< 列王記Ⅱ 18 >

1 イスラエルの王エラの子ホセアの第三年にユダの王アハズの子ヒゼキヤが王となった。
Ahas babarima Hesekia fii ase dii hene wɔ Yuda no, na Ela babarima Hosea adi hene wɔ Israel mfe abiɛsa.
2 彼は王となった時二十五歳で、エルサレムで二十九年の間、世を治めた。その母はゼカリヤの娘で、名をアビといった。
Odii hene no na wadi mfirihyia aduonu anum, na odii hene wɔ Yerusalem mfirihyia aduonu akron. Na ne na yɛ Sakaria babea a wɔfrɛ no Abi.
3 ヒゼキヤはすべて先祖ダビデがおこなったように主の目にかなう事を行い、
Ɔyɛɛ nea ɛsɔ Awurade ani, sɛnea nʼagya Dawid yɛe pɛpɛɛpɛ.
4 高き所を除き、石柱をこわし、アシラ像を切り倒し、モーセの造った青銅のへびを打ち砕いた。イスラエルの人々はこの時までそのへびに向かって香をたいていたからである。人々はこれをネホシタンと呼んだ。
Otutuu abosonnan, bubuu afadum kronkron no, kaa Asera nnua no guu fam. Obubuu kɔbere mfrafrae ɔwɔ a Mose ayɛ no, efisɛ na nnipa no hyew nnuhuam ma no de som. Na wɔfrɛ ɔwɔ no a wɔde kɔbere mfrafrae ayɛ no Nehustan.
5 ヒゼキヤはイスラエルの神、主に信頼した。そのために彼のあとにも彼の先にも、ユダのすべての王のうちに彼に及ぶ者はなかった。
Hesekia de ne ho too Awurade, Israel Nyankopɔn so. Nʼakyi ne nʼanim no, na ɔhene biara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno wɔ Yuda asase so.
6 すなわち彼は固く主に従って離れることなく、主がモーセに命じられた命令を守った。
Biribiara mu, odii Awurade nokware, na ɔde ntoboase dii ahyɛde a Awurade de maa Mose no nyinaa so.
7 主が彼と共におられたので、すべて彼が出て戦うところで功をあらわした。彼はアッスリヤの王にそむいて、彼に仕えなかった。
Ne saa nti, na Awurade ka ne ho, na Hesekia kɔɔ so wɔ biribiara a ɔyɛe mu. Ɔyɛɛ dɔm tiaa Asiriahene, na wantua sonkahiri amma no.
8 彼はペリシテびとを撃ち敗って、ガザとその領域にまで達し、見張台から堅固な町にまで及んだ。
Afei, okodii Filistifo so nkonim, de kosii Gasa ne nʼahye so, fi ne nkuraa, de kosii wɔn kuropɔn a wɔato ɔfasu atwa ho no.
9 ヒゼキヤ王の第四年すなわちイスラエルの王エラの子ホセアの第七年に、アッスリヤの王シャルマネセルはサマリヤに攻め上って、これを囲んだが、
Hesekia ahenni no mfe anan so a na ɔhene Hosea nso wɔ nʼahenni wɔ Israel mfe ason mu no, Asiriahene Salmaneser kotuaa Israel ano, fii ase kaa Samaria kuropɔn hyɛe.
10 三年の後ついにこれを取った。サマリヤが取られたのはヒゼキヤの第六年で、それはイスラエルの王ホセアの第九年であった。
Mfe abiɛsa akyi a, na ɔhene Hesekia adi ade mfe asia a, na ɛyɛ ɔhene Hosea nso adedi wɔ Israel mfe akron mu no, Samaria bɔe.
11 アッスリヤの王はイスラエルの人々をアッスリヤに捕えていって、ハラと、ゴザンの川ハボルのほとりと、メデアの町々に置いた。
Saa bere no, Asiriahene twaa Israelfo no asu kɔɔ Asiria, de wɔn hyehyɛɛ aman so wɔ Halah wɔ Asubɔnten Habor a ɛwɔ Gosan konkɔn so ne nkurow akɛse a ɛwɔ Media mu.
12 これは彼らがその神、主の言葉にしたがわず、その契約を破り、主のしもべモーセの命じたすべての事に耳を傾けず、また行わなかったからである。
Efisɛ wɔantie Awurade, wɔn Nyankopɔn no. Wobuu nʼapam no so, mmara a Awurade nam Mose so hyehyɛ maa wɔn no.
13 ヒゼキヤ王の第十四年にアッスリヤの王セナケリブが攻め上ってユダのすべての堅固な町々を取ったので、
Ɔhene Hesekia adedi mfe dunan so, Asiriahene Sanaherib bɛtow hyɛɛ Yuda nkurow a na wɔabɔ ho ban no so, dii wɔn so nkonim.
14 ユダの王ヒゼキヤは人をラキシにつかわしてアッスリヤの王に言った、「わたしは罪を犯しました。どうぞ引き上げてください。わたしに課せられることはなんでもいたします」。アッスリヤの王は銀三百タラントと金三十タラントをユダの王ヒゼキヤに課した。
Na Hesekia de saa nkra yi kɔmaa Asiriahene wɔ Lakis se, “Mayɛ mfomso. Sɛ wubefi ha akɔ nko ara de a, sonkahiri biara a wubegye me no, metua.” Na Asiriahene bisaa mpata a ɛboro dwetɛ tɔn dubaako ne sikakɔkɔɔ nso bɛyɛ tɔn baako.
15 ヒゼキヤは主の宮と王の家の倉とにある銀をことごとく彼に与えた。
Enti ɔhene Hesekia de dwetɛ a wɔakora no wɔ Awurade Asɔredan no mu ne nea ɛwɔ ahemfi adekorae hɔ nyinaa mae.
16 この時ユダの王ヒゼキヤはまた主の神殿の戸および柱から自分が着せた金をはぎ取って、アッスリヤの王に与えた。
Mpo, Hesekia waawae sikakɔkɔɔ a wɔde aduradura asɔredan no apon ho, de ne nyinaa maa Asiriahene.
17 アッスリヤの王はまたタルタン、ラブサリスおよびラブシャケを、ラキシから大軍を率いてエルサレムにいるヒゼキヤ王のもとにつかわした。彼らは上ってエルサレムに来た。彼らはエルサレムに着くと、布さらし場に行く大路に沿っている上の池の水道のかたわらへ行って、そこに立った。
Eyinom nyinaa akyi no, Asiriahene somaa ne sahene, nʼasraafodɔmhene ne nʼananmusini fii Lakis ne asraafodɔm a wɔn mu yɛ duru, kɔɔ Hesekia so wɔ Yerusalem. Asiriafo no gyinaa nsukwan bi a ɛma atifi ɔtare nsu a ɛbɛn ɔkwan a ɛde kɔ faako a wɔpa ntama ani no ho.
18 そして彼らが王を呼んだので、ヒルキヤの子である宮内卿エリアキム、書記官セブナ、およびアサフの子である史官ヨアが彼らのところに出てきた。
Wɔfrɛɛ Hesekia, nanso ɔsomaa ne mpanyimfo yi sɛ wonkohyia wɔn: Hilkia babarima Eliakim a ɔhwɛ ahemfi hɔ so, ɔkyerɛwfo Sebna ne Asaf babarima Yoa a ɔyɛ ahemfi abakɔsɛm kyerɛwfo.
19 ラブシャケは彼らに言った、「ヒゼキヤに言いなさい、『大王、アッスリヤの王はこう仰せられる。あなたが頼みとする者は何か。
Na ɔsahene no ka kyerɛɛ wɔn se, “Monka nkyerɛ Hesekia se, “‘Asɛm a otumfo, Asiriahene ka ni: Dɛn na wode wo ho to so a ɛma wugye wo ho di saa?
20 口先だけの言葉が戦争をする計略と力だと考えるのか。あなたは今だれにたよって、わたしにそむいたのか。
Woka se wowɔ akodi ho nyansa ne nʼahoɔden, nanso woka nsɛm hunu. Hena na ɔtaa wʼakyi a enti wotew mʼanim atua?
21 今あなたは、あの折れかけている葦のつえ、エジプトを頼みとしているが、それは人がよりかかる時、その人の手を刺し通すであろう。エジプトの王パロはすべて寄り頼む者にそのようにする。
Hwɛ wʼani da Misraim so, demmire a emu abu a ɛte sɛ pema a wutweri a ɛbɛwɔ wo nsa mu apira wo no! Saa na Misraimhene Farao te ma wɔn a wɔde wɔn ho to ne so no nyinaa.
22 しかしあなたがもし「われわれは、われわれの神、主を頼む」とわたしに言うのであれば、その神はヒゼキヤがユダとエルサレムに告げて、「あなたがたはエルサレムで、この祭壇の前に礼拝しなければならない」と言って、その高き所と祭壇とを除いた者ではないか。
Ebia wobɛka se, “Yɛde yɛn ho to Awurade, yɛn Nyankopɔn so!” Ɛnyɛ ɔno na ɔhene Hesekia atutu nʼabosonnan ne afɔremuka nyinaa, ahyɛ Yudafo sɛ wɔnsom wɔ afɔremuka a ɛwɔ Yerusalem ha nko ara so no?
23 さあ、わたしの主君アッスリヤの王とかけをせよ。もしあなたの方に乗る人があるならば、わたしは馬二千頭を与えよう。
“‘Mɛka asɛm bi akyerɛ wo! Me wura Asiriahene ne wo bɛyɛ nhyehyɛe bi. Sɛ wubenya apɔnkɔsotefo mpenu, afi wo asraafo mu a, ɔbɛma wɔn apɔnkɔ mpenu ama wɔatenatena wɔn so.
24 あなたはエジプトを頼み、戦車と騎兵を請い求めているが、わたしの主君の家来のうちの最も小さい一隊長でさえ、どうして撃退することができようか。
Na wʼasraafo ketewa sɛɛ yi, ɛbɛyɛ dɛn na woaso dae, sɛ wubetumi ne me wura asraafo no mu fa bi a wɔyɛ mmerɛw no mpo adi asi. Minim sɛ wode wo ho ato Misraim nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo mmoa so.
25 わたしがこの所を滅ぼすために上ってきたのは、主の許しなしにしたことであろうか。主がわたしにこの地に攻め上ってこれを滅ぼせと言われたのだ』」。
Bio, wugye di sɛ, maba sɛ merebɛtow ahyɛ asase yi so asɛe no kwa a Awurade nsa nni mu? Awurade ankasa ka kyerɛɛ me se menkɔko ntia saa asase yi na mensɛe no.’”
26 その時ヒルキヤの子エリアキムおよびセブナとヨアはラブシャケに言った、「どうぞ、アラム語でしもべどもに話してください。わたしたちは、それがわかるからです。城壁の上にいる民の聞いているところで、わたしたちにユダヤの言葉で話さないでください」。
Afei, Hilkia babarima Eliakim ne Sebna ne Yoa ka kyerɛɛ ɔhene no ananmusini no se, “Kasa wɔ Arameike mu kyerɛ yɛn, na saa kasa no na yɛte ase yiye. Nka Hebri nkyerɛ yɛn, efisɛ nnipa a wɔwɔ fasu no so no bɛte.”
27 しかしラブシャケは彼らに言った、「わたしの主君は、あなたの主君とあなたにだけでなく、城壁の上に座している人々にも、この言葉を告げるためにわたしをつかわしたのではないか。彼らも、あなたがたと共に自分の糞尿を食い飲みするに至るであろう」。
Na Senaherib nanmusini no buae se, “Me wura pɛ sɛ obiara a ɔwɔ Yerusalem te saa asɛm yi, na ɛnyɛ mo nko. Ɔpɛ sɛ wɔte sɛ, sɛ moamma mo nsa so a, wobetua kuropɔn yi. Ɔkɔm ne osukɔm werɛmfo bɛde nkurɔfo no ara kosi sɛ, wobedi wɔn ara agyanan, anom wɔn dwonsɔ.”
28 そしてラブシャケは立ちあがり、ユダヤの言葉で大声に呼ばわって言った。「大王、アッスリヤの王の言葉を聞け。
Afei, ɔsɔre gyinae, maa ne nne so kasaa wɔ Hebri mu, kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ ɔfasu no so se, “Muntie nkra a efi Asiria ɔhene kɛse no nkyɛn!
29 王はこう仰せられる、『あなたがたはヒゼキヤに欺かれてはならない。彼はあなたがたをわたしの手から救いだすことはできない。
Sɛnea ɔhene se ni: Mommma ɔhene Hesekia nnaadaa mo. Ɔrentumi nnye mo mfi me tumi ase.
30 ヒゼキヤが「主は必ずわれわれを救い出される。この町はアッスリヤ王の手に陥ることはない」と言っても、あなたがたは主を頼みとしてはならない』。
Mommma Hesekia mfa saa asɛm a ɔkae se, ‘Awurade begye yɛn! Wɔremfa saa kurow yi mma Asiriahene’ no mma mo tirim nyɛ mo dɛ.
31 あなたがたはヒゼキヤの言葉を聞いてはならない。アッスリヤの王はこう仰せられる、『あなたがたはわたしと和解して、わたしに降服せよ。そうすればあなたがたはおのおの自分のぶどうの実を食べ、おのおの自分のいちじくの実を食べ、おのおの自分の井戸の水を飲むことができるであろう。
“Munntie Hesekia. Nea Asiriahene ka ni: Mo ne me nyɛ asomdwoe nhyehyɛe na mommra me nkyɛn. Na afei, mɛma mo mu biara adi ɔno ankasa bobe ne borɔdɔma na woanom nsu afi ɔno ankasa abura mu.
32 やがてわたしが来て、あなたがたを一つの国へ連れて行く。それはあなたがたの国のように穀物とぶどう酒のある地、パンとぶどう畑のある地、オリブの木と蜜のある地である。あなたがたは生きながらえることができ、死ぬことはない。ヒゼキヤが「主はわれわれを救われる」と言って、あなたがたを惑わしても彼に聞いてはならない。
Na mɛyɛ nhyehyɛe de mo akɔ asase foforo bi a ɛte sɛ eyi so. Ɛyɛ ɔman a atoko, nsa, brodo, bobe nturo, ngonnua ne ɛwo abu so hɔ. Ɛyɛ asase a nneɛma pa abu so hɔ. Mompere nkwa, na munyi owu akwa! “Mommma Hesekia nnaadaa mo nka se, ‘Awurade begye yɛn!’
33 諸国民の神々のうち、どの神がその国をアッスリヤの王の手から救ったか。
Anyame a wɔwɔ aman so no atumi agye wɔn nkurɔfo afi Asiriahene nsam da?
34 ハマテやアルパデの神々はどこにいるのか。セパルワイム、ヘナおよびイワの神々はどこにいるのか。彼らはサマリヤをわたしの手から救い出したか。
Asɛm bɛn na ɛtoo Hamat ne Arpad anyame no? Na Sefarwaim, Hena ne Iwa anyame nso, wɔwɔ he? Wotumi gyee Samaria fii me tumi ase ana?
35 国々のすべての神々のうち、その国をわたしの手から救い出した者があったか。主がどうしてエルサレムをわたしの手から救い出すことができよう』」。
Ɔman bɛn so anyame na watumi agye ne nkurɔfo afi me tumi ase? Mommɔ baako pɛ din. Na afei, dɛn na ɛma mo dwene sɛ Awurade betumi agye Yerusalem?”
36 しかし民は黙して、ひと言も彼に答えなかった。王が命じて「彼に答えてはならない」と言っておいたからである。
Na nnipa no yɛɛ komm a wɔamma mmuae biara, efisɛ na Hesekia aka akyerɛ wɔn se wɔnnkasa.
37 こうしてヒルキヤの子である宮内卿エリアキム、書記官セブナ、およびアサフの子である史官ヨアは衣を裂き、ヒゼキヤのもとに来て、ラブシャケの言葉を彼に告げた。
Afei Hilkia babarima Eliakim a na ɔhwɛ ahemfi no ntotoe so, Sebna a na ɔyɛ ɔkyerɛwfo ne Asaf babarima Yoa a ɔno nso yɛ ɔkyerɛwfo kɔɔ Hesekia nkyɛn a wɔasunsuane wɔn ntade mu, kɔkaa nea ɔsahene no aka akyerɛ no no.

< 列王記Ⅱ 18 >