< 詩篇 88 >

1 わがすくひの神ヱホバよわれ晝も夜もなんぢの前にさけべり
Kora mma dwom a wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Mahalat Leannot” sankuo so. Esrahini Heman ɔhaw ne amanehunu dwom. Ao Awurade, me nkwagyeɛ Onyankopɔn mesu wɔ wʼanim adekyeeɛ ne adesaeɛ.
2 願くはわが祈をみまへにいたらせ汝のみみをわが號呼のこゑにかたぶけたまへ
Ma me mpaeɛbɔ nnuru wʼanim; brɛ wʼaso ase tie me sufrɛ.
3 わがたましひは患難にてみち我がいのちは陰府にちかづけり (Sheol h7585)
Ɔhaw ahyɛ me kra ma na me nkwa rebɛn owuo. (Sheol h7585)
4 われは穴にいるものとともにかぞへられ依仗なき人のごとくなれり
Wɔkan me fra wɔn a wɔrekɔ damena mu; mete sɛ obi a ɔnni ahoɔden.
5 われ墓のうちなる殺されしもののごとく死者のうちにすてらる汝かれらを再びこころに記たまはず かれらは御手より斷滅されしものなり
Wɔayi me asi nkyɛn wɔ awufoɔ mu, te sɛ atɔfoɔ a wɔdeda ɛda mu, wɔn a wonkae wɔn bio, na wonhwɛ wɔn bio.
6 なんぢ我をいとふかき穴 くらき處 ふかき淵におきたまひき
Woato me atwene damena ase tɔnn, wɔ esum kabii mu.
7 なんぢの怒はいたくわれにせまれり なんぢそのもろもろの浪をもて我をくるしめ給へり (セラ)
Wʼabofuhyeɛ ayɛ duru wɔ me so; woama wʼasorɔkye nyinaa abu afa me so.
8 わが相識ものを我よりとほざけ我をかれらに憎ませたまへり われは錮閉されていづることあたはず
Woafa me nnamfonom a wɔbɛn me afiri me nkyɛn woama me ho ayɛ wɔn ahi. Woaka me ahyɛ mu na mentumi nnwane;
9 わが眼はなやみの故をもておとろへぬ われ日ごとに汝をよべり ヱホバよなんぢに向ひてわが兩手をのべたり
awerɛhoɔ ama mʼani so ayɛ kusuu. Ao Awurade mesu frɛ wo da biara; metrɛ me nsam kyerɛ wo.
10 なんぢ死者にくすしき事跡をあらはしたまはんや 亡にしもの立てなんぢを讃たたへんや (セラ)
Woyɛ anwanwadeɛ kyerɛ awufoɔ anaa? Wɔn a wɔawuwu no sɔre kamfo wo anaa?
11 汝のいつくしみは墓のうちに汝のまことは滅亡のなかに宣傳へられんや
Wɔka wʼadɔeɛ ho asɛm wɔ ɛda mu anaa, anaasɛ wo nokorɛ ho asɛm wɔ ɔsɛeɛ kurom?
12 汝のくすしきみわざは幽暗になんぢの義は忘失のくにに知るることあらんや
Wɔhunu wʼanwanwadeɛ wɔ beaeɛ a ɛhɔ aduru sum, anaa wo tenenee nnwuma wɔ awerɛfirie asase so?
13 されどヱホバよ我なんぢに向ひてさけべり わがいのりは朝にみまへに達らん
Nanso Ao Awurade, mesu frɛ wo sɛ boa me; me mpaeɛbɔ duru wʼanim adekyeeɛ mu
14 ヱホバよなんぢ何なればわが霊魂をすてたまふや何なればわれに面をかくしたまふや
Ao Awurade, adɛn nti na wopo me na wode wʼanim hinta me?
15 われ幼稚よりなやみて死るばかりなり我なんぢの恐嚇にあひてくるしみまどへり
Mahunu amane firi me mmɔfraase na mabɛn owuo; wʼahunahuna ama mabrɛ na mapa aba.
16 汝のはげしき怒わがうへをすぐ汝のおびやかし我をほろぼせり
Wʼabofuhyeɛ abu afa me so; wʼahunahuna asɛe me.
17 これらの事ひねもす大水のごとく我をめぐり ことごとく來りて我をかこみふさげり
Daa nyinaa wɔtwa me ho hyia sɛ nsuyire, na wɔabu afa me so koraa.
18 なんぢ我をいつくしむ者とわが友とをとほざけ わが相識るものを幽暗にいれたまへり
Woafa mʼayɔnkofoɔ ne mʼadɔfoɔ afiri me nkyɛn kɔ; na esum ayɛ mʼadamfo brɛboɔ.

< 詩篇 88 >