒りを彼らの上に注ぎ、
Enti mehwiee mʼabufuhyeɛ guu wɔn so ɛfiri sɛ wahwie mogya agu asase no so na wɔde wɔn abosom agu hɔ fi.
19 彼らを諸国民の中に散らしたので、彼らは国々の中に散った。わたしは彼らのおこないと、わざとにしたがって、彼らをさばいた。
Mebɔɔ wɔn petee amanaman no so na wɔhwetee wɔn guu nsase no so; megyinaa wɔn abrabɔ ne wɔn nneyɛɛ so buu wɔn atɛn.
20 彼らがその行くところの国々へ行ったとき、わが聖なる名を汚した。これは人々が彼らについて『これは主の民であるが、その国から出た者である』と言ったからである。
Na baabiara a wɔkɔɔ wɔ amanaman mu no, wɔguu me din kronkron ho fi, ɛfiri sɛ wɔkaa wɔ wɔn ho sɛ, ‘Yeinom yɛ Awurade nkurɔfoɔ, nanso na ɛsɛ sɛ wɔfiri nʼasase so.’
21 しかしわたしはイスラエルの家が、その行くところの諸国民の中で汚したわが聖なる名を惜しんだ。
Me din kronkron ho hia me, deɛ Israel efie guu ho fi wɔ amanaman a wɔkɔɔ so mu no.
22 それゆえ、あなたはイスラエルの家に言え。主なる神はこう言われる、イスラエルの家よ、わたしがすることはあなたがたのためではない。それはあなたがたが行った諸国民の中で汚した、わが聖なる名のためである。
“Ɛno enti, ka kyerɛ Israel efie sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Israel efie, ɛnyɛ mo enti na merebɛyɛ saa nneɛma yi, na mmom me din kronkron no enti, deɛ moguu ho fi wɔ amanaman a mokɔɔ so mu no.
23 わたしは諸国民の中で汚されたもの、すなわち、あなたがたが彼らの中で汚した、わが大いなる名の聖なることを示す。わたしがあなたがたによって、彼らの目の前に、わたしの聖なることを示す時、諸国民はわたしが主であることを悟ると、主なる神は言われる。
Mɛda me din kɛseyɛ no kronkronyɛ a woagu ho fi wɔ amanaman mu no adi, edin a woagu ho fi wɔ wɔn mu no. Sɛ mefa wo so da me ho adi sɛ ɔkronkronni ma wɔhunu a, afei amanaman no bɛhunu sɛ mene Awurade no, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.
24 わたしはあなたがたを諸国民の中から導き出し、万国から集めて、あなたがたの国に行かせる。
“‘Na mɛyi wo afiri amanaman no mu, mɛboaboa mo ano afiri nsase no nyinaa so de mo asane aba mo ankasa asase so.
25 わたしは清い水をあなたがたに注いで、すべての汚れから清め、またあなたがたを、すべての偶像から清める。
Mede nsuo korɔgyenn bɛpete mo so na mo ho ate: Mɛte mo ho afiri nkekaawa ne mo ahoni nyinaa ho.
26 わたしは新しい心をあなたがたに与え、新しい霊をあなたがたの内に授け、あなたがたの肉から、石の心を除いて、肉の心を与える。
Mɛma wo akoma foforɔ na mede honhom foforɔ ahyɛ wo mu. Mɛyi akoma a ɛte sɛ ɛboɔ no afiri wo mu na mama wo akoma foforɔ a ɛte sɛ honam.
27 わたしはまたわが霊をあなたがたのうちに置いて、わが定めに歩ませ、わがおきてを守ってこれを行わせる。
Na mede me Honhom bɛhyɛ wo mu na mama woadi mʼahyɛdeɛ so na woahwɛ adi me mmara so.
28 あなたがたは、わたしがあなたがたの先祖に与えた地に住んで、わが民となり、わたしはあなたがたの神となる。
Mobɛtena asase a mede maa mo agyanom no so. Mobɛyɛ me nkurɔfoɔ na mayɛ mo Onyankopɔn.
29 わたしはあなたがたをそのすべての汚れから救い、穀物を呼びよせてこれを増し、ききんをあなたがたに臨ませない。
Mɛprapra mo ho fi nyinaa. Mɛma aduane aba ama abu so na meremma ɛkɔm mma mo so.
30 またわたしは木の実と、田畑の作物とを多くする。あなたがたは重ねて諸国民の間に、ききんのはずかしめを受けることがない。
Mɛma nnua so aba ayɛ bebree na mfuo nso abɔ nnɔbaeɛ sɛdeɛ ɛkɔm enti mo anim rengu ase bio wɔ amanaman no mu.
31 その時あなたがたは自身の悪しきおこないと、良からぬわざとを覚えて、その罪と、その憎むべきこととのために、みずから恨む。
Afei, wobɛkae wʼakwammɔne ne wʼamumuyɛ, na wo bɔne ne akyiwadeɛ enti, wo ho bɛyɛ wo nwunu.
32 わたしがなすことはあなたがたのためではないと、主なる神は言われる。あなたがたはこれを知れ。イスラエルの家よ、あなたがたは自分のおこないを恥じて悔やむべきである。
Mepɛ sɛ mohunu sɛ ɛnyɛ mo enti na mereyɛ yei, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. Momfɛre na momma mo ani nnwu wɔ mo abrabɔ ho, Ao Israel efie.
33 主なる神はこう言われる、わたしは、あなたがたのすべての罪を清める日に、町々に人を住ませ、その荒れ跡を建て直す。
“‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛda a mɛte mo ho afiri mo bɔne ho no, mɛma nnipa atena mo nkuro so bio na wɔbɛsisi mmubuiɛ no bio.
34 荒れた地は、行き来の人々の目に荒れ地と見えたのに引きかえて耕される。
Asase a ada mpan no, wɔbɛdua so nneɛma na ɛrenna hɔ kwa sɛdeɛ na ɛteɛ wɔ wɔn a na wɔtwam hɔ no ani soɔ no.
35 そこで人々は言う、『この荒れた地は、エデンの園のようになった。荒れ、滅び、くずれた町々は、堅固になり、人の住む所となった』と。
Wɔbɛka sɛ, “Saa asase a ada mpan yi ayɛ sɛ Eden turo. Nkuropɔn a na adane mmubuiɛ, ayɛ afoafo na asɛe yi, wɔabɔ ho ban na nnipa abɛtenatena mu.”
36 あなたがたの周囲に残った諸国民は主なるわたしがくずれた所を建て直し、荒れた所にものを植えたということを悟るようになる。主なるわたしがこれを言い、これをなすのである。
Afei aman a aka a atwa wo ho ahyia no bɛhunu sɛ me Awurade, makyekyere deɛ na asɛeɛ na madua wɔ deɛ na ada mpan soɔ, me Awurade na maka na mɛyɛ.’
37 主なる神はこう言われる、イスラエルの家は、わたしが次のことを彼らのためにするように、わたしに求めるべきである。すなわち人を群れのようにふやすこと、
“Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mɛtie Israel efie abisadeɛ na mayɛ yei ama wɔn; Mɛma wɔn nkurɔfoɔ adɔɔso sɛ nnwan,
38 すなわち犠牲のための群れのように、エルサレムの祝い日の群れのようにすることである。こうして荒れた町々は人の群れで満ちる。その時人々は、わたしが主であることを悟るようになる」。
wɔbɛdɔɔso sɛ nnwankuo a wɔde wɔn kɔ Yerusalem sɛ afɔrebɔdeɛ wɔ afahyɛ nna. Saa ara na nnipa dodoɔ bɛhyɛ nkuropɔn a abubuo no so ma. Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.”

< エゼキエル書 36 >