< 詩篇 60 >

1 神よなんぢわれらを棄われらをちらし給へり なんぢは憤ほりたまへり ねがはくは再びわれらを歸したまへ
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Susan Edut.” Dawid “Miktam” dwom. Wɔde yɛ nkyerɛkyerɛ. Ɔtoo no ɛberɛ a ɔne Aram Naharanfoɔ ne Aram Sabafoɔ koeɛ na Yoab sane kɔkumm Edomfoɔ mpem dumienu wɔ Nkyene Bɔnhwa mu no. Ao Onyankopɔn, woapo yɛn, woabɔ yɛagu; wo bo afu yɛn, nanso gye yɛn bio!
2 なんぢ國をふるはせてこれを裂たまへり ねがはくはその多くの隙をおぎなひたまへ そは國ゆりうごくなり
Woawoso asase no na woapae mu; toatoa deɛ abubuo no, ɛfiri sɛ, ɛrehinhim.
3 なんぢはその民にたへがたきことをしめし 人をよろめかする酒をわれらに飮しめ給へり
Woama wo nkurɔfoɔ ahunu mmerɛ bɔne; woama yɛn nsã a ɛma yɛtɔ ntentan.
4 なんぢ眞理のために擧しめんとて汝をおそるるものに一つの旗をあたへたまへり (セラ)
Nanso wɔn a wɔsuro wo deɛ, woama wɔn frankaa so sɛ wɔntu ntia kuntun no.
5 ねがはくは右の手をもて救をほどこし われらに答をなして愛しみたまふものに助をえしめたまへ
Gye yɛn nkwa na fa wo nsa nifa boa yɛn, na ama wɔn a wodɔ wɔn no anya nkwa.
6 神はその聖をもていひたまへり われ甚くよろこばん われシケムをわかちスコテの谷をはからん
Onyankopɔn akasa firi kronkronbea sɛ, “Nkonim mu, mɛkyɛ Sekem mu, na masusu Sukot bɔnhwa no.
7 ギレアデはわがもの マナセはわが有なり エフライムも亦わが首のまもりなり ユダはわが杖
Gilead wɔ me, Manase wɔ me; Efraim yɛ me dadeɛ kyɛ, ɛna Yuda yɛ mʼahempoma.
8 モアブはわが足盥なり エドムにはわが履をなげん ベリシテよわが故によりて聲をあげよと
Moab yɛ me dwaresɛn, Edom so na meto me mpaboa guo; na meteam nkonimdie so gu Filistifoɔ so.”
9 たれかわれを堅固なる邑にすすましめんや 誰かわれをみちびきてエドムにゆきたるか
Hwan na ɔde me bɛkɔ kuropɔn a wɔabɔ ho ban no mu? Hwan na ɔbɛdi mʼanim akɔ Edom?
10 神よなんぢはわれらを棄たまひしにあらずや 神よなんぢはわれらの軍とともにいでゆきたまはず
Ɛnyɛ wo, Ao Onyankopɔn, wo a woapo yɛn na wone yɛn akodɔm ankɔ sa bio no?
11 ねがはくは助をわれにあたへて敵にむかはしめたまへ 人のたすけは空しければなり
Boa yɛn tia ɔtamfoɔ no, na ɔdasani mmoa nka hwee.
12 われらは神によりて勇しくはたらかん われらの敵をみたまふものは神なればなり
Onyankopɔn wɔ yɛn afa yi, yɛbɛdi nkonim, na ɔbɛtiatia yɛn atamfoɔ so.

< 詩篇 60 >