< 出エジプト記 3 >

1 モーセは妻の父、ミデヤンの祭司エテロの羊の群れを飼っていたが、その群れを荒野の奥に導いて、神の山ホレブにきた。
Ɛda bi na Mose rehwɛ nʼase Yetro a ɔyɛ Midian ɔsɔfoɔ nnwan. Ɔde nnwan no wuraa ɛserɛ no mu kɔɔ akyirikyiri kɔduruu Horeb a ɛyɛ Onyankopɔn bepɔ no so.
2 ときに主の使は、しばの中の炎のうちに彼に現れた。彼が見ると、しばは火に燃えているのに、そのしばはなくならなかった。
Prɛko pɛ, na Awurade ɔbɔfoɔ daa ne ho adi sɛ gyaframa wɔ wira no mu kyerɛɛ no. Mose hunuu sɛ wira no redɛre nanso na ɛnhye.
3 モーセは言った、「行ってこの大きな見ものを見、なぜしばが燃えてしまわないかを知ろう」。
Enti, Mose kaa sɛ, “Mɛkɔ akɔhwɛ anwanwadeɛ yi ahunu deɛ enti a wira no nhye.”
4 主は彼がきて見定ようとするのを見、神はしばの中から彼を呼んで、「モーセよ、モーセよ」と言われた。彼は「ここにいます」と言った。
Ɛberɛ a Awurade hunuu sɛ ɔrekɔhwɛ no, ɔfrɛɛ no firii wira no mu sɛ, “Mose! Mose!” Mose gyee so sɛ, “Me nie.”
5 神は言われた、「ここに近づいてはいけない。足からくつを脱ぎなさい。あなたが立っているその場所は聖なる地だからである」。
Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Mmɛn me. Yi wo nan mu mpaboa na baabi a wogyina no yɛ asase kronkron.”
6 また言われた、「わたしは、あなたの先祖の神、アブラハムの神、イサクの神、ヤコブの神である」。モーセは神を見ることを恐れたので顔を隠した。
Ɔtoaa so sɛ, “Mene wʼagyanom Onyankopɔn—Abraham Onyankopɔn, Isak Onyankopɔn ne Yakob Onyankopɔn.” Mose kataa nʼanim, ɛfiri sɛ, na ɔsuro sɛ ɔbɛhwɛ Onyankopɔn anim.
7 主はまた言われた、「わたしは、エジプトにいるわたしの民の悩みを、つぶさに見、また追い使う者のゆえに彼らの叫ぶのを聞いた。わたしは彼らの苦しみを知っている。
Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Mahunu amanehunu a me manfoɔ a wɔwɔ Misraim no wɔ mu, na mate wɔn nkotosrɛ a ɛfa wɔn nnwuma wuranom ho, na menim wɔn ahohiahia.
8 わたしは下って、彼らをエジプトびとの手から救い出し、これをかの地から導き上って、良い広い地、乳と蜜の流れる地、すなわちカナンびと、ヘテびと、アモリびと、ペリジびと、ヒビびと、エブスびとのおる所に至らせようとしている。
Maba sɛ merebɛgye wɔn afiri Misraimfoɔ nsam na mayi wɔn afiri Misraim asase so de wɔn akɔ asase pa so—asase a ɛtrɛ; asase a ɛwoɔ ne nufosuo wɔ so—asase a Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ te soɔ no so.
9 いまイスラエルの人々の叫びがわたしに届いた。わたしはまたエジプトびとが彼らをしえたげる、そのしえたげを見た。
Mate Israelfoɔ no su, na mahunu nya a Misraimfoɔ di wɔn no.
10 さあ、わたしは、あなたをパロにつかわして、わたしの民、イスラエルの人々をエジプトから導き出させよう」。
Afei, merebɛsoma wo akɔ Farao nkyɛn, akɔyi me ɔman Israel afiri Misraim.”
11 モーセは神に言った、「わたしは、いったい何者でしょう。わたしがパロのところへ行って、イスラエルの人々をエジプトから導き出すのでしょうか」。
Mose bisaa sɛ, “Mene hwan a mɛtumi akɔ Farao anim akɔka sɛ merebɛyi Israelfoɔ afiri Misraim asase so?”
12 神は言われた、「わたしは必ずあなたと共にいる。これが、わたしのあなたをつかわしたしるしである。あなたが民をエジプトから導き出したとき、あなたがたはこの山で神に仕えるであろう」。
Onyankopɔn buaa no sɛ, “Mɛka wo ho. Adansedeɛ a ɛkyerɛ sɛ me na masoma wo no nie. Sɛ woyi nnipa no firi Misraim a, mobɛsom Onyankopɔn wɔ saa bepɔ yi so.”
13 モーセは神に言った、「わたしがイスラエルの人々のところへ行って、彼らに『あなたがたの先祖の神が、わたしをあなたがたのところへつかわされました』と言うとき、彼らが『その名はなんというのですか』とわたしに聞くならば、なんと答えましょうか」。
Mose bisaa sɛ, “Sɛ mekɔ Israelfoɔ no nkyɛn kɔka sɛ, wɔn agyanom Onyankopɔn na wasoma me na wɔbisa me sɛ. ‘Onyankopɔn bɛn na mereka ne ho asɛm no’ a, mmuaeɛ bɛn na memfa mma wɔn?”
14 神はモーセに言われた、「わたしは、有って有る者」。また言われた、「イスラエルの人々にこう言いなさい、『「わたしは有る」というかたが、わたしをあなたがたのところへつかわされました』と」。
Ɔbuaa Mose sɛ, ka sɛ, “Mene deɛ ɔwɔ hɔ daa no. Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Me Ara na wasoma me mo nkyɛn.’”
15 神はまたモーセに言われた、「イスラエルの人々にこう言いなさい『あなたがたの先祖の神、アブラハムの神、イサクの神、ヤコブの神である主が、わたしをあなたがたのところへつかわされました』と。これは永遠にわたしの名、これは世々のわたしの呼び名である。
Onyankopɔn toaa so sɛ, “Awurade a ɔyɛ mo nananom Abraham, Isak ne Yakob Onyankopɔn na wasoma me mo nkyɛn.” Yei ne me edin a wɔde bɛkae me ɛda biara firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.
16 あなたは行って、イスラエルの長老たちを集めて言いなさい、『あなたがたの先祖の神、アブラハム、イサク、ヤコブの神である主は、わたしに現れて言われました、「わたしはあなたがたを顧み、あなたがたがエジプトでされている事を確かに見た。
Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Frɛ Israelfoɔ mpanimfoɔ nyinaa hyia na ka hunu a wohunuu Awurade wɔ wira a na ɛredɛre mu no kyerɛ wɔn. Afei, ka asɛm a meka kyerɛɛ wo sɛ, ‘Makɔsra me nkurɔfoɔ na mahunu deɛ aba wɔn so wɔ Misraim no kyerɛ wɔn.
17 それでわたしはあなたがたを、エジプトの悩みから導き出して、カナンびと、ヘテびと、アモリびと、ペリジびと、ヒビびと、エブスびとの地、乳と蜜の流れる地へ携え上ろうと決心した」と』。
Mehyɛ bɔ sɛ mɛyi wɔn afiri amanehunu ne animguaseɛ a wɔwɔ mu no mu na mede wɔn akɔ asase a Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ te so ɛnnɛ yi a ɛwoɔ ne nufosuo wɔ so no so.’
18 彼らはあなたの声に聞き従うであろう。あなたはイスラエルの長老たちと一緒にエジプトの王のところへ行って言いなさい、『ヘブルびとの神、主がわたしたちに現れられました。それで、わたしたちを、三日の道のりほど荒野に行かせて、わたしたちの神、主に犠牲をささげることを許してください』と。
“Israelfoɔ mpanimfoɔ bɛtie wʼasɛm na wɔne wo akɔ Misraimhene hɔ akɔka akyerɛ no sɛ, ‘Awurade, Hebrifoɔ Onyankopɔn, ne yɛn ahyia na waka akyerɛ yɛn sɛ, yɛntu nnansa ɛkwan nkɔ ɛserɛ so nkɔbɔ afɔdeɛ mma no. Enti, ma yɛn ɛkwan.’
19 しかし、エジプトの王は強い手をもって迫らなければ、あなたがたを行かせないのをわたしは知っている。
Nanso, menim sɛ Misraimhene remma mo ɛkwan da, gye sɛ wɔhyɛ no ketee.
20 それで、わたしは手を伸べて、エジプトのうちに行おうとする、さまざまの不思議をもってエジプトを打とう。その後に彼はあなたがたを去らせるであろう。
Enti, mɛhyɛ no ketee sɛdeɛ ɛsɛ. Menam anwanwakwan so bɛsɛe Misraim na akyire no, wama mo akɔ.
21 わたしはこの民にエジプトびとの好意を得させる。あなたがたは去るときに、むなし手で去ってはならない。
“Mɛma mo anim aba nyam Misraimfoɔ no anim na wɔahyehyɛ akyɛdeɛ ama mo, na moankɔ no nsapan.
22 女はみな、その隣の女と、家に宿っている女に、銀の飾り、金の飾り、また衣服を求めなさい。そしてこれらを、あなたがたのむすこ、娘に着けさせなさい。このようにエジプトびとのものを奪い取りなさい」。
Ɔbaa biara mmisa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ adwinneɛ ne ntoma pa mfiri nʼafipamfoɔ ne ne fiefoɔ mmaa nkyɛn na wɔmfa nsiesie wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa ho. Wɔnam saa yɛ so bɛpansam Misraimfoɔ ahonyadeɛ te sɛ deɛ wɔafom asadeɛ.”

< 出エジプト記 3 >