< 詩篇 13 >

1 ああヱホバよ かくて幾何時をへたまふや 汝とこしへに我をわすれたまふや 聖顔をかくしていくそのときを歴たまふや
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom. Awurade enkosi da bɛn? Wo werɛ befi me afebɔɔ ana? Enkosi da bɛn na wode wʼanim behintaw me?
2 われ心のうちに終日かなしみをいだき籌畫をたましひに用ひて幾何時をふべきか わが仇はわがうへに崇められて幾何時をふべきか
Enkosi da bɛn na mene mʼadwennwene bedi aperepere na awerɛhow ahyɛ me koma mu daa? Mʼatamfo nni me so nkonim nkosi da bɛn?
3 わが神ヱホバよ我をかへりみて答をなしたまへ わが目をあきらかにしたまへ 恐らくはわれ死の睡につかん
Twa wʼani hwɛ me na bua me, Awurade, me Nyankopɔn. Ma mʼani so nyɛ hann, na manna owu nna.
4 おそらくはわが仇いはん 我かれに勝りと おそらくはわが敵わがうごかさるるによりて喜ばん
Me tamfo bɛka se, “Madi ne so nkonim.” Na mʼahohiahiafo bedi ahurusi bere a mahwe ase.
5 されど我はなんぢの憐憫によりたのみ わが心はなんぢの救によりてよろこばん
Nanso mede me ho to wo dɔ a ɛnsa da no so; me koma di ahurusi wɔ wo nkwagye mu.
6 ヱホバはゆたかに我をあしらひたまひたれば われヱホバに對ひてうたはん
Mɛto dwom ama Awurade, efisɛ ɔne me adi no yiye.

< 詩篇 13 >