< 詩篇 142 >

1 われ聲をいだしてヱホバによばはり 聲をいだしてヱホバにこひもとむ
Dawid deɛ. Ɛberɛ a na ɔwɔ ɔbodan mu no. Mpaeɛbɔ. Meteam mesu frɛ Awurade; me ma me nne so su frɛ Awurade sɛ ɔnhunu me mmɔbɔ.
2 われはその聖前にわが歎息をそそぎいだし そのみまへにわが患難をあらはす
Mehwie mʼahiasɛm megu nʼanim; meka me haw kyerɛ no.
3 わが霊魂わがうちにきえうせんとするときも汝わがみちを識たまへり 人われをとらへんとてわがゆくみちに羂をかくせり
Sɛ me ɔkra tɔ baha wɔ me mu a, ɛyɛ wo na wonim mʼakwan. Ɛkwan a menam so no nnipa asum me afidie wɔ so.
4 願くはわがみぎの手に目をそそぎて見たまへ 一人だに我をしるものなし われには避所なくまたわが霊魂をかへりみる人なし
Hwɛ me nifa so na hunu sɛ; mʼasɛm mfa obiara ho; menni dwanekɔbea bi; me nkwa mfa obiara ho.
5 ヱホバよわれ汝をよばふ 我いへらく汝はわがさけどころ有生の地にてわがうべき分なりと
Ao Awurade, mesu mefrɛ wo; mese, “Wone me dwanekɔbea, me kyɛfa wɔ ateasefoɔ asase so.”
6 ねがはくはわが號呼にみこころをとめたまへ われいたく卑くせられたればなり 我をせむる者より助けいだしたまへ 彼等はわれにまさりて強ければなり
Tie me sufrɛ, na mewɔ ahohia kɛseɛ mu; gye me firi mʼataafoɔ nsam, ɛfiri sɛ wɔn ho yɛ den sene me.
7 願くはわがたましひを囹圄よりいだし われに聖名を感謝せしめたまへ なんぢ豊かにわれを待ひたまふべければ 義者われをめぐらん
Yi me firi me nneduadan mu, na makamfo wo din. Afei teneneefoɔ bɛtwa me ho ahyia ɛsiane wo papa a woayɛ me enti.

< 詩篇 142 >