< 詩篇 135 >

1 なんぢらヱホバを讃稱へよ ヱホバの名をほめたたへよ ヱホバの僕等ほめたたへよ
Monkamfo Awurade. Monkamfo Awurade din; monkamfo no, mo Awurade asomfoɔ,
2 ヱホバの家われらの神のいへの大庭にたつものよ讃稱へよ
mo a mosom wɔ Awurade fie, wɔ adihɔ a ɛwɔ yɛn Onyankopɔn fie.
3 ヱホバは惠ふかし なんぢらヱホバをほめたたへよ その聖名はうるはし讃うたへ
Monkamfo Awurade ɛfiri sɛ ɔyɛ; monto ayɛyie dwom mma ne din, na ɛno na ɛyɛ anisɔ.
4 そはヤハおのがためにヤコブをえらみ イスラエルをえらみてその珍寳となしたまへり
Awurade ayi Yakob sɛ ɔnyɛ ne deɛ, wayi Israel sɛ nʼadeɛ a ɛsom bo.
5 われヱホバの大なるとわれらの主のもろもろの神にまされるとをしれり
Menim sɛ Awurade so; Ɔso sene anyame nyinaa.
6 ヱホバその聖旨にかなふことを天にも地にも海にも淵にもみなことごとく行ひ給ふなり
Awurade yɛ deɛ ɔpɛ biara, wɔ ɔsoro ne asase so, ɛpo ne emu abunu nyinaa.
7 ヱホバは地のはてより霧をのぼらせ 雨のために電光をつくりその庫より風をいだしたまふ
Ɔma omununkum ma ne ho so firi asase ano ba; ɔsoma anyinam ka osutɔ ho na ɔma ahum tu firi nʼakoradan mu.
8 ヱホバは人より畜類にいたるまでエジプトの首出をうちたまへり
Ɔkumm Misraim mmakan, nnipa ne mmoa mmakan.
9 エジプトよヱホバはなんぢの中にしるしと奇しき事跡とをおくりて パロとその僕とに臨ませ給へり
Ɔsomaa ne nsɛnkyerɛnneɛ ne nʼanwanwadeɛ baa mo mfimfini, Ao Misraim, de tiaa Farao ne nʼasomfoɔ nyinaa.
10 ヱホバはおほくの國々をうち 又いきほひある王等をころし給へり
Ɔsɛee amanaman pii na ɔkunkumm ahemfo akɛseɛ,
11 アモリ人のわうシホン、バシヤンの王オグならびにカナンの國々なり
Amorifoɔ ɔhene, Sihon Basan ɔhene, Og ne Kanaan ahemfo nyinaa,
12 かれらの地をゆづりとしその民イスフルの嗣業としてあたへ給へり
na ɔde wɔn nsase maa sɛ agyapadeɛ; ɔde maa ne nkurɔfoɔ Israelfoɔ.
13 ヱホバよなんぢの名はとこしへに絶ることなし ヱホバよなんぢの記念はよろづ世におよばん
Ao Awurade, wo din wɔ hɔ daa. Ao Awurade wo din ahyeta awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.
14 ヱホバはその民のために審判をなしその僕等にかかはれる聖意をかへたまふ可ればなり
Awurade bɛdi ama ne nkurɔfoɔ na ɔbɛhunu nʼasomfoɔ mmɔbɔ.
15 もろもろのくにの偶像はしろかねと金にして人の手のわざなり
Amanaman no ahoni yɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a wɔde onipa nsa na ayɛ.
16 そのぐうざうは口あれどいはず目あれど見ず
Wɔwɔ ano, nanso wɔntumi nkasa, wɔwɔ ani, nanso wɔnhunu adeɛ;
17 耳あれどきかず またその口に氣息あることなし
wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm, na ahomeɛ nso nni wɔn anom.
18 これを造るものと之によりたのむものとは皆これにひとしからん
Wɔn a wɔyɛɛ ahoni no bɛyɛ sɛ wɔn ara, saa ara na wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn so no bɛyɛ.
19 イスラエルの家よヱホバをほめまつれ アロンのいへよヱホバをほめまつれ
Monkamfo Awurade, Ao Israel fiefoɔ; monkamfo Awurade, Ao Aaron fiefoɔ;
20 レビの家よヱホバをほめまつれ ヱホバを畏るるものよヱホバをほめまつれ
monkamfo Awurade, Ao Lewi fiefoɔ; monkamfo Awurade, mo a mosuro no.
21 ヱルサレムにすみたまふヱホバはシオンにて讃まつるべきかな ヱホバをほめたたへよ
Momfiri Sion nkamfo Awurade, monkamfo deɛ ɔte Yerusalem no. Monkamfo Awurade.

< 詩篇 135 >