< 詩篇 19 >

1 もろもろの天は神のえいくわうをあらはし 穹蒼はその手のわざをしめす
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Dawid dwom. Ɔsoro ka Onyankopɔn animuonyam ho asɛm! Ewiem pae mu ka ne nsa ano adwuma,
2 この日ことばをかの日につたへこのよ知識をかの夜におくる
Ɛda biara, wɔkasa; anadwo biara, wɔkyerɛ nimdeɛ.
3 語らずいはずその聲きこえざるに
Ɔkasa anaa nsɛm nnim na wɔnnte wɔn nne.
4 そのひびきは全地にあまねく そのことばは地のはてにまでおよぶ 神はかしこに帷幄を日のためにまうけたまへり
Nanso wɔn asɛm akɔduru asase so mmaa nyinaa, wɔn nsɛm nso akɔduru asase ano. Wɔ ɔsoro hɔ, wasi ntomadan ama owia,
5 日は新婿がいはひの殿をいづるごとく勇士がきそひはしるをよろこぶに似たり
a ɔte sɛ ayeforɔkunu a ɔfiri ne pia mu, te sɛ ɔbrane a ne ho pere no sɛ ɔbɛtu ne mmirika.
6 そのいでたつや天の涯よりし その運りゆくや天のはてにいたる 物としてその和喣をかうぶらざるはなし
Ɛpue wɔ ɔsoro fa baabi na atwa ne ho akɔsi ano; biribiara nhinta ne hyeɛ.
7 ヱホバの法はまたくして霊魂をいきかへらしめ ヱホバの證詞はかたくして愚なるものを智からしむ
Awurade mmara yɛ pɛ, ɛkanyane ɔkra no. Ahotosoɔ wɔ Awurade nhyehyɛeɛ mu, ɛma deɛ ɔnnim nyansa hunu nyansa.
8 ヱホバの訓諭はなほくして心をよろこばしめ ヱホバの誡命はきよくして眼をあきらかならしむ
Awurade ahyɛdeɛ tene; ɛma akoma mu anigyeɛ. Awurade ɔhyɛ nsɛm mu da hɔ; na ɛbue ani.
9 ヱホバを惶みおそるる道はきよくして世々にたゆることなく ヱホバのさばきは眞實にしてことごとく正し
Awurade suro yɛ kronn, ɛte hɔ daa. Awurade mmaransɛm yɛ nokorɛ na ne nyinaa tene.
10 これを黄金にくらぶるもおほくの純精金にくらぶるも 彌増りてしたふべく これを蜜にくらぶるも蜂のすの滴瀝にくらぶるもいやまさりて甘し
Ɛsom bo sene sikakɔkɔɔ sene sikakɔkɔɔ amapa mpo; ɛyɛ dɛ sene ɛwoɔ, sene ɛwoɔ a ɛfiri ɛwokyɛm mu.
11 なんぢの僕はこれらによりて儆戒をうく これらをまもらば大なる報賞あらん
Wɔnam so bɔ wo ɔsomfoɔ kɔkɔ sɛ, ɛsodie so akatua yɛ bebree.
12 たれかおのれの過失をしりえんや ねがはくは我をかくれたる愆より解放ちたまへ
Hwan na ɔhunu nʼankasa mfomsoɔ? Fa me mfomsoɔ a ahinta kyɛ me.
13 願くはなんぢの僕をひきとめて故意なる罪ををかさしめず それをわが主たらしめ給ふなかれ さればわれ玷なきものとなりて大なる愆をまぬかるるをえん
Bɔ wʼakoa ho ban firi ɔboayɛ bɔne ho, na anhyɛ me so. Ɛno na ɛbɛma madi bem, a merenni fɔ wɔ bɔne akɛseɛ ho.
14 ヱホバわが磐わが贖主よ わがくちの言わがこころの思念なんぢのまへに悦ばるることを得しめたまへ
Ma mʼanom nsɛm ne mʼakoma mu mpaeɛbɔ nyɛ deɛ ɛsɔ wʼani, Ao Awurade me Botan ne me Gyefoɔ.

< 詩篇 19 >