< 詩篇 86 >

1 ヱホバよなんぢ耳をかたぶけて我にこたへたまへ 我はくるしみかつ乏しければなり
Dawid mpaeɛbɔ. Ao Awurade, tie me na gye me so, ɛfiri sɛ meyɛ ohiani ne mmɔborɔni.
2 ねがはくはわが霊魂をまもりたまへ われ神をうやまふ者なればなり わが神よなんぢに依賴める汝のしもべを救ひ給へ
Bɔ me nkwa ho ban, ɛfiri sɛ mede me ho ama wo. Wone me Onyankopɔn, gye wʼakoa a ɔde ne ho to wo so.
3 主よわれを憐みたまへ われ終日なんぢによばふ
Ao Awurade, hunu me mmɔbɔ, na mesu frɛ wo daa nyinaa.
4 なんぢの僕のたましひを悦ばせたまへ 主よわが霊魂はなんぢを仰ぎのぞむ
Ma wʼakoa ani nnye, na wo Awurade, wo nkyɛn na mema me kra so ba.
5 主よなんぢは惠ふかくまた赦をこのみたまふ 汝によばふ凡てのものを豊かにあはれみたまふ
Ao Awurade, woyɛ, na wode bɔne kyɛ, wowɔ ɔdɔ mmorosoɔ ma wɔn a wɔsu frɛ wo nyinaa.
6 ヱホバよわがいのりに耳をかたぶけ わが懇求のこゑをききたまへ
Ao Awurade, tie me mpaeɛbɔ; tie me mmɔborɔ su.
7 われわが患難の日になんぢに呼はん なんぢは我にこたへたまふべし
Mɛfrɛ wo mʼahohia da mu, na wobɛgye me so.
8 主よもろもろの神のなかに汝にひとしきものはなく汝のみわざに侔しきものはなし
Ao Awurade, onyame bi nni hɔ a ɔte sɛ wo; na wɔn nnwuma biara nto wo deɛ.
9 主よなんぢの造れるもろもろの國はなんぢの前にきたりて伏拝まん かれらは聖名をあがむべし
Ao Awurade, aman a woakyekyere nyinaa bɛba abɛsom wo wɔ wʼanim; wɔbɛba abɛhyɛ wo din animuonyam.
10 なんぢは大なり奇しき事跡をなしたまふ 唯なんぢのみ神にましませり
Woyɛ kɛseɛ, na woyɛ anwanwa nnwuma; wo nko ara ne Onyankopɔn.
11 ヱホバよなんぢの道をわれに敎へたまへ我なんぢの眞理をあゆまん ねがはくは我をして心ひとつに聖名をおそれしめたまへ
Ao Awurade, kyerɛ me wʼakwan, na mɛnante wo nokorɛ mu; ma memfa mʼakoma nyinaa mma wo na masuro wo din.
12 主わが神よ我心をつくして汝をほめたたへ とこしへに聖名をあがめまつらん
Mede mʼakoma nyinaa mɛyi wo ayɛ, Ao Awurade me Onyankopɔn na mahyɛ wo din animuonyam daa nyinaa.
13 そはなんぢの憐憫はわれに大なり わがたましひを陰府のふかき處より助けいだしたまへり (Sheol h7585)
Ɛfiri sɛ, ɔdɔ a wode dɔ me no so; woayi me afiri owuo amena mu tɔnn. (Sheol h7585)
14 神よたかぶれるものは我にさからひて起りたち暴ぶる人の會はわがたましひをもとめ 斯てなんぢを己がまへに置ざりき
Ao Onyankopɔn, ahomasofoɔ ato ahyɛ me so; basabasayɛfoɔ kuo repɛ me akum me, nnipa a wɔmmfa wo nyɛ hwee no.
15 されど主よなんぢは憐憫とめぐみとにとみ怒をおそくし愛しみと眞實とにゆたかなる神にましませり
Nanso wo, Ao Awurade, woyɛ mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ Onyankopɔn, wo bo kyɛre fu, na wʼadɔeɛ ne wo nokorɛ dɔɔso.
16 我をかへりみ我をあはれみたまへ ねがはくは汝のしもべに能力を與へ汝のはしための子をすくひたまへ
Dane wʼani hwɛ me na dom me; fa wʼahoɔden ma wʼakoa na gye wʼafenaa babarima nkwa.
17 我にめぐみの憑據をあらはしたまへ 然ばわれをにくむ者これをみて恥をいだかん そはヱホバよなんぢ我をたすけ我をなぐさめたまへばなり
Ma me wo papayɛ ho nsɛnkyerɛnneɛ, na mʼatamfoɔ nhunu na wɔn anim ngu ase na wo Ao Awurade, wo na woaboa me akyekye me werɛ.

< 詩篇 86 >