< 申命記 5 >

1 さてモーセはイスラエルのすべての人を召し寄せて言った、「イスラエルよ、きょう、わたしがあなたがたの耳に語る定めと、おきてを聞き、これを学び、これを守って行え。
Mose frɛɛ Israelfo no nyinaa ka kyerɛɛ wɔn se: Israel, muntie, mmara ne ahyɛde a mede rema mo nnɛ no. Munsua na munni so.
2 われわれの神、主はホレブで、われわれと契約を結ばれた。
Bere a yɛwɔ Horeb no, Awurade yɛn Nyankopɔn ne yɛn yɛɛ apam bi.
3 主はこの契約をわれわれの先祖たちとは結ばず、きょう、ここに生きながらえているわれわれすべての者と結ばれた。
Ɛnyɛ yɛn agyanom na Awurade ne wɔn yɛɛ apam no, na mmom, ɔne yɛn a yɛte ase nnɛ yi nyinaa na ɛyɛe.
4 主は山で火の中から、あなたがたと顔を合わせて語られた。
Awurade fi bepɔw so ogya mu ne mo kasaa anikann.
5 その時、わたしは主とあなたがたとの間に立って主の言葉をあなたがたに伝えた。あなたがたは火のゆえに恐れて山に登ることができなかったからである。主は言われた、
Migyinaa mo ne Awurade ntam, na mekaa Awurade asɛm kyerɛɛ mo efisɛ na musuro ogya no nti, moamforo bepɔw no. Nsɛm a ɔkae no ni:
6 『わたしはあなたの神、主であって、あなたをエジプトの地、奴隷の家から導き出した者である。
“Mene Awurade, mo Nyankopɔn, a miyii mo fii nkoasom mu wɔ Misraim no.
7 あなたはわたしのほかに何ものをも神としてはならない。
“Monnsom onyame foforo biara nka me ho.
8 あなたは自分のために刻んだ像を造ってはならない。上は天にあるもの、下は地にあるもの、また地の下の水の中にあるものの、どのような形をも造ってはならない。
Monnyɛ ohoni anaa biribiara a ɛsɛ ade a ɛwɔ wim, anaa nea ɛwɔ asase so, anaa nea ɛwɔ nsu mu, anaa nea ɛwɔ asase ase.
9 それを拝んではならない。またそれに仕えてはならない。あなたの神、主であるわたしは、ねたむ神であるから、わたしを憎むものには、父の罪を子に報いて三、四代に及ぼし、
Monnkotow ohoni biara nsom no wɔ ɔkwan biara so, na me, Awurade, mo Nyankopɔn, meyɛ ninkufo a metwe mma a wɔtan me no aso wɔ awofonom bɔne a wɔyɛ no ho kɔ awo ntoatoaso abiɛsa ne anan mu,
10 わたしを愛し、わたしの戒めを守る者には恵みを施して千代に至るであろう。
nanso meda ɔdɔ adi kyerɛ awo ntoatoaso mpem a wɔdɔ me na wodi mʼahyɛde so no.
11 あなたの神、主の名をみだりに唱えてはならない。主はその名をみだりに唱える者を罰しないではおかないであろう。
Mommmɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, din basabasa. Sɛ moyɛ saa a, obebu mo fɔ.
12 安息日を守ってこれを聖とし、あなたの神、主があなたに命じられたようにせよ。
Monkae homeda na munni no sɛ da kronkron.
13 六日のあいだ働いて、あなたのすべてのわざをしなければならない。
Nnansia na momfa nyɛ mo nnwuma nyinaa,
14 七日目はあなたの神、主の安息であるから、なんのわざをもしてはならない。あなたも、あなたのむすこ、娘、しもべ、はしため、牛、ろば、もろもろの家畜も、あなたの門のうちにおる他国の人も同じである。こうしてあなたのしもべ、はしためを、あなたと同じように休ませなければならない。
na da a ɛto so ason no yɛ Homeda ma Awurade, mo Nyankopɔn. Saa da no, ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara; ɛnsɛ sɛ mo mmabarima, mo mmabea anaa mo asomfo anaa mo anantwi ne mo mfurum anaa mo ahɔho yɛ adwuma biara.
15 あなたはかつてエジプトの地で奴隷であったが、あなたの神、主が強い手と、伸ばした腕とをもって、そこからあなたを導き出されたことを覚えなければならない。それゆえ、あなたの神、主は安息日を守ることを命じられるのである。
Monkae sɛ bere bi a atwa mu no na moyɛ nkoa wɔ Misraim na Awurade, mo Nyankopɔn, nam anwonwatumi ne tumi nnwuma so na oyii mo fii hɔ. Ɛno nti na Awurade mo Nyankopɔn hyɛ mo sɛ munni Homeda no.
16 あなたの神、主が命じられたように、あなたの父と母とを敬え。あなたの神、主が賜わる地で、あなたが長く命を保ち、さいわいを得ることのできるためである。
Di wʼagya ne wo na ni sɛnea Awurade, mo Nyankopɔn, ahyɛ mo no, na ama wo nkwanna aware, na asi wo yiye wɔ asase a Awurade wo Nyankopɔn de rema wo no so.
17 あなたは殺してはならない。
Nni awu.
18 あなたは姦淫してはならない。
Nsɛe aware.
19 あなたは盗んではならない。
Mmɔ korɔn
20 あなたは隣人について偽証してはならない。
Nni wo yɔnko ho adansekurum
21 あなたは隣人の妻をむさぼってはならない。また隣人の家、畑、しもべ、はしため、牛、ろば、またすべて隣人のものをほしがってはならない』。
Mma wʼani mmere wo yɔnko yere. Mma wʼani mmere wo yɔnko fi anaa nʼasase anaa nʼakoa anaa nʼafenaa, ne nʼanantwi, nʼafurum anaa biribiara a ɛyɛ wo yɔnko dea.”
22 主はこれらの言葉を山で火の中、雲の中、濃い雲の中から、大いなる声をもって、あなたがたの全会衆にお告げになったが、このほかのことは言われず、二枚の石の板にこれを書きしるして、わたしに授けられた。
Eyinom ne mmaransɛm a Awurade de nne kɛse a efi ogyaframa no mu pae mu ka kyerɛɛ mo fii omununkum a esum kabii atwa ho ahyia mu wɔ bepɔw no so a wamfa hwee anka ho. Na ɔkyerɛw guu abo pon abien so de maa me.
23 時に山は火で燃えていたが、あなたがたが暗黒のうちから聞える声を聞くに及んで、あなたがたの部族のすべてのかしらと長老たちは、わたしに近寄って、
Motee nne no fii esum mu bere a bepɔw no so redɛw ogya framfram no, mmusuakuw mu ntuanofo no nyinaa baa me nkyɛn.
24 言った、『われわれの神、主がその栄光と、その大いなることとを、われわれに示されて、われわれは火の中から出るその声を聞きました。きょう、われわれは神が人と語られ、しかもなおその人が生きているのを見ました。
Wɔkae se, “Awurade, yɛn Nyankopɔn, akyerɛ yɛn nʼanuonyam ne ne tumi na yɛate ne nne afi ogya no mu. Nnɛ, yɛahu sɛ, sɛ Onyankopɔn ne onipa kasa koraa a, onipa tumi tena ase.
25 われわれはなぜ死ななければならないでしょうか。この大いなる火はわれわれを焼き滅ぼそうとしています。もしこの上なおわれわれの神、主の声を聞くならば、われわれは死んでしまうでしょう。
Na afei, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yewuwu? Sɛ Awurade, yɛn Nyankopɔn, kasa kyerɛ yɛn bio a, akyinnye biara nni ho sɛ yebewu na ogya no ahyew yɛn pasaa.
26 およそ肉なる者のうち、だれが、火の中から語られる生ける神の声を、われわれのように聞いてなお生きている者がありましょうか。
Efisɛ ɔkra teasefo bɛn na wate Onyankopɔn teasefo no nne sɛ ɛrekasa fi ogyaframa no mu na watena ase ana?
27 あなたはどうぞ近く進んで行って、われわれの神、主が言われることをみな聞き、われわれの神、主があなたにお告げになることをすべてわれわれに告げてください。われわれは聞いて行います』。
Kɔ na kotie nea Awurade, yɛn Nyankopɔn no, ka no. Na afei, bra na bɛka biribiara a ɔka kyerɛɛ wo no kyerɛ yɛn, na yebetie na yɛadi so.”
28 あなたがたがわたしに語っている時、主はあなたがたの言葉を聞いて、わたしに言われた、『わたしはこの民がおまえに語っている言葉を聞いた。彼らの言ったことはみな良い。
Awurade tee mo nne bere a mokasa kyerɛɛ me no, Awurade ka kyerɛɛ me se, “Mate nsɛm a saa nnipa yi ka kyerɛɛ wo no. Nsɛm a wɔkaa no nyinaa ye.
29 ただ願わしいことは、彼らがつねにこのような心をもってわたしを恐れ、わたしのすべての命令を守って、彼らもその子孫も永久にさいわいを得るにいたることである。
Ao, sɛ daa wobenya koma sɛnea ɛbɛma wɔasuro me na wɔadi mʼahyɛde nyinaa so a, anka ebeye ama wɔn ne wɔn asefo nyinaa afebɔɔ.
30 おまえは行って彼らに、「あなたがたはおのおのその天幕に帰れ」と言え。
“Kɔ na kɔka kyerɛ wɔn se, wɔnsan mmra wɔn ntamadan mu.
31 しかし、おまえはこの所でわたしのそばに立て。わたしはすべての命令と、定めと、おきてとをおまえに告げ示すであろう。おまえはこれを彼らに教え、わたしが彼らに与えて獲させる地において、これを行わせなければならない』。
Nanso wo de, wo ne me ntena ha sɛnea ɛbɛyɛ a metumi de mʼahyɛde ne me mmara ama wo. Wobɛkyerɛkyerɛ nnipa no sɛnea wobetie wɔ asase a mede rema wɔn no so sɛ wɔn agyapade no.”
32 それゆえ、あなたがたの神、主が命じられたとおりに、慎んで行わなければならない。そして左にも右にも曲ってはならない。
Enti mohwɛ yiye na n monyɛ nea Awurade mo Nyankopɔn ahyɛ mo no; momman mfa nifa anaa benkum.
33 あなたがたの神、主が命じられた道に歩まなければならない。そうすればあなたがたは生きることができ、かつさいわいを得て、あなたがたの獲る地において、長く命を保つことができるであろう。
Munni nea Awurade, mo Nyankopɔn, ahyɛ mo no nyinaa so na ama moanya nkwa, na asi mo yiye, na no nna aware wɔ asase a morekɔfa no so.

< 申命記 5 >