< 箴言 知恵の泉 20 >

1 酒は人をして嘲らせ 濃酒は人をして騒がしむ 之に迷はさるる者は無智なり
Nsa yɛ ɔfɛdifoɔ na nsaden yɛ ntɔkwapɛfoɔ; na obiara a nsã bɛma wafom ɛkwan no nnyɛ onyansafoɔ.
2 王の震怒は獅の吼るがごとし 彼を怒らする者は自己のいのちを害ふ
Ɔhene abufuhyeɛ te sɛ gyata mmobom; na deɛ ɔhyɛ no abufuo no de nkwa twa so.
3 穩かに居りて爭はざるは人の榮譽なりすべて愚なる者は怒り爭ふ
Ɛyɛ onipa animuonyam sɛ ɔbɛkwati akasakasa, nanso ogyimifoɔ biara pɛ ntɔkwa.
4 惰者は寒ければとて耕さず この故に収穫のときにおよびて求るとも得るところなし
Onihafoɔ mfuntum nʼasase wɔ ne berɛ mu; enti ɛduru twaberɛ a ɔnnya hwee.
5 人の心にある謀計は深き井の水のごとし 然れど哲人はこれを汲出す
Onipa akoma apɛdeɛ yɛ subunu mu, nanso onipa a ɔwɔ nhunumu no twetwe.
6 凡そ人は各自おのれの善を誇る されど誰か忠信なる者に遇しぞ
Nnipa dodoɔ no ara ka sɛ wɔwɔ ɔdɔ a ɛnsa da, na hwan na ɔbɛtumi ahunu ɔnokwafoɔ?
7 身を正しくして歩履む義人はその後の子孫に福祉あるべし
Ɔteneneeni bu ɔbra kronkron; nhyira ne ne mma a wɔba nʼakyi.
8 審判の位に坐する王はその目をもてすべての惡を散す
Sɛ ɔhene tena nʼahennwa so bu atɛn a, ɔde nʼani huhu bɔne nyinaa so gu.
9 たれか我わが心をきよめ わが罪を潔められたりといひ得るや
Hwan na ɔbɛtumi aka sɛ, “Mapra mʼakoma mu; meyɛ kronn na menni bɔne”?
10 二種の權衡二種の斗量は等しくヱホバに憎まる
Nkariboɔ ne susudua a ɛnyɛ papa no Awurade kyiri ne mmienu.
11 幼子といへどもその動作によりておのれの根性の清きか或は正しきかをあらはす
Mpo wɔnam abɔfra nneyɛɛ so hunu no, sɛ ne suban yɛ kronn ne papa.
12 聽くところの耳と視るところの眼とはともにヱホバの造り給へるものなり
Aso a wɔde te asɛm ne ani a wɔde hunu adeɛ, Awurade na wayɛ ne mmienu.
13 なんぢ睡眠を愛すること勿れ 恐くは貧窮にいたらん 汝の眼をひらけ 然らば糧に飽べし
Mma nna nyɛ wo dɛ, na woanni hia; ɛnna, na wobɛnya aduane ama abu so.
14 買者はいふ惡し惡しと 然れど去りて後はみづから誇る
Ɔtɔfoɔ ka sɛ, “Ɛnyɛ, ɛnyɛ!” nanso sɛ ɔkɔ a, ɔde deɛ watɔ no hoahoa ne ho.
15 金もあり眞珠も多くあれど貴き器は知識のくちびるなり
Sika kɔkɔɔ wɔ hɔ, na nhwenepa nso abu so, na ano a ɛka nimdeɛ nsɛm yɛ ɔbohemaa a ɛho yɛ nna.
16 人の保證をなす者よりは先その衣をとれ 他人の保證をなす者をばかたくとらへよ
Fa obi a ɔdi ɔhɔhoɔ akagyinamu atadeɛ; sɛ ɔregyina ɔbaa huhufoɔ akyi a, fa si awowa.
17 欺きとりし糧は人に甜し されど後にはその口に沙を充されん
Aduane a wɔnya no ɛkwan bɔne so no yɛ onipa anomu dɛ, nanso akyire no ɛdane mmosea wɔ nʼanom.
18 謀計は相議るによりて成る 戰はんとせば先よく議るべし
Pɛ afotuo yɛ wo nhyehyɛeɛ; sɛ wotu ɔsa a, nya ho akwankyerɛ.
19 あるきめぐりて人の是非をいふ者は密事をもらす 口唇をひらきてあるくものと交ること勿れ
Osekuni da kokoamsɛm adi; enti twe wo ho firi onipa a ɔkasa bebree ho.
20 おのれの父母を罵るものはその燈火くらやみの中に消ゆべし
Sɛ obi dome nʼagya anaasɛ ne maame a, wɔbɛdum ne kanea wɔ esum kabii mu.
21 初に俄に得たる產業はその終さいはひならず
Agyapadeɛ a wɔpere ho nya no ahyɛaseɛ no renyɛ nhyira akyire no.
22 われ惡に報いんと言ふこと勿れ ヱホバを待て 彼なんぢを救はん
Nka sɛ, “Mɛtua wo saa bɔne yi so ka!” Twɛn Awurade, na ɔbɛgye wo.
23 二種の法馬はヱホバに憎まる 虚偽の權衡は善らず
Awurade kyiri nkariboɔ a ɛnyɛ papa, na nsisie nsania nso nsɔ nʼani.
24 人の歩履はヱホバによる 人いかで自らその道を明かにせんや
Awurade na ɔkyerɛ onipa anammɔntuo. Na ɛbɛyɛ dɛn na obi bɛte nʼankasa akwan ase?
25 漫に誓願をたつることは其人の罟となる誓願をたててのちに考ふることも亦然り
Obi pɛ ntɛm hyɛ bɔ, ansa na wadwene ho a, ɔsum ne ho afidie.
26 賢き王は箕をもて簸るごとく惡人を散し 車輪をもて碾すごとく之を罰す
Ɔhene nyansafoɔ hunu amumuyɛfoɔ; na ɔde ayuyamfidie hankra fa wɔn so.
27 人の霊魂はヱホバの燈火にして人の心の奧を窺ふ
Awurade kanea hwehwɛ onipa honhom mu, ɛhwehwɛ ne mu baabiara.
28 王は仁慈と眞實をもて自らたもつ その位もまた恩惠のおこなひによりて堅くなる
Ɔdɔ ne nokorɛdie bɔ ɔhene ho ban; nʼadɔeɛ ma nʼahennwa tim.
29 少者の榮はその力 おいたる者の美しきは白髮なり
Mmeranteɛ animuonyam ne wɔn ahoɔden, tidwono nso ne mmasiriwa animuonyam.
30 傷つくまでに打たば惡きところきよまり 打てる鞭は腹の底までもとほる
Ɔhweɛ ne apirakuro hohoro amumuyɛ mmaaka te akoma mu.

< 箴言 知恵の泉 20 >