< 詩篇 5 >

1 ヱホバよねがはくは我がことばに耳をかたむけ わが思にみこころを注たまへ
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔmfa atɛntɛbɛn nto. Dawid dwom. Ao Awurade, yɛ aso ma me nsɛm na dwene mʼapinisie ho.
2 わが王よわが神よ わが號呼のこゑをききたまへ われ汝にいのればなり
Tie me mmoa ho sufrɛ, me Ɔhene ne me Onyankopɔn, ɛfiri sɛ wo na mebɔ wo mpaeɛ.
3 ヱホバよ朝になんぢわが聲をききたまはん 我あしたになんぢの爲にそなへして俟望むべし
Ao, Awurade, wote me nne anɔpa; anɔpa, mede mʼadesrɛ ba wʼanim na mede anidasoɔ twɛn.
4 なんぢは惡きことをよろこびたまふ神にあらず 惡人はなんぢの賓客たるを得ざるなり
Wonyɛ Onyankopɔn a wʼani gye bɔne ho; na amumuyɛfoɔ rentumi ne wo ntena.
5 たかぶる者はなんぢの目前にたつをえず なんぢはすべて邪曲をおこなふものを憎みたまふ
Ahantanfoɔ rentumi nnyina wʼanim; wokyiri wɔn a wɔyɛ bɔne nyinaa.
6 なんぢは虚偽をいふ者をほろぼしたまふ 血をながすものと詭計をなすものとは ヱホバ憎みたまふなり
Wosɛe wɔn a wɔka atorɔsɛm; Awurade kyiri mogyapɛfoɔ ne asisifoɔ.
7 然どわれは豊かなる仁慈によりてなんぢの家にいらん われ汝をおそれつつ聖宮にむかひて拝まん
Nanso me, wo mmɔborɔhunu bebrebe enti, mɛba wo fie; na anidie mu na mɛkoto akyerɛ wʼasɔredan kronkron no.
8 ヱホバよ願くはわが仇のゆゑになんぢの義をもて我をみちびき なんぢの途をわが前になほくしたまへ
Ao Awurade kyerɛ me ɛkwan wɔ wo tenenee mu mʼatamfoɔ enti, bɔ wo kwan tee wɔ mʼanim.
9 かれらの口には眞實なく その衷はよこしま その喉はあばける墓 その舌はへつらひをいへばなり
Wɔn anom asɛm baako mpo nyɛ nokorɛ; ɔsɛeɛ ahyɛ wɔn akoma ma. Wɔn menewa yɛ damena a ɛso abue wɔde wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm.
10 神よねがはくはかれらを刑なひ その謀略によりてみづから仆れしめ その愆のおほきによりて之をおひいだしたまへ かれらは汝にそむきたればなり
Ao, Onyankopɔn, bu wɔn fɔ! Ma wɔn pɔ bɔne nyɛ wɔn ahweaseɛ. Pam wɔn ɛsiane wɔn bɔne dodoɔ no enti, ɛfiri sɛ wɔasɔre atia wo.
11 されど凡てなんぢに依賴む者をよろこばせ永遠によろこびよばはらせたまへ なんぢ斯る人をまもりたまふなり 名をいつくしむ者にもなんぢによりて歓喜をえしめたまへ
Nanso, ma wɔn a wɔdwane ba wo nkyɛn no ani nnye; ma wɔmfa anigyeɛ nto dwom daa. Trɛ wo banbɔ mu wɔ wɔn so, na wɔn a wɔdɔ wo din no ma wɔn ani nnye wɔ wo mu.
12 ヱホバよなんぢに義者にさいはひし盾のごとく恩惠をもて之をかこみたまはん
Ao Awurade, ampa ara, wohyira teneneefoɔ; na wode wʼayamyɛ twa wɔn ho hyia te sɛ akokyɛm.

< 詩篇 5 >