< アモス書 1 >

1 テコアの牧者のひとりであるアモスの言葉。これはユダの王ウジヤの世、イスラエルの王ヨアシの子ヤラベアムの世、地震の二年前に、彼がイスラエルについて示されたものである。
Amos, Tekoa nguanhwɛfo no mu baako nsɛm ni. Onyaa saa anisoadehu yi a ɛfa Israel ho mfe abien ansa na asase wosowee, bere a Usia di hene wɔ Yuda na Yoas babarima Yeroboam nso di hene wɔ Israel no.
2 彼は言った、「主はシオンからほえ、エルサレムから声を出される。牧者の牧場は嘆き、カルメルの頂は枯れる」。
Ɔkae se, “Awurade bobɔ mu fi Sion bepɔw so na ɔde aprannaa nnyigyei nso fi Yerusalem; nguanhwɛfo mmoa adidibea rehyew na Karmel atifi nso kisa.”
3 主はこう言われる、「ダマスコの三つのとが、四つのとがのために、わたしはこれを罰してゆるさない。これは彼らが鉄のすり板で、ギレアデを踏みにじったからである。
Nea Awurade se ni: “Damasko ayɛ bɔne bebree ama no atra so ɛno nti, merennan mʼabufuw. Efisɛ ɔde awiporowbea ade a ɛwɔ dade se dwerɛw Gilead.
4 わたしはハザエルの家に火を送り、ベネハダデのもろもろの宮殿を焼き滅ぼす。
Mede ogya bɛto Hasael fi na ahyew Ben-Hadad aban no.
5 わたしはダマスコの貫の木を砕き、アベンの谷から住民を断ち、ベテエデンから王のつえをとる者を断つ。スリヤの民はキルに捕えられて行く」と主は言われる。
Mebubu Damasko apon, na mɛsɛe ɔhene a ɔwɔ Awen bon no mu no ne nea okura ahempema wɔ Bet Eden no. Na Aramfo bɛkɔ nnommum mu wɔ Kir,” sɛnea Awurade se ni.
6 主はこう言われる、「ガザの三つのとが、四つのとがのために、わたしはこれを罰してゆるさない。これは彼らが人々をことごとく捕えて行って、エドムに渡したからである。
Nea Awurade se ni: “Gasa ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno nti, merennan mʼabufuw no. Ɔfaa ɔman mu no nyinaa nnommum na ɔtɔn wɔn maa Edomfo.
7 わたしはガザの石がきに火を送り、そのもろもろの宮殿を焼き滅ぼす。
Mede ogya bɛto Gasa afasu mu, na ahyew nʼaban no.
8 わたしはアシドドから住民を断ち、アシケロンから王のつえをとる者を断つ。わたしはまた手をかえしてエクロンを撃つ。そして残ったペリシテびとも滅びる」と主なる神は言われる。
Mɛsɛe Asdod hene no ne nea okura ahempema wɔ Askelon no. Mɛdan me nsa atia Ekron, kosi sɛ Filistini a otwa to no bewu,” sɛnea Asafo Awurade se ni.
9 主はこう言われる、「ツロの三つのとが、四つのとがのために、わたしはこれを罰してゆるさない。これは彼らが人々をことごとくエドムに渡し、また兄弟の契約を心に留めなかったからである。
Nea Awurade se ni: “Tiro ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno nti, merennan mʼabufuw. Ɔfaa ɔmanmu no nnommum na ɔtɔn wɔn maa Edomfo, a wankae onuadɔ apam.
10 それゆえ、わたしはツロの石がきに火を送り、そのもろもろの宮殿を焼き滅ぼす」。
Mede ogya bɛto Tiro afasu no mu, na ahyew nʼaban.”
11 主はこう言われる、「エドムの三つのとが、四つのとがのために、わたしはこれを罰してゆるさない。これは彼がつるぎをもってその兄弟を追い、全くあわれみの情を断ち、常に怒って、人をかき裂き、ながくその憤りを保ったからである。
Nea Awurade se ni: “Edom ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno nti, merennan mʼabufuw. Ɔde afoa taataa ne nua, a wannya ayamhyehye biara. Efisɛ ne bo kɔɔ so fuwii, na obiara antumi annwudwo nʼabufuw no ano.
12 それゆえ、わたしはテマンに火を送り、ボズラのもろもろの宮殿を焼き滅ぼす」。
Mede ogya bɛto Teman mu, na ahyew Bosra aban.”
13 主はこう言われる、「アンモンの人々の三つのとが、四つのとがのために、わたしはこれを罰してゆるさない。これは彼らがその国境を広げるために、ギレアデのはらんでいる女をひき裂いたからである。
Sɛnea Awurade se ni: “Amon ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno nti, merennan mʼabufuw. Ɔde afoa paapaee Gilead apemfo yafunu mu de trɛw nʼahye mu.
14 それゆえ、わたしはラバの石がきに火をはなち、そのもろもろの宮殿を焼き滅ぼす。これは戦いの日に、ときの声をもってせられ、つむじ風の日に、暴風をもってせられる。
Mede ogya bɛto Raba afasu mu na ahyew nʼaban wɔ ɔko da mu nteɛteɛmu ne ahum da mfɛtɛ mu.
15 彼らの王はそのつかさたちと共に捕えられて行く」と主は言われる。
Na ne hene ne mmapɔmma bɛbɔ mu akɔ nnommum mu,” sɛnea Awurade se ni.

< アモス書 1 >