< 箴言 知恵の泉 22 >

1 嘉名は大なる富にまさり恩寵は銀また金よりも佳し
Edin pa yɛ sene ahonya bebrebe; sɛ wɔbɛdi wo ni yɛ sene dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ.
2 富者と貧者と偕に世にをる 凡て之を造りし者はヱホバなり
Ɔdefoɔ ne ohiani wɔ adeɛ baako, Awurade ne wɔn nyinaa Yɛfoɔ.
3 賢者は災禍を見てみづから避け 拙者はすすみて罰をうく
Onitefoɔ hunu amanehunu a ɛreba na ɔhinta ne ho, nanso atetekwaa kɔ nʼanim kɔnya amane.
4 謙遜とヱホバを畏るる事との報は富と尊貴と生命となり
Ahobrɛaseɛ ne Awurade suro ma ahonya ne animuonyam ne nkwa.
5 悖れる者の途には荊棘と罟とあり 霊魂を守る者は遠くこれを離れん
Nkasɛɛ ne mfidie wɔ amumuyɛfoɔ akwan so, nanso deɛ ɔbɔ ne kra ho ban no mmɛn ho.
6 子をその道に從ひて敎へよ 然ばその老たる時も之を離れじ
Kyerɛ abɔfra ɛkwan a ɔmfa so, na sɛ ɔnyini a ɔremfiri so.
7 富者は貧者を治め借者は貸人の僕となる
Adefoɔ di ahiafoɔ so, na boseagyeni yɛ deɛ ɔde fɛm ɔsomfoɔ.
8 惡を播くものは禍害を穡り その怒の杖は廢るべし
Deɛ ɔdua amumuyɛsɛm no twa ɔhaw na wɔbɛsɛe nʼabufuhyeɛ abaa.
9 人を見て惠む者はまた惠まる 此はその糧を貧者に與ふればなり
Ɔyamyɛfoɔ bɛnya nhyira ɛfiri sɛ ɔne ahiafoɔ kyɛ nʼaduane.
10 嘲笑者を逐へば爭論も亦さり 且闘諍も恥辱もやむ
Pam ɔfɛdifoɔ na basabasayɛ nso bɛkɔ; ntɔkwa ne atɛnnidie to atwa.
11 心の潔きを愛する者はその口唇に憐憫をもてり 王その友とならん
Obi a ɔdɔ akoma a emu teɛ na ne kasa ho yɛ nyam bɛnya ɔhene afa no adamfo.
12 ヱホバの目は知識ある者を守る 彼は悖れる者の言を敗りたまふ
Awurade ani wɛn nimdeɛ, na ɔsɛe ɔtorofoɔ nsɛm.
13 惰者はいふ獅そとにあり われ衢にて殺されんと
Ɔkwadwofoɔ ka sɛ, “Gyata bi wɔ mfikyire hɔ!” anaasɛ, “Wɔbɛkum me wɔ mmɔntene so.”
14 妓婦の口は深き坑なり ヱホバに憎まるる者これに陷らん
Ɔbaa waresɛefoɔ anomu yɛ amena donkudonku; deɛ ɔhyɛ Awurade abufuo ase no bɛtɔ mu.
15 痴なること子の心の中に繋がる 懲治の鞭これを逐いだす
Agyimisɛm kyekyere abɔfra akoma ho, nanso ntenesoɔ abaa bɛpamo akɔ akyiri.
16 貧者を虐げて自らを富さんとする者と富者に與ふる者とは遂にかならず貧しくなる
Obi bɛsisi ohiani de apɛ ahonya anaa ɔbɛkyɛ ɔdefoɔ adeɛ, ne nyinaa de no kɔ ohia mu.
17 汝の耳を傾ぶけて智慧ある者の言をきき且なんぢの心をわが知識に用ゐよ
Yɛ aso na tie anyansasɛm yi; fa wʼakoma di me nkyerɛkyerɛ akyi,
18 之を汝の腹にたもちて 盡くなんぢの口唇にそなはらしめば樂しかるべし
ɛfiri sɛ ɛyɛ sɛ wokora saa nsɛm yi wɔ wʼakoma mu, na ne nyinaa ada wʼano.
19 汝をしてヱホバに倚賴ましめんが爲にわれ今日これを汝に敎ふ
Sɛdeɛ wode wo ho bɛto Awurade so, merekyerɛkyerɛ wo ɛnnɛ, aane wo.
20 われ勸言と知識とをふくみたる勝れし言を汝の爲に録ししにあらずや
Mentwerɛɛ mmɛ aduasa mmaa wo, deɛ ɛyɛ afotusɛm ne nimdeɛ,
21 これ汝をして眞の言の確實なることを暁らしめ 且なんぢを遣しし者に眞の言を持歸らしめん爲なり
a ɛkyerɛkyerɛ wo nokorɛ ne deɛ akyinnyeɛ nni ho, sɛdeɛ wobɛnya mmuaeɛ pa ama deɛ ɔsomaa woɔ no anaa?
22 弱き者を弱きがために掠むることなかれ 艱難者を門にて壓つくること勿れ
Mmɔ ahiafoɔ korɔno, sɛ wɔyɛ ahiafoɔ enti, na nnsisi wɔn a wɔnni bie wɔ asɛnniiɛ,
23 そはヱホバその訴を糺し且かれらを害ふものの生命をそこなはん
ɛfiri sɛ Awurade bɛdi wɔn asɛm ama wɔn na wafom afa wɔn a wɔfom ahiafoɔ fa.
24 怒る者と交ること勿れ 憤ほる人とともに往ことなかれ
Mfa obi a ne bo ha no adamfo, na mmfa wo ho mmɔ deɛ ne bo nkyɛre fu,
25 恐くは汝その道に效ひてみづから罟に陷らん
anyɛ saa a, wobɛsua nʼakwan na woakɔtɔ afidie mu.
26 なんぢ人と手をうつ者となることなかれ 人の負債の保證をなすこと勿れ
Ɛnyɛ deɛ ɔde ne nsa hyɛ krataa ase di agyinamu, anaasɛ deɛ ɔdi akagyinamu;
27 汝もし償ふべきものあらずば人なんぢの下なる臥牀までも奪ひ取ん 是豈よからんや
na sɛ wonni deɛ wɔde tua a wɔbɛhwan wo mpa mpo afiri wʼase.
28 なんぢの先祖がたてし古き地界を移すこと勿れ
Ntutu tete aboɔ a wɔde ato hyeɛ; deɛ wo nananom de sisii hɔ no.
29 汝その業に巧なる人を見るか 斯る人は王の前に立ん かならず賤者の前にたたじ
Wohunu odwumayɛfoɔ a ne nsa akokwa nʼadwuma ho anaa? Ahemfo anim na ɔbɛsom, na ɔrensom wɔ mpapahwekwaa anim.

< 箴言 知恵の泉 22 >