< ゼカリヤ書 11 >

1 レバノンよ汝の門を啓き火をして汝の香柏を焚しめよ
Buebue wʼapono, Ao Lebanon, na ogya mmɛhye wo ntweneduro!
2 松よ叫べ香柏は倒れ威嚴樹はそこなはれたりバシヤンの橡よ叫べ高らかなる林は倒れたり
Twa adwo wo pepeaa, na ntweneduro ahwe ase; wɔasɛe nnua a ɛwɔ animuonyam no! Twa adwo Basan adum; wɔabubu kwaeɛbirentuo no mu nnua no!
3 牧者の叫ぶ聲あり其榮そこなはれたればなり猛き獅子の吼る聲ありヨルダンの叢そこなはれたればなり
Tie nnwanhwɛfoɔ agyaadwoɔ; wɔasɛe wɔn adidibea frɔmfrɔm no! Tie agyata no mmobom; Yordan ho nkyɛkyerɛ fɛfɛ no asɛe!
4 我神ヱホバかく言たまふ宰らるべき羔を牧へ
Yei ne deɛ Awurade me Onyankopɔn seɛ: “Fa nnwankuo a wɔrebɛku wɔn no kɔ adidibea.
5 之を買ふ者は之を宰るとも罪なし之を賣る者は言ふ我富を得ればヱホバを祝すべしと其牧者もこれを惜まざるなり
Atɔfoɔ no kunkumm nnwan no na wɔntwe wɔn aso. Wɔn a wɔtɔn nnwan no ka sɛ, ‘Monkamfo Awurade, mayɛ ɔdefoɔ!’ Na nnwan no ahwɛfoɔ no mpo nnya ahummɔborɔ mma wɔn.
6 ヱホバ言たまふ我かさねて地の居民を惜まじ視よ我人を各々その隣人の手に付しその王の手に付さん彼ら地を荒すべし我これを彼らの手より救ひ出さじ
Merenhunu asase no so nnipa mmɔbɔ bio,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Mede obiara bɛhyɛ ne yɔnko ne ɔhene nsa. Wɔbɛhyɛ asase no so, na merennye obiara mfiri wɔn nsa mu.”
7 我すなはち其宰らるべき羊を牧り是は最も憫然なる羊なり我みづから二本の杖を取り一を恩と名け一を結と名けてその羊を牧り
Enti mede nnwankuo a wɔrekɔkum wɔn no kɔɔ adidibea, ne titire ne wɔn a wɔayɛ mmɔbɔ no. Afei, mefaa poma mmienu, na mefrɛɛ baako Adɔeɛ ɛnna baako nso Nkabom na mede wɔn kɔɔ adidie.
8 我一月に牧者三人を絶り我心に彼らを厭ひしが彼等も心に我を惡めり
Ɔbosome baako mu, mepamoo nnwanhwɛfoɔ mmiɛnsa no. Nnwankuo no ampɛ me, na wɔmaa me brɛeɛ
9 我いへり我は汝らを飼はじ死る者は死に絶るる者は絶れ遺る者は互にその肉を食ひあふべし
na mekaa sɛ, “Merenyɛ mo hwɛfoɔ bio. Wɔn a wɔrewu nwu, na wɔn a wɔreyera nso nyera. Na ma wɔn a aka no nso nkyekye wɔn ho wɔn ho nwe.”
10 我恩といふ杖を取て之を折れり是諸の民に立し我契約を廢せんとてなりき
Afei, mefaa me poma a mefrɛ no Adɔeɛ no bubuu mu de sɛee apam a me ne aman no nyinaa ayɛ no.
11 是は其日に廢せられたり是に於てかの我に聽したがひし憫然なる羊は之をヱホバの言なりしと知れり
Wɔsɛee no ɛda no ara, na wɔn a wɔrehunu amane wɔ nnwankuo no mu a na wɔrehwɛ me no hunuu sɛ, ɛyɛ Awurade asɛm.
12 我彼らに向ひて汝等もし善と視なば我價を我に授けよ若しからずば止めよと言ければ彼等すなはち銀三十を權りて我價とせり
Na meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ ɛbɛyɛ yie a, montua me ka, na sɛ ɛnte saa nso a, momma ɛntena hɔ.” Enti, wɔtuaa dwetɛ mpɔ aduasa maa me.
13 ヱホバ我に言たまひけるは彼等に我が估價せられしその善價を陶人に投あたへよと我すなはち銀三十を取てヱホバの室に投いれて陶人に歸せしむ
Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “To ma ɔnwomfoɔ no,” ɛboɔ a ɛsɔ ani a wɔatwa ama me no. Enti, mefaa dwetɛ mpɔ aduasa no, na meto maa ɔnwomfoɔ a ɔwɔ Awurade fie mu no.
14 我また結といふ杖を折れり是ユダとイスラエルの間の和好を絶んとてなりき
Afei, mebuu me poma a ɛtɔ so mmienu a wɔfrɛ no Nkabom no mu, de sɛee onuayɛ a ɛda Yuda ne Israel ntam no.
15 ヱホバ我に言たまはく汝また愚なる牧者の器を取れ
Afei, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Fa odwanhwɛfoɔ kwasea no nneɛma no bio.
16 視よ我地に一人の牧者を興さん彼は亡ぶる者を顧みず迷へる者を尋ねず傷つける者を醫さず健剛なる者を飼はず肥たる者の肉を食ひ且その蹄を裂ん
Na merebɛma odwanhwɛfoɔ bi asɔre asase no so a ɔrenhwehwɛ deɛ wayera. Ɔrempɛ nnwammaa akyiri ɛkwan, ɔrensa deɛ wapira yadeɛ, ɔremma deɛ ɔwɔ ahoɔden aduane, na mmom, ɔbɛwe nnwan a wadɔre no nam, na watwitwa wɔn tɔte.
17 其羊の群を棄る惡き牧者は禍なるかな劍その腕に臨みその右の目に臨まん其腕は全く枯えその右の目は全く盲れん
“Nnome nka odwanhwɛfoɔ a ne ho nni mfasoɔ, na ɔdwane gya nnwankuo no! Akofena ntwa nʼabasa, ne nʼani nifa. Nʼabasa no nwu koraa, na nʼani nifa no mfira koraa!”

< ゼカリヤ書 11 >