< サムエル記Ⅰ 23 >

1 さて人々はダビデに告げて言った、「ペリシテびとがケイラを攻めて、打ち場の穀物をかすめています」。
Da koro bi, Dawid tee sɛ Filistifo no aba Keila, na wɔrewia wɔn awi wɔ wɔn awiporowbea.
2 そこでダビデは主に問うて言った、「わたしが行って、このペリシテびとを撃ちましょうか」。主はダビデに言われた、「行ってペリシテびとを撃ち、ケイラを救いなさい」。
Dawid bisaa Awurade se, “Menkɔtow nhyɛ Filistifo yi so ana?” Awurade buae se, “Yiw, kɔ na kogye Keila.”
3 しかしダビデの従者たちは彼に言った、「われわれは、ユダのここにおってさえ、恐れているのに、ましてケイラへ行って、ペリシテびとの軍に当ることができましょうか」。
Nanso Dawid mmarima no kae se, “Yuda ha mpo yesuro. Yɛmpɛ sɛ yɛbɛkɔ Keila akɔko atia Filistifo asraafo nyinaa.”
4 ダビデが重ねて主に問うたところ、主は彼に答えて言われた、「立って、ケイラへ下りなさい。わたしはペリシテびとをあなたの手に渡します」。
Enti Dawid bisaa Awurade bio maa Awurade buaa no se, “Kɔ Keila na mɛboa wo ama woadi Filistifo no so nkonim.”
5 ダビデとその従者たちはケイラへ行って、ペリシテびとと戦い、彼らの家畜を奪いとり、彼らを多く撃ち殺した。こうしてダビデはケイラの住民を救った。
Enti Dawid ne ne mmarima kɔɔ Keila. Wokunkum Filistifo no nyinaa, faa wɔn nyɛmmoa, gyee Keilafo no.
6 アヒメレクの子アビヤタルは、ケイラにいるダビデのもとにのがれてきた時、手にエポデをもって下ってきた。
Ahimelek ba Ɔsɔfo Abiatar reguan akɔ Dawid nkyɛn wɔ Keila no, ɔfaa asɔfotade sɛ ɔrekogye mmuae afi Awurade nkyɛn ama Dawid.
7 さてダビデのケイラにきたことがサウルに聞えたので、サウルは言った、「神はわたしの手に彼をわたされた。彼は門と貫の木のある町にはいって、自分で身を閉じこめたからである」。
Ankyɛ, Saulo tee sɛ Dawid wɔ Keila. Ɔteɛɛ mu se, “Eye. Afei, yɛn nsa aka no. Afei, Onyankopɔn de no ama me. Ɔno ara ama kurow yi ho afasu ayi no!”
8 そこでサウルはすべての民を戦いに呼び集めて、ケイラに下り、ダビデとその従者を攻め囲もうとした。
Enti Saulo boaboaa nʼakofo nyinaa ano sɛ ɔde wɔn rekɔ Keila akotua Dawid ne ne mmarima ano.
9 ダビデはサウルが自分に害を加えようとしているのを知って、祭司アビヤタルに言った、「エポデを持ってきてください」。
Nanso Dawid huu Saulo nhyehyɛe, na ɔka kyerɛɛ ɔsɔfo Abiatar se, ɔmfa asɔfotade no mmra, na ommisa Awurade nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ.
10 そしてダビデは言った、「イスラエルの神、主よ、しもべはサウルがケイラにきて、わたしのために、この町を滅ぼそうとしていることを確かに聞きました。
Na Dawid bɔɔ mpae se, “Awurade, Israel Nyankopɔn, mate sɛ Saulo ayɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛba abɛsɛe Keila, efisɛ mewɔ ha.
11 ケイラの人々はわたしを彼の手に渡すでしょうか。しもべの聞いたように、サウルは下ってくるでしょうか。イスラエルの神、主よ、どうぞ、しもべに告げてください」。主は言われた、「彼は下って来る」。
Merebisa sɛ, enti Keila mmarima beyi me ama no anaa? Na Saulo bɛba ampa ara sɛnea mete no? Ao, Awurade, Israel Nyankopɔn, ka kyerɛ me.” Na Awurade buaa no se, “Ɔbɛba.”
12 ダビデは言った、「ケイラの人々はわたしと従者たちをサウルの手にわたすでしょうか」。主は言われた、「彼らはあなたがたを渡すであろう」。
Bio, Dawid bisaa se, “Enti, Keila mmarima beyi me ne me mmarima ama Saulo anaa?” Na Awurade buaa se, “Yiw, wobeyi mo ama.”
13 そこでダビデとその六百人ほどの従者たちは立って、ケイラを去り、いずこともなくさまよった。ダビデのケイラから逃げ去ったことがサウルに聞えたので、サウルは戦いに出ることをやめた。
Na Dawid ne ne mmarima bɛyɛ sɛ ahansia fii Keila, na wokyinkyin baabiara a wobetumi akɔ. Na Saulo tee sɛ Dawid afi Keila no, ogyaa nʼakyi di.
14 ダビデは荒野にある要害におり、またジフの荒野の山地におった。サウルは日々に彼を尋ね求めたが、神は彼をその手に渡されなかった。
Dawid tenaa ne hintabea hɔ wɔ sare so ne Sif mmepɔw asase no so. Saulo hwehwɛɛ no adekyee ne adesae biara, nanso Awurade amfa Dawid anhyɛ ne nsa.
15 さてダビデはサウルが自分の命を求めて出てきたので恐れた。その時ダビデはジフの荒野のホレシにいたが、
Bere a Dawid wɔ Hores wɔ Sif sare so no, ɔtee sɛ Saulo nam kwan so reba hɔ abɛhwehwɛ no akum no.
16 サウルの子ヨナタンは立って、ホレシにいるダビデのもとに行き、神によって彼を力づけた。
Na Saulo ba Yonatan kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hores kɔhyɛɛ no den wɔ Onyankopɔn ho gyidi mu.
17 そしてヨナタンは彼に言った、「恐れるにはおよびません。父サウルの手はあなたに届かないでしょう。あなたはイスラエルの王となり、わたしはあなたの次となるでしょう。このことは父サウルも知っています」。
Yonatan hyɛɛ no den se, “Nsuro! Mʼagya Saulo renhu wo da. Wobɛyɛ ɔhene wɔ Israel, na mayɛ wʼabediakyiri, sɛnea mʼagya Saulo nim no.”
18 こうして彼らふたりは主の前で契約を結び、ダビデはホレシにとどまり、ヨナタンは家に帰った。
Wɔn baanu no hyɛɛ wɔn ayɔnkofa apam mu den wɔ Awurade anim. Afei, Yonatan kɔɔ fie na Dawid de, ɔtenaa Hores hɔ.
19 その時ジフびとはギベアにいるサウルのもとに上って行き、そして言った、「ダビデは、荒野の南にあるハキラの丘の上のホレシの要害に隠れて、われわれと共にいるではありませんか。
Sififo no kɔɔ Saulo nkyɛn wɔ Gibea koyii Dawid mae se, “Yenim baabi a Dawid akohintaw. Ɔwɔ abandennen mu, wɔ Hores a ɛwɔ Hakila mmepɔw mu, wɔ Yesimon anafo fam ha yi.
20 それゆえ王よ、あなたが下って行こうという望みのとおり、いま下ってきてください。われわれは彼を王の手に渡します」。
Ɔhene, bere biara a wubenya kwan no bra na yɛbɛkyere no ama wo.”
21 サウルは言った、「あなたがたはわたしに同情を寄せてくれたのです。どうぞ主があなたがたを祝福されるように。
Saulo kae se, “Awurade nhyira mo! Afei, mahu sɛ mʼasɛm fa obi ho.
22 あなたがたは行って、なお確かめてください。彼のよく行く所とだれがそこで彼を見たかを見きわめてください。人の語るところによると、彼はひじょうに悪賢いそうだ。
Monkɔ mu bio, nkɔhwehwɛ, nhu faako a ɔte ne obi a wahu no wɔ hɔ. Wose ɔyɛ onifirifo.
23 それで、あなたがたは彼が隠れる隠れ場所をみな見きわめ、確かな知らせをもってわたしの所に帰ってきなさい。その時わたしはあなたがたと共に行きます。もし彼がこの地にいるならば、わたしはユダの氏族をあまねく尋ねて彼を捜しだします」。
Monhwehwɛ nʼahintawee, na monsan mmra mmɛka biribi pɔtee nkyerɛ me. Na me ne mo bɛkɔ. Na sɛ ɔwɔ mpɔtam hɔ nko ara de a, menya no, na mehwehwɛ no wɔ Yuda abusuafi ahorow no nyinaa mu.”
24 彼らは立って、サウルに先立ってジフへ行った。さてダビデとその従者たちは荒野の南のアラバにあるマオンの荒野にいた。
Na Sif mmarima dii Saulo kan kɔɔ wɔn kurom. Saa bere no mu na Dawid ne ne mmarima kɔ Maon sare a ɛwɔ Araba bon a ɛwɔ Yesimon anafo fam no so.
25 そしてサウルとその従者たちはきて彼を捜した。人々がこれをダビデに告げたので、ダビデはマオンの荒野にある岩の所へ下って行った。サウルはこれを聞いて、マオンの荒野にきてダビデを追った。
Bere a Dawid tee sɛ Saulo ne ne mmarima rehwehwɛ no no, ɔdɔɔ mu kɔɔ sare so akyirikyiri, kosii ɔbotan kɛse no ho, tenaa Maon sare so hɔ. Nanso Saulo kɔɔ so hwehwɛɛ no.
26 サウルは山のこちら側を行き、ダビデとその従者たちとは山のむこう側を行った。そしてダビデは急いでサウルからのがれようとした。サウルとその従者たちが、ダビデとその従者たちを囲んで捕えようとしたからである。
Afei na Saulo wɔ bepɔw no fa bi na Dawid ne ne dɔm nso wɔ ne fa bi, repɛ ntɛm aguan Saulo bere a na Saulo ne ne mmarima rebɛn Dawid ne ne nkurɔfo sɛ wɔbɛkyere wɔn no,
27 その時、サウルの所に、ひとりの使者がきて言った、「ペリシテびとが国を侵しています。急いできてください」。
ɔbɔfo baa Saulo nkyɛn bɛkae se, “Bra ntɛm! Filistifo abɛtow ahyɛ asase no so.”
28 そこでサウルはダビデを追うことをやめて帰り、行ってペリシテびとに当った。それで人々は、その所を「のがれの岩」と名づけた。
Ɛno nti, Saulo gyaee Dawid akyidi, na ɔsan nʼakyi sɛ ɔne Filistifo no rekɔko. Eyi nti na wɔfrɛ saa beae yi Oguan Botan no.
29 ダビデはそこから上ってエンゲデの要害にいた。
Enti Dawid kɔtenaa En-Gedi abandennen.

< サムエル記Ⅰ 23 >