< 歴代誌Ⅱ 11 >

1 レハベアムはエルサレムに来て、ユダとベニヤミンの家の者、すなわち、えり抜きの軍人十八万人を集め、国を取りもどすためにイスラエルと戦おうとしたが、
Bere a Rehoboam duu Yerusalem no, ɔboaboaa Yuda ne Benyamin asraafo a wosi pi si ta mpem ɔha aduɔwɔtwe ano, sɛ wɔrekɔko atia Israel asraafo, na wɔagye ahenni no afa.
2 主の言葉が神の人シマヤに臨んで言った、
Na Awurade ka kyerɛɛ Onyankopɔn nipa Semaia se,
3 「ソロモンの子、ユダの王レハベアムおよびユダとベニヤミンにいるすべてのイスラエルの人々に言いなさい、
“Ka kyerɛ Salomo babarima Rehoboam a odi hene wɔ Yuda ne Israelfo a wɔwɔ Yuda ne Benyamin no se,
4 『主はこう仰せられる、あなたがたは上ってはならない。あなたがたの兄弟と戦ってはならない。おのおの自分の家に帰りなさい。この事はわたしから出たのである』」。それで人々は主の言葉を聞き、ヤラベアムを攻めに行くのをやめて帰った。
Sɛnea Awurade se ni: ‘Nko ntia wʼabusuafo. San wʼakyi kɔ fie, efisɛ me na memaa asɛm a asi no ho kwan!’” Enti wotiee Awurade asɛm no, na wɔanko antia Yeroboam.
5 レハベアムはエルサレムに住んで、ユダに防衛の町々を建てた。
Rehoboam tenaa Yerusalem, na ɔbɔɔ nkurow ahorow ho ban, maa Yuda yɛɛ den.
6 すなわちベツレヘム、エタム、テコア、
Ɔkyekyeree Betlehem, Etam, Tekoa,
7 ベテズル、ソコ、アドラム、
Bet-Sur, Soko, Adulam,
8 ガテ、マレシャ、ジフ、
Gat, Maresa, Sif,
9 アドライム、ラキシ、アゼカ、
Adoraim, Lakis, Aseka,
10 ゾラ、アヤロン、およびヘブロン。これらはユダとベニヤミンにあって要害の町々である。
Sora, Ayalon ne Hebron. Eyinom ne nkurow a wɔbɔɔ ho ban wɔ Yuda ne Benyamin.
11 彼はその要害を堅固にし、これに軍長を置き、糧食と油とぶどう酒をたくわえ、
Rehoboam yeree wɔn bammɔ mu, na ɔde asahene duaduaa hɔ. Ɔkoraa nnuan, ngo ne nsa wɔ kuropɔn biara so.
12 またそのすべての町に盾とやりを備えて、これを非常に強化し、そしてユダとベニヤミンを確保した。
Ɔde nkatabo ne mpeaw siee wɔ saa nkurow yi mu de hyɛɛ wɔn bammɔ mu den. Enti Yuda ne Benyamin nko ara na wɔbɛhyɛɛ nʼase.
13 イスラエルの全地の祭司とレビびとは四方の境から来てレハベアムに身を寄せた。
Asɔfo ne Lewifo a na wɔne Israel atifi fam mmusuakuw te no kɔɔ Rehoboam afa.
14 すなわちレビびとは自分の放牧地と領地を離れてユダとエルサレムに来た。これはヤラベアムとその子らが彼らを排斥して、主の前に祭司の務をさせなかったためである。
Na Lewifo no mpo gyaw wɔn afi ne wɔn agyapade kɔɔ Yuda ne Yerusalem, efisɛ Yeroboam ne ne mmabarima amma wɔn kwan ansom Awurade sɛ asɔfo.
15 ヤラベアムは高き所と、みだらな神と、自分で造った子牛のために自分の祭司を立てた。
Yeroboam yii nʼankasa asɔfo ma wɔsom wɔ abosonsomfo nsɔre so a na wɔsom abirekyi ne nantwimma ahoni a na wɔayɛ.
16 またイスラエルのすべての部族のうちで、すべてその心を傾けて、イスラエルの神、主を求める者は先祖の神、主に犠牲をささげるために、レビびとに従ってエルサレムに来た。
Israelman mu nyinaa, wɔn a na wɔpɛ sɛ wɔsom Awurade, Israel Nyankopɔn no dii Lewifo no akyi kɔɔ Yerusalem faako a wobetumi de ayɛyɛde ama Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn no.
17 このように彼らはユダの国を堅くし、ソロモンの子レハベアムを三年の間強くした。彼らは三年の間ダビデとソロモンの道に歩んだからである。
Eyi maa Yuda ahenni nyaa ahoɔden, na wɔde mfe abiɛsa boaa Salomo babarima Rehoboam, na wɔhwehwɛɛ Awurade nokware, sɛnea wɔyɛɛ wɔ Dawid ne Salomo ahenni mu no.
18 レハベアムはダビデの子エレモテの娘マハラテを妻にめとった。マハラテはエッサイの子エリアブの娘アビハイルが産んだ者である。
Rehoboam waree Mahalat. Na ɔyɛ Dawid babarima Yerimot babea. Na ɔyɛ Abihail a ɔyɛ Yisai babarima Eliab babea nso.
19 彼女はエウシ、シマリヤおよびザハムの三子を産んだ。
Mahalat woo mmabarima baasa a wɔne Yeus, Semaria ne Saham.
20 彼はまた彼女の後にアブサロムの娘マアカをめとった。マアカはアビヤ、アッタイ、ジザおよびシロミテを産んだ。
Akyiri no, ɔwaree Absalom babea Maaka. Maaka woo Abia, Atai, Sisa ne Selomit.
21 レハベアムはアブサロムの娘マアカをすべての妻とそばめにまさって愛した。彼は妻十八人、そばめ六十人をめとって、男の子二十八人と女の子六十人をもうけた。
Na Rehoboam dɔ Maaka yiye sen ne yerenom a wɔaka ne ne mpenanom nyinaa. Na ɔwɔ yerenom dunwɔtwe ne mpenanom aduosia, na wɔwowoo mmabarima aduonu awotwe ne mmabea aduosia.
22 レハベアムはマアカの子アビヤを立ててかしらとし、その兄弟の長とした。彼はアビヤを王にしようと思ったからである。
Rehoboam sii Maaka babarima Abia ahenemmahene ma ɛdaa adi pefee sɛ daakye, ɔno na obedi nʼade sɛ ɔhene.
23 それで王は賢くとり行い、そのむすこたちをことごとく、ユダとベニヤミンの全地方にあるすべての要害の町に散在させ、彼らに糧食を多く与え、また多くの妻を得させた。
Bio, Rehoboam faa nyansakwan so de dwumadi hyehyɛɛ ne mmabarima a wɔaka no nsa, de wɔn tuatuaa nkurow a wɔabɔ ho ban, wɔ nsase no nyinaa so. Ɔmaa wɔn wɔn ahiade nyinaa, hyehyɛɛ aware bebree maa wɔn mu biara.

< 歴代誌Ⅱ 11 >