< エゼキエル書 15 >

1 主の言葉がわたしに臨んだ、
Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
2 「人の子よ、ぶどうの木、森の木のうちにあるぶどうの枝は、ほかの木になんのまさる所があるか。
“Onipa ba, ɔkwan bɛn so na bobe dutan so bɛba mfaso asen kwae mu dua foforo biara mman?
3 その木は何かを造るために用いられるか。また人はこれを用いて、器物を掛ける木釘を造るだろうか。
Wotwa dua no bi de yɛ biribi a so wɔ mfaso? Wɔde yɛ pɛe a wɔde nneɛma sensɛn so ana?
4 見よ、これは火に投げ入れられて燃える。火がその両端を焼いたとき、またその中ほどがこげたとき、それはなんの役に立つだろうか。
Na sɛ wɔde ne nnyina hyɛ ogya mu na eti ne ti hyew ma mfimfini yɛ nso a, so ba mfaso bi ana?
5 見よ、これは完全な時でも、なんの用をもなさない。まして火がこれを焼き、これをこがした時には、なんの役に立つだろうか。
Na sɛ so amma mfaso bere a ɛyɛ mua no a, ɛbɛyɛ dɛn na wobetumi de ayɛ ade bi a mfaso wɔ so, bere a ahyew atɔ nso no?
6 それゆえ主なる神はこう言われる、わたしが森の木の中のぶどうの木を、火に投げ入れて焼くように、エルサレムの住民をそのようにする。
“Enti sɛɛ na Otumfo Awurade se: Sɛnea mede bobe dua a ɛfra kwaennua ama sɛ wɔmfa nsɔ ogya no, saa ɔkwan no ara so na mede nnipa a wɔte Yerusalem no nso bɛfa.
7 わたしはわたしの顔を彼らに向けて攻める。彼らがその火からのがれても、火は彼らを焼き尽す。わたしが顔を彼らに向けて攻める時、あなたがたはわたしが主であることを知る。
Metu mʼani asi wɔn so. Ɛwɔ mu sɛ wɔafi ogya no mu de, nanso ɛbɛhyew wɔn bio. Na sɛ mitu mʼani si wɔn so a, wubehu sɛ mene Awurade.
8 彼らが、もとりそむいたゆえに、わたしはこの地を荒れ地とすると、主なる神は言われる」。
Mɛma asase no ada mpan efisɛ wɔanni nokware, Otumfo Awurade asɛm ni.”

< エゼキエル書 15 >