< 箴言 知恵の泉 25 >

1 此等もまたソロモンの箴言なり ユダの王ヒゼキヤに屬せる人々これを輯めたり
Yeinom yɛ Salomo mmɛbusɛm nkekaho a Yudahene Hesekia afotufoɔ twerɛeɛ:
2 事を隱すは神の榮譽なり 事を窮むるは王の榮譽なり
Ɛyɛ Onyankopɔn animuonyamhyɛ sɛ wɔde asɛm sie; sɛ wɔpɛɛpɛɛ asɛm mu nso hyɛ ahemfo animuonyam.
3 天の高さと地の深さと 王たる者の心とは測るべからず
Sɛdeɛ ɔsoro korɔn na asase mu dɔ no, saa ara na wɔrentumi nhwehwɛ ahemfo akoma mu.
4 銀より渣滓を除け さらば銀工の用ふべき器いでん
Sɛ wɔyi dwetɛ ho a, dwetɛdwumfoɔ tumi de yɛ adeɛ a ɛho wɔ mfasoɔ;
5 王の前より惡者をのぞけ 然ばその位義によりて堅く立ん
Yi amumuyɛfoɔ firi ɔhene anim, na tenenee bɛma nʼahennwa atim.
6 王の前に自ら高ぶることなかれ 貴人の場に立つことなかれ
Mma wo ho so wɔ ɔhene anim, na mpere diberɛ wɔ atitire mu;
7 なんぢが目に見る王の前にて下にさげらるるよりは ここに上れといはるること愈れり
Ɛyɛ ma no sɛ ɔbɛka akyerɛ wo sɛ, “Bra soro ha,” sene sɛ ɔbɛbrɛ wo ase wɔ otitire bi anim. Deɛ wode wʼani ahunu no
8 汝かろがろしく出でて爭ふことなかれ 恐くは終にいたりて汝の鄰に辱しめられん その時なんぢ如何になさんとするか
mpɛ ntɛm mfa nkɔ asɛnniiɛ, na sɛ awieeɛ no wo yɔnko gu wʼanim ase a ɛdeɛn na wobɛyɛ?
9 なんぢ鄰と爭ふことあらば只これと爭へ 人の密事を洩すなかれ
Sɛ wo ne wo yɔnko di asɛm a nna obi foforɔ ahintasɛm adi,
10 恐くは聞者なんぢを卑しめん 汝そしられて止ざらん
anyɛ saa a, deɛ ɔbɛte no bɛgu wʼanim ase na edin bɔne a wobɛnya no rempepa da.
11 機にかなひて語る言は銀の彫刻物に金の林檎を嵌たるが如し
Asɛm a wɔka no sɛdeɛ ɛfata no te sɛ sika kɔkɔɔ a wɔabɔ sɛ aprɛ de atuatua dwetɛ nsiesieɛ mu.
12 智慧をもて譴むる者の之をきく者の耳におけることは 金の耳環と精金の飾のごとし
Sikakɔkɔɔ asomuadeɛ anaa sikakɔkɔɔ amapa ahyehyɛdeɛ te sɛ onyansafoɔ animka a ɔde ma deɛ ɔyɛ aso ma no.
13 忠信なる使者は之を遣す者におけること穡收の日に冷かなる雪あるがごとし 能その主の心を喜ばしむ
Sɛdeɛ sukyerɛmma ma ewiem dwoɔ wɔ otwa berɛ mu no saa ara na ɔsomafoɔ nokwafoɔ teɛ ma wɔn a wɔsoma no; na ɔma ne wuranom akomatɔyam.
14 おくりものすと偽りて誇る人は雨なき雲風の如し
Omununkum ne mframa a ɛmfa osutɔ mma no te sɛ onipa a ɔde akyɛdeɛ a ɔmmfa mma hoahoa ne ho.
15 怒を緩くすれば君も言を容る 柔かなる舌は骨を折く
Ntoboaseɛ ma sodifoɔ ti da, na tɛkrɛmabereɛ tumi bu dompe mu.
16 なんぢ蜜を得るか 惟これを足る程に食へ 恐くは食ひ過して之を吐出さん
Sɛ wonya ɛwoɔ a, enni ntra so, ne bebrebe bɛma woafe.
17 なんぢの足を鄰の家にしげくするなかれ 恐くは彼なんぢを厭ひ惡まん
Ntaa nkɔ wo yɔnko fie, wo ho fono no a, ɔbɛtan wo.
18 その鄰に敵して虚偽の證をたつる人は斧刃または利き箭のごとし
Onipa a ɔdi adansekurumu tia ne yɔnko no te sɛ aporibaa, afena anaa bɛmma a ano yɛ nnam.
19 艱難に遇ふとき忠實ならぬ者を賴むは惡しき歯または跛たる足を恃むがごとし
Ɛse a ɛyare kaka anaa ɛnan a ɛyɛ apakye te sɛ deɛ wode wo ho to ɔtorofoɔ so hiada mu.
20 心の傷める人の前に歌をうたふは寒き日に衣をぬぐが如く 曹達のうへに酢を注ぐが如し
Deɛ ɔto dwom kyere ɔwerɛhoni no te sɛ deɛ ɔpa ntoma gu awɔberɛ mu anaa te sɛ nsã nyinyanyinya a wɔhwie gu afransa soɔ.
21 なんぢの仇もし饑ゑなば之に糧をくらはせ もし渇かば之に水を飮ませよ
Sɛ ɛkɔm de wo ɔtamfoɔ a, ma no aduane nni; sɛ osukɔm de no a, ma no nsuo nnom.
22 なんぢ斯するは火をこれが首に積むなり ヱホバなんぢに報いたまふべし
Sɛ woyɛ saa a, wobɛsoso gyasramma agu nʼatifi, na Awurade bɛma wo akatua.
23 北風は雨をおこし かげごとをいふ舌は人の顔をいからす
Sɛdeɛ atifi fam mframa de osutɔ ba no, saa ara na tɛkrɛma a ɛdi nsekuro de omuna ba.
24 爭ふ婦と偕に室に居らんより屋蓋の隅にをるは宜し
Ɛyɛ sɛ wobɛtena suhyɛ ase mantweaa bi, sene sɛ wo ne ɔyere ntɔkwapɛfoɔ bɛtena efie.
25 遠き國よりきたる好き消息は渇きたる人における冷かなる水のごとし
Nsuonwunu a ɔkra a ato baha nya no te sɛ asɛmmɔdɛ a ɛfiri akyirikyiri.
26 義者の惡者の前に服するは井の濁れるがごとく泉の汚れたるがごとし
Asutire a ahono anaa abura a ayɛ pɔtɔɔ, te sɛ ɔteneneeni a ɔgyaa ne ho ma amumuyɛfoɔ.
27 蜜をおほく食ふは善らず 人おのれの榮譽をもとむるは榮譽にあらず
Ɛnyɛ sɛ wɔdi ɛwoɔ ntrasoɔ, na ɛnyɛ fɛ nso sɛ obi pɛ animuonyam ma ne ho.
28 おのれの心を制へざる人は石垣なき壞れたる城のごとし
Onipa a ɔnni ahohyɛsoɔ no te sɛ kuropɔn a nʼafasuo abubu agu fam.

< 箴言 知恵の泉 25 >